Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ɛbɔ 2016
Onyankopɔn na Wahyehyɛ Abusua
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi hwehwɛ sɛ wobɛhu deɛ wobɛkyɛ. Sɛn na Abusua: Dawubɔ a Ɛkɔ ma Wiase” no nteaseɛ to wo gyedie wɔ Nyankopɔn mu na ɛhyira wɔn a wohwɛ wɔn so wɔ nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ mu? Sɛ worepɛ ɛmu nsɛm bio a, kɔ reliefsociety.lds.org.
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
Carole M. Stephens, Fotufoɔ a Ɔdi kan wɔ Relief Society Amansan Atitenanfoɔ no mu no kaa sɛ “wɔ [nhyɛaseɛ] dwom ‘Abusua Firi Nyankopɔn,’ mu no, … wɔkae yɛn nkyerɛkyerɛ kronkron bi. Yɛnnsua nko ara sɛ abusua firi Nyankopɔn, mmon yɛsan nso sua sɛ yɛn mu biara ka Onyankopɔn abusua ho. …
“…Agya no nhyehyɛeɛ a Ɔwɔ ma Ne mma no yɛ ɔdɔ nhyehyɛeɛ. Ɛyɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛka Ne mma—N’abusua—ne Ɔno abɔm.”1
Ɛlda L. Tom Perry (1922–2015) a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo ho no aka sɛ: “Yɛsan nso gye di sɛ mmusua kann a ɛdi mu no nyɛ ɔman a atim, sikasɛm ntotoeɛ pa, ne suban pa amammerɛ a atim fapem kuo nko ara—na mmon ɛsan nso yɛ fapem kuo ma daapem ne Onyankopɔn ahennie ne N’amammuo.
“Yɛgye di sɛ ɔsoro nhyehyɛeɛ ne n’amammuo no bɛgyina mmusua ne mmusuasanten so.”2
Bonnie L. Oscarson, Amansan Mmaayewa Titenani no aka sɛ, “Obiara, ɛmfa ho ne n’awareɛ tebea anaasɛ ne mma dodoɔ, bɛtumi ayɛ Awurade nhyehyɛeɛ a wɔakyerɛ mu wɔ abusua dawubɔ mu no banbɔfoɔ. Sɛ ɛyɛ Awurade nhyehyɛeɛ a, ɛwɔ sɛ ɛyɛ yɛn nso nhyehyɛeɛɛ”3
Twerɛsɛm Afoforɔ
Abusua ho Nkyerɛkyerɛ
Onuabaa Julie B. Beck, kane Relief Society Amansan Titenani no, kyerɛɛ sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa abusua ho no gyina Abɔdeɛ, Ahweaseɛ no, ne Yesu Kristo Mpata no so:
“Asase a wɔbɔeɛ no maa bea a mmusua bɛtumi atena. Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa a wɔyɛ abusua no mu afa titire mmienu. Na ɛyɛ Ɔsoro Agya no nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛsɔ Adam ne Hawa ano abɔ mu na wɔabɛyɛ abusua a ɛnni awieɛ.
“… Ahweaseɛ no maa kwan ma wɔnyaa mma mmarima ne mmaa.
“[Kristo] Mpata no ma ho kwan ma wɔsɔ mmusu ano bɔ mu afebɔɔ. Ɛma kwan ma mmusua nya kankorɔ ne mmudie a ɛnni awieɛ. Anigyeɛ nhyehyɛeɛ, a wɔsan frɛ no nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no yɛ nhyehyɛeɛ a wɔyɛ maa mmusua. …
“… Wei yɛ Kristo nkyerɛkyerɛ. … Sɛ mmusua nni mu a, nhyehyɛeɛ biara nni hɔ; ɛnneɛ botaeɛ nni hɔ mma owuo tebea asetena.”4
© 2016 Intellectual Reserve, Inc. Nko ara na mmara ma wɔn kwan. Wɔtintim no wɔ USA English approval: 6/16. Translation approval: 6/16. Nkyerɛaseɛ Visiting Teaching Message, October 2016. Twi. 12870 503
Dwene Wei ho
Deɛn nti na abusua yɛ kuo a ɛho hia pa ara wɔ mmerɛ ne daapem mu?