2016
Osetie ho Nhyira
October 2016


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ahinimme 2016

Osetie ho Nhyira

Titenani Thomas S. Monson akyerɛkyerɛ sɛ, “Adesuadeɛ kɛseɛ a yɛbɛtumi anya wɔ asetena yi mu ne sɛ, sɛ Onyankopɔn kasa na yɛtie a, dabiara yɛbɛdi bem.”1

Yɛbɛnya nhyira nso. Sɛdeɛ Titenani Monson kaeɛ wɔ nansa yi ara amansan nhyiamu no: “Sɛ yɛdi mmaransɛm no so a, yɛn abrabɔ bɛyɛ anigyeɛ pa ara, ɛhyɛ ma, na ɛmmɛyɛ den pii bio. Yɛn haw ne kwannaada bɛyɛ mmrɛ ama yɛn, na yɛbɛnya [Onyankopɔn] nhyira.”2

Wɔ nsɛm a ɛfiri Titenani Monson nkyerɛkyerɛ mu, berɛ a ɔbɛyɛɛ Asɔre no Titenani no, ɔkaee yɛn sɛ mmaransɛm no ne kwan torodoo a ɛkɔ anigyeɛ ne asomdwoeɛ mu.

Akwantuo no ho Akwankyerɛ

“Wɔamfa Nyankopɔn mmaransɛm amma yɛn sɛ ɛmmɛyɛ yɛn suntidua anaa ɛmmɛyɛ yɛn anigyeɛ ho akwansideɛ.” Deɛ ɛne wei bɔ abira na ɛyɛ nokorɛ. Deɛ ɔbɔɔ yɛn na Ɔdɔ yɛn no nim kwan korɔ a ɛwɔ sɛ yɛfa so bɔ yɛn bra a ɛbɛma yɛnya anigyeɛ a ɛkorɔn pa ara no pefee. Wama yɛn akwankyerɛ a sɛ yɛfa so a, a ɛbɛma yɛafa asetena yi mu kontonkye akwantuo mu ahobanbɔ mu. Yɛkae dwom bi a yɛnim bi mu nsɛm: ‘Di Mmaransɛm no so! Ahobanbɔ wɔ wei yi mu; asomdwoeɛ wɔ wei yi mu’[hwɛ “Di mmaransɛm no so,” Nnwom, a ɛtɔ so. 303].”3

Ahoɔden ne Nimdeɛ

Setie yɛ nkɔmhyɛfoɔ ahyɛnsodeɛ; ama wɔn ahoɔden ne nimdeɛ mmerɛ nyina ara mu. Ɛho hia sɛ yɛn so yɛbɛhunu sɛ yɛn nso yɛwɔ saa ahoɔden ne nimdeɛ farebae yi ho kwan. Ɛwɔ hɔ ma yɛn nyina ara berɛ a yɛredi Onyankopɔn mmaransɛm so. …

Nimdeɛ a yɛrehwehwɛ, mmuaeɛ a yɛrehwehwɛ, ne ahoɔden a yɛrepɛ no nnɛ de asɔ wiase denden a ɛresesa yi bɛtumi ayɛ yɛn dea sɛ yɛde ɔpɛ pa di Awurade mmaransɛm so a.”4

Fa Wo Pɛ Gyedi

“Deɛ Yɛn Berɛsofoɔ Agye Atom ne Ahyɛbɔne. Nwoma ne TV dwumadie da sini mu nnipa, agodie mu akoninini adi sɛ wɔrebu Onyankopɔn mmara animtia na wɔreyɛ nnemmɔne pii, a ɛrekame ayɛ sɛ ɛnni nsunsuanso bɔne biara—wɔn na mmabunu pii pɛ sɛ wɔyɛ te sɛ wɔn—Wonnye nni! Akontabuo berɛ wɔ hɔ—mpo wɔbɛtenetene nneɛma sɛdeɛ ɛsɛ. Owɛmfoɔ biara wɔ ne sum berɛ—sɛ ɛnnyɛ asetena yi mu a, ɛnneɛ deɛ ɛdi akyire no mu. Atemmuo da bɛba ama obiara … Mesrɛ mo sɛ momfa mo pɛ nyɛ setie.”5

