2016
Ɔsoro Agya ne Me Kasaae wɔ Nhyiamu Kasa mu