2016
Ogya ne Osetie ho Adesua
October 2016


Mmabunu

Ogya ne Osetie ho Adesua

Titenani Monson kaa ayɛsɛm berɛ bi, a ɛfa berɛ a ɔhunuu hia a ɛhia sɛ yɛyɛ setie. Berɛ a na ɔwɔ mfeɛ nwɔtwe no, ɔne n’abusua kɔɔ akuraa bi ase wɔ mmepɔ no so. Na ɔno ne n’adamfo bi pɛ sɛ wɔdɔ bea bi na wɔsɔ gya. Wɔyɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa bɛtutu nwura no, nti wɔde wɔn ahoɔden twetwee biara, nanso kakraa bi pɛ na wɔtumi tutuui. Titenani Monson, kyerɛɛ mu sɛ, “Afei adwene bi baa me, akwaadaa a manya mfeɛ nwɔtwe tiri mu a na mesusu sɛ ɛdi mu.” Meka kyerɛɛ Danny sɛ, “Deɛ yɛhia ara ne sɛ yɛbɛhye nwura no. Yɛbɛhye atwa nwura no ho ahyia kɛkɛ!”

Ɛwɔm sɛ na ɔnim sɛ ɔnni ho kwan sɛ ɔde matches di dwuma deɛ, nanso ɔkɔɔ nnuadan no mu kɔfaa bi, na ɔne Danny sɔɔ gya too ɛserɛ no fa ketewa bi mu. Wɔhwɛɛ anim sɛ ɛno ankasa ɛdum, nanso ɛtrɛ bɛyɛɛ ogyatanaa. Ɔne Danny dwane kɔpɛɛ mmoa, na ankyɛre mpanimfoɔ de mmirika ba bɛdumm ogya no ansana ɛduru faako a nnua no wɔ.

Titenani Monson toaa so sɛ, “Mene Danny nyaa adesua a ɛyɛ den nanso na ɛho hia pa ara saa da no—na kɛseɛ pa ara a ɛwɔm ne setie. (Hwɛ “Osetie de Nhyira Ba,” Liahona, Kɔtɔnimma 2013, 89–90.)

Wo nso woanya setie adesuadeɛ wɔ kwan a ɛyɛ den so te sɛ Titenani Monson da? Deɛn botaeɛ na wobɛtumi anya a ɛbɛbɔ wo ho ban wɔ setie kwan so daakye?