Anigyeɛ ne Asomdwoeɛ

“Ɛtɔ da a ɛbɛtumi ayɛ wo sɛ wɔn a wɔwɔ wiase no redi dɛ sen wo. Mo mu bi bɛsusu sɛ suban pa ho mmara a yɛdi so wɔ Asɔre no mu no resi yɛn kwan. Nanso, anuanom ne adɔfoɔ, mepae mu ka kyerɛ mo sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi de anigyeɛ pii aba yɛn abrabɔ mu anaa asomdwoeɛ kɛseɛ abrɛ yɛn akra kyɛn Honhom no a ɛbɛtumi aba yɛn kyɛn berɛ a yɛdi Agyenkwa no akyi na yɛdi ne mmaransɛm so no.”6

Nante Nokorɛ mu

“Medi adanseɛ sɛ nhyira a wɔahyɛ yɛn ho bɔ no nni kabea. Ɛwɔm sɛ mununkum ano bɛboa, nsuo bɛtɔ aboro yɛn deɛ, nanso yɛn nimdeɛ wɔ twerɛsɛm mu ne dɔ a yɛdɔ yɛn Soro Agya ne yɛn Agyenkwa no bɛkyekyere yɛn werɛ na aboa yɛn, abrɛ yɛn akoma mu anigyeɛ berɛ a yɛnante nokware mu na yɛdi mmaransɛm no so. Biribiara nni asaase yi so a ɛbɛtumi adi yɛn so.”7

Di Nkɔmhyεni no akyi

“Hwan ne saa awerɛhoɔ Nipa yi, a ɔyaw ahyɛ no ma yi? Hwan ne animuonyam Hene no, saa asafo Awurade yi? Ɔno ne yɛn Wura. Ɔno ne yɛn Agyenkwa. Ɔno ne Onyankopɔn Ba no. Ɔno ne yɛn Nkwagyeɛ Farebae. Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ, ‘Di m’akyi.’ Ɔkyerɛkyerɛ sɛ, ‘Kɔ, na kɔyɛ saa ara.’ Ɔsrɛ sɛ, ‘Di me mmaransɛm no so.’

“Momma yɛnni N’akyi. Momma yɛnni ne nhwɛsoɔ so. Yɛnni N’asɛm so. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛma no akyɛdeɛ kronkron a ɛyɛ anisɔ.”8

Atwerɛ.1

  1. “Wɔkyerɛɛ kwan a yɛmfa so,” Liahona, Ahinme, 2007, 5.

  2. Di mmaransɛm no so,” Liahona, Obubuo 2015, 83.

  3. “Di mmaransɛm no so,” 83.

  4. ”Osetie de Nhyira Ba,” Liahona, Kɔtɔnimma 2013, 90, 92.

  5. “Gye di, Ye setie, na Gyina mu,” Liahona, Kɔtɔnimma 2012, 129.

  6. “Gyina Kronkron Mmea,” Liahona, Obubuo. 2011, 83

  7. “Hyɛ Wo ho Den” Liahona, Kɔtɔnimma 2009, 92.

  8. “Worenya Anigyeɛ Wɔ Akwantuo no mu,” Liahona, Obubuo 2008, 88.

Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ

Titenani Monson kyerɛkyerɛ yɛn fa nhyira pii a yɛbɛtumi anya ɛfiri setieyɛ mu, a ebi ne ahoɔden, nimdeɛ, anigyeɛ, ne asomdwoeɛ. Susu sɛ wobɛbisa wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ no kwan a wɔanya nhyira ɛnam mmaransɛm no ho setie nti. Wobɛtumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ so adwen wɔn nhyira no ho na wɔatwerɛ wɔn nsusuiɛ ne wɔn suahunu wɔ wɔn journal mu. Wobɛtumi nso ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakyerɛ anisɔ ama Onyankopɔn wɔ wɔn nhyira ho berɛ a wɔretoa so ayɛ setie.