2016
Nkɔmhyɛ ne Ankorɛankorɛ Adiyisɛm
April 2016


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Oforisuo 2016

Nkɔmhyɛ ne Ankorɛankorɛ Adiyisɛm

Wɔde Yesu Kristo nokorɛ Asɔre no aba bio na ɛwɔ asase so bio. Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no wɔ nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ ateasefoɔ a wɔdi anim daa, na wɔwɔ daa akwankyerɛ a ɛfiri soro.

Na saa ɔsoro nhyehyɛeɛ yi wɔ hɔ tete mmerɛ mu. Yɛhunu wɔ Twerɛ Kronkron no mu sɛ: ”Na Awurade Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa” (Amos 3:7).

Onyankopɔn akasa bio wɔ yɛn mmerɛ yi mu, nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so. Ɔdaa Yesu Kristo asɛmpa no adi wɔ ne mmahyɛ mu nam Nkɔmhyɛni Joseph so. Ɔde N’asɔfodie kronkron ne nsafoa ne ɛho kwan, tumi, ne asɔfodie kronkron no ho dwumadie nyinaa san baa bio.

Wɔ yɛn mmerɛ yi mu no, nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ ateasefoɔ wɔ tumi sɛ wɔkasa, kyerɛkyerɛ, na wɔnam Agya Nyankopɔn ne Yesu Kristo tumi so ma akwankyerɛ. Agyenkwa no ka kyerɛɛ Nkɔmhyɛni no sɛ “Deɛ Me Awurade maka no maka, na menni anoyie biara; na ɛwom sɛ ɔsorosoro ne asase bɛtwam akɔ, na m’asɛm deɛ ɛrentwa mu nkɔ, na ne nyina ara bɛba mu, sɛ ɛyɛ m’ankasa me nne anaa ɛyɛ me nkoa nne, ɛyɛ adekorɔ” (D&C 1:38)

Wɔ amansan nhyiamu ase mprenu afe biara no, yɛnya nhyira akwannya sɛ yɛbɛtie Awurade asɛm a ɔwɔ ma yɛn firi ne nkoa hɔ. Wei yɛ akwannya a wɔntumi ntɔ. Nanso saa akwannya yi boɔ a ɛsom no gyina sɛ yɛbɛnam saa Honhom korɔ no ara nkannyan a wɔnam so de maa saa nkoa no so agye anaa sɛ yɛnnye (hwɛ N&A 50:19–22). Sɛdeɛ wɔnyaa akwankyerɛ firii soro no, ɛwɔ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara. Na ɛbɛhia sɛ yɛbɛbɔ mmɔden honhom mu te sɛ wɔn.

“Yɛ w’asɛdeɛ”

Mfeɛ kakra a abɛsen kɔ no Asomafoɔ Dumienu Kuo no mu nipa baako srɛɛ me sɛ menkan amansan nhyiamu kasa a ɔretwerɛ akɔ kan wɔ amansan nhyiamu. Na meyɛ saa kuo no ba ketewa. Nɛ ɛyɛ me ahohoahoa sɛ wanya gyedie wɔ me mu sɛ mɛtumi aboa ahwehwɛ nsɛm a Awurade pɛ sɛ ɔka. Ɔde sereɛ ka kyerɛɛ me sɛ, O, wei ne mpɛn a ɛtɔ so 22 a meretwerɛ no bio.”

Mekaae afotuo a Titenani dɔfoɔ Harold B. Lee (1899–1973) de maae a ɔsii so dua sɛ: “Hal, sɛ wopɛ sɛ wonya adiyisɛm a, yɛ w’asɛdeɛ.”

Mekann deɛ ɛtɔ so 22 no, dwenee ho, bɔɔ ho mpaeɛ. Menam Honhom Kronkron no so suaa adeɛ a mɛtumi biara. Berɛ a saa kuo ba no maa ne kasa no, na mayɛ m’asɛdeɛ. Mentumi nkyerɛ sɛ meboaae deɛ, nanso menim sɛ metiee kasa no ɛsesaa me. Menyaa nkransɛm a ɛboro nsɛm a mekann ne deɛ ɔkaae no so. Na nsɛm no wɔ nteaseɛ a ɛmu yɛ duru sene deɛ mekann wɔ nwoma no mu. Na ɛrekame ayɛ sɛ nkrasɛm no kɔ ma me, a ɛne m’ahiasɛm hyia.

Onyankopɔn nkoa bɔ mpaeɛ kyene kɔm sɛdeɛ wɔbɛnya nsɛm a Ɔwɔ ma wɔn a wɔde bɛma wɔn a wɔhia adiyisɛm ne nkannyan. Deɛ mesua firii saa osuahunu yi mu, ne bebree a ɛte saa, ne sɛ, sɛ yɛbɛnya mfasoɔ akɛseɛ pii a ɛfiri tie a yɛtie nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ no hɔ a, ɛwɔ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ deɛ ɛbɛma yɛanya adiyisɛm.

Awurade dɔ obiara a ɔbɛte Ne nsɛm, na Ɔnim obiara akoma ne ne tebea. Ɔnim atenetene, nkuranhyɛ, ne asɛmpa nokorɛ a ɛbɛboa obiara yie ama wapa n’anamɔn wɔ kwan a ɛkɔ nkwa a ɛnni awieɛ no so.

Ɛtɔ da a yɛn a yɛtie na yɛhwɛ amansan nhyiamu nsɛm no, akyire no yɛdwen sɛ, “Deɛn na mekae?” Anidasoɔ a Awurade ma yɛn nyinaa ne sɛ yɛbɛyi ano sɛ: “Me werɛ remfiri mmerɛ a metee Honhom no nne wɔ m’adwene ne m’akoma mu na ɛrekyerɛ deɛ mɛyɛ a mɛsɔ Me Soro Agya ne Agynekwa no ani.”

Yɛbɛtumi anya yɛn ara yɛn adiyisɛm berɛ a yɛtie nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ no, ne berɛ a yɛnam gyedie so yɛ adwuma de gye, sɛdeɛ Titenani Lee kaa sɛ yɛbɛtumi no. Menim sɛ ɛyɛ nokorɛ ɛnam me suahunu ne Honhom no adanseɛ nti.

Nkyerɛkyerɛ a ɛfiri nkransɛm yi mu.

Susu sɛ wobɛpae mu akan Titenani Eyring asɛm a ɛfa kan a ɔkann ne kuo ba somafoɔ amansan nhyiamu kasa no. Wobɛtumi abisa sɛ, “Deɛn na ɛbɛma yɛanya adiyisɛm?” Nkɔmmɔ no akyi no, wobɛtumi ato nsa afrɛ wɔn a woresra wɔn no ma wɔadwene ho na a wɔayɛ nhyehyɛeɛ a wɔde bɛgye nhyiamu a ɛreba no nkransɛm “wɔ saa Honhom no ara a wɔnam so de maa [Nyankopɔn] nkoa no nkannyan no mu.”