Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nkransɛm, Ɔsannaa, 2016
Yɛrehwɛ Mmusua Abɔ mu
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi na pere hwehwɛ deɛ wobɛka ho asɛm. Sɛn na te a wote “Abusua: Dawubɔ a ɛkɔ ma Wiase” ase no ma wo gyedie wɔ Onyankopɔn mu nyini na ɛhyira wɔn a wonam nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ so hwɛ wɔn so no? Sɛ worepɛ ɛmu nsɛm bio a, kɔ reliefsociety.lds.org.
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
“Okunu ne ɔyere wɔ asɛdeɛ kronkron sɛ wɔbɛdɔ na wɔahwɛ wɔn ho wɔn ho ne wɔn mma.”1 “Ɛwɔ sɛ efie yɛ ɔdɔ ne ɔsom akoraeɛ,” Titenani Russell M. Nelson, Asomafoɔ Dumienu kuo Titenani na ɔkaeɛ.
“Yɛn Soro Agya pɛ sɛ akunonom ne ɛyerenom di nokorɛ ma wɔn ho wɔn ho na wɔde obuo ma wɔn mma na wɔhunu wɔn sɛ apɛgyadeɛ a ɛfiri Awurade.”2
Wɔ Mormon Nwoma no mu no, Yakob kaa sɛ ɔdɔ a na akunonom wɔ ma wɔn yerenom, ɔdɔ a ɛyerenom no wɔ ma wɔn kununom, ne ɔdɔ a wɔn mmienu wɔ ma wɔn mma no ka ho bi nti na, berɛ bi, na Lamanfoɔ no bɛyɛɛ ateneneefoɔ kyɛn Nifaefoɔ no (hwɛ Yakob 3:7).
Ɔkwan pa baako a yɛto nsa frɛ ɔdɔ ne anokorɔ ba yɛn afie mu ne sɛ yɛbɛkasa ɔdwoɔ so akyerɛ yɛn abusuafoɔ. Kasa a yɛka ɔdwoɔ so de Honhom Kronkron no ba. Onuabaa Linda K. Burton, Relief Society amansan titenani, kaa sɛ yɛnsusu wei ho: “Mmerɛ dodoɔ sɛn na yɛhyɛ da ‘ka abodwosɛm kyerɛ yɛn ho yɛn ho’?”3
Twerɛsɛm Afoforɔ
Romanfoɔ 12:10; Mosaya 4:15; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 25:5
Ayɛsɛm a ɛte ase
Ɛlda D. Todd Christofferson a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo no ho no kyɛɛ ne mmɔfra berɛ mu suahunu bi a ɛmaa no hunuu abusua a ɔdɔ wɔ mu so mfasoɔ. Berɛ a ɔne ne nuanom mmarima yɛ mmɔfra no, wɔn maame yɛɛ kokoram a ɛyɛ hu bi ho oprehyɛn a ɛmaa no yɛɛ den pa ara sɛ ɔde ne basa nifa bɛyɛ adwuma. Ɛnam sɛ mmarimaa na na wɔwɔ abusua no mu nti, na ne maame to nneɛma pa ara, nanso sɛ ɔreto nneɛma a, ɛyɛ a na ne maame kɔ pia mu kɔsu kɔsi sɛ yaw no bɛba fam.
Berɛ a Ɛlda Christofferson papa hunuu deɛ na ɛrekɔ so no, ɔkwatii awia aduane, a wamma obiara ahunu, bɛyɛ afe baako na ɔsiee sika de tɔɔ afidie a ɛma nneɛma toɔ yɛ mmerɛ. Ɛnam a ɔdɔ a ɔwɔ ma ne yere nti, ɔyɛɛ nteteɛ nhwɛso pa wɔ mmusua mu maa ne mma mmarima no. Ɛlda Christofferson kaa sei faa saa ɔdwoɔ nkitahodie yi ho, “Saa berɛ no na menhunu me papa afɔreɛ ne ne dɔ a ɔwɔ ma me maame, nanso seesei a menim yi, meka kyerɛ me ho sɛ, ‘Ɔbarima nie.’”4
© Afe 2016 mu Intellectual Reserve, Inc. Ntintim ho akwannya. Wɔtintim no wɔ USA English approval: 6/ɛ5. Translation approval: 6/ɛ5. Kasafofrɔ twerɛ a ɛfa Visiting Teaching Message, August 2016. Twi. 12868 503
Dwene Wei
Kwan bɛn so na sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a ɛbɛma Honhom no aba yɛn afie mu?