2016
Abusua a Ɛnni Awieɛ Ɔdɔ Anidasoɔ
Difuu-Ɔsandaa 2016


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan Nkransɛm, Ɔsannaa, 2016

Abusua Dɔ a Ɛnni Awieɛ Anidasoɔ

Wɔ akyɛdeɛ a yɛn Soro Agya dɔfoɔ de ama Ne mma nyinaa no, deɛ ɛkorɔn pa ara ne nkwa a ɛnni awieɛ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14:7). Saa akyɛdeɛ yi ne sɛ yɛbɛtena Agya Nyankopɔn ne Ne Dɔ Ba no nkyɛn afebɔɔ sɛ mmusua. Wɔ Onyankopɔn aheman a ɛkorɔn, sɛlɛstia, nko ara mu na abusua-dɔ nkabom bɛtoa aso.

Yɛn nyinaa wɔ anigyeɛ anidasoɔ sɛ yɛbɛtena ɔdɔ mmusua mu. Yɛn mu bi deɛ, ɛyɛ atenka a yɛnnyaae ho suahunu—atenka a yɛnim sɛ ɛbɛtumi aba mu nanso ɛmmaeɛ. Ebia yɛahunu wɔ afoforɔ abrabɔ mu. Yɛn mu bi nso, abusua-dɔ bɛyɛ te sɛ ɛyɛ nokorɛ pa ara na ɛdi mu berɛ a owuo atete yɛne abɔfra, ɔmaame, agya, onuabarima, onuabaa, anaa nana dɔfoɔ a anika wɔ ne ho mu.

Yɛn nyinaa anya anidasoɔ atenka sɛ da bi yɛbɛsan ate ɔdɔ a ɛfiri obusuani a yɛdɔ no pa ara a seesei yɛrepere sɛ yɛbɛbam no bio no.

Yɛn Soro Agya dɔfoɔ nim yɛn akoma. N’atirimpɔ ne sɛ ɔbɛma yɛn anigyeɛ. (hwɛ 2 Nifae 2:25). Ɛno nti Ɔde ne Ba maeɛ sɛ akyɛdeɛ sɛdeɛ ɛbɛma anigyeɛ a ɛfa abusua nkabom a ɛkɔ so afebɔɔ no aba mu. Esiane sɛ Agyenkwa no tetee owuo mpokyerɛ mu nti, yɛbɛnya owusɔreɛ. Ɛnam sɛ Ɔyɛɛ mpata maa yɛn nti, yɛbɛtumi anam yɛn gyedie ne nsakyeraeɛ so afata sɛlɛstia aheman no, faako a mmusua aka abɔ mu wɔ ɔdɔ mu afebɔɔ.

Agyenkwa no somaa Nkɔmhyɛni Elia baa Joseph Smith hɔ de asɔfodie no nsafoa san baae (hwɛ N&A 110). Saa nsafoa no de nsɔano tumi baae, a ɛde Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛkorɔn pa ara rema Ne mma—nkwa a ɛnni awieɛ wɔ mmusua a wɔaka abɔ mu afebɔɔ mu.

Ɛyɛ akwannya a ɛwɔ sɛ Onyankopɔn ba biara a ɔba asase so biara bɛtumi afa. Ne honhom mma mu nkyɛmu mmiɛnsa poo saa akwannya yi wɔ honhom wiase hɔ. Ɛnam gyedie a na wɔnni ne atuateɛ kann nti, wɔpaw sɛ wɔrenhunu anigyeɛ a ɛfiri Ɔsoro Agya akyɛdeɛ a ɛyɛ mmusua a ɛnni awieɛ mu.

Yɛn a yɛdii nkonim wɔ nsɔhwɛ a ɛho hia wɔ kane honhom wiase a ɛno nti yɛfataa sɛ yɛbɛnya honam dua akyɛdeɛ yi no, yɛwɔ ɔpɛ kɛseɛ sɛ yɛsi gyinaeɛ wɔ nkwa a ɛnni awieɛ ho. Sɛ adom dom yɛn ma yɛhunu asɛmpa a aba bio no a, yɛbɛtumi asi gyinaeɛ sɛ yɛne Onyankopɔn bɛyɛ apam na yɛakora ama yɛafata nkwa a ɛnni awieɛ. Sɛ yɛde nokorɛ tɔ kɔ so a, Honhom Kronkron no bɛsi yɛn anidasoɔ ne awerɛhyem so dua sɛ yɛwɔ nkwa a ɛnni awieɛ kwan so, sɛ yɛbɛtena mmusua mu afebɔɔ wɔ sɛlɛstia aheman mu.

Ebinom deɛ, ebia saa anigyeɛ a ɛnni awieɛ no bɛtumi ayɛ ketewa anaa anidasoɔ resa. Ebia awofoɔ, mma, anuanom mmarima, ne anuanom mmaa asi gyinaeɛ bi a ɛmma wɔmfata nkwa a ɛnni awieɛ. Ebia wobɛbisa wo ho mpo sɛ wonam Yesu Kristo Mpata no so afata anaa.

Berɛ bi Onyankopɔn Nkɔmhyɛni bimaa me afotuo bi a ɛmaa me asomdweoɛ. Na ɛha me sɛ gyinaeɛ a afoforɔ resie no bɛma no ayɛ den sɛ yɛn abusua bɛtena ase afebɔɔ. Ɔkaa sɛ, “Woredwen ɔhaw a ɛho nhia ho. Wo deɛ bɔ wo bra na fata sɛlɛstia aheman no, na abusua ho nhyehyɛeɛ bɛyɛ nwanwasoɔ asene deɛ woresusu.”

Mo a mo ara mo suahunu anaa mo awareɛ ne mo mma—anaa ni a monni bie—ɛma monni anidasoɔ no, medi m’adanseɛ kyerɛ mo: Ɔsoro Agya nim mo na Ɔdɔ mo sɛ Ne honhom mma. Berɛ a na wone No ne Ne Dɔ Ba wɔ hɔ ansa na woreba ha yi, Wɔde anidasoɔ sɛ wobɛnya nkwa a ɛnni awieɛ too w’akoma mu. Sɛ Yesu Kristo Mpata no reyɛ adwuma na Honhom Kronkron no rema wo akwankyerɛ a, wobɛnya abusua dɔ atenka a w’Agya ne Ne Dɔ Ba pɛ sɛ wonya pa ara, seesei, na wobɛnya saa atenka no wɔ wiase a ɛreba no mu.

Medi adanseɛ sɛ berɛ a worebɔ bra afata sɛlɛstia aheman no, nkɔmhyɛ bɔhyɛ a ɛka sɛ saa “mmusua nhyehyɛeɛ a ɛbɛyɛ nwanwasoɔ asene sɛdeɛ wosusu” no bɛyɛ wo deɛ.

Nkransɛm no mu nkyerɛkyerɛ

Susu sɛ wobɛhyɛ aseɛ aka kyerɛ wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ berɛ bi a w’ani sɔɔ mmusua a ɛnni awieɛ ho anidasoɔ. To nsa frɛ wɔn ma wɔndwen mmerɛ a wɔnyaa nnaseɛ atenka maa mmusua a ɛnni awieɛ. Bisa wɔn sɛ wɔbɛ pɛ sɛ wɔbɛka akyerɛ anaa. Afei wobɛtumi ato nsa afrɛ wɔn na wɔatu mpɔn na wɔabɔ bra a ɛfata sɛlɛstia aheman no pa ara ama saa “mmusua nhyehyɛeɛ a ɛbɛyɛ nwanwasoɔ asene sɛdeɛ wosusu” no abɛyɛ wɔn deɛ.