2016
Worekyɛ Anigyeɛ a Ɛnni Awieɛ
Difuu-Ɔsandaa 2016


Mmabunu

Worekyɛ Anigyeɛ a Ɛnni Awieɛ

Adeɛ baako a ɛdi mu pa ara wɔ asɛmpa no ho ne nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no ho nimdeɛ. Yɛwɔ akwannya nwanwasoɔ a ɛbɛma yɛne yɛn abusua atena afebɔɔ. Saa nimdeɛ no boa yɛn ma yɛnya anidasoɔ berɛ biara a yɛnya atenka sɛ wiase redi yɛn ani. Titenani Eyring kyerɛkyerɛ sɛ, “Yɛn Soro Agya dɔfoɔ no nim yɛn akoma. N’atirimpɔ ne sɛ ɔbɛma yɛn anigyeɛ. (hwɛ 2 Nifae 2:25). Ɛno nti Ɔde ne Ba maeɛ sɛ akyɛdeɛ sɛdeɛ ɛbɛma anigyeɛ a ɛfa abusua nkabom a ɛkɔ so afebɔɔ no aba mu. … Ɛyɛ akwannya a Onyankopɔn ba biara a ɔba wiase bɛtumi anya.”

Saa nhyira no yɛ adwuma ma yɛn a yɛrebɔ bra pa seesei ne wɔn a wɔafiri asase so—nanso ɛnam yɛn mmoa nko ara so. Yɛn agyanom wɔ honhom wiase seesei, a wɔretwɛn sɛ yɛbɛsiesie wɔn din ayɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ wɔ wɔn din mu. Nanso ɛtɔ da a ɛtumi yɛ den sɛ yɛbɛdi dwuma ama wɔn. Ebia na yɛnni adaagyeɛ, anaa yɛnte mmɛn tɛmpol no a yɛbɛtaa akɔ hɔ.

Anigyesɛm ne sɛ, afoforɔ wɔ hɔ a wɔbɛtumi aboa yɛn agyanom, berɛ a wɔreyɛ abusua abakɔsɛm, wɔrehyehyɛ din, wɔrehwɛ mmɔfra ama awofoɔ berɛ a wɔkɔ tɛmpol. Berɛ a yɛreboa no, na yɛresom Awurade na ɛde mmusua a ɛnni awieɛ anidasoɔ ba ma wɔn a wɔwɔ nkataanim afa hɔ no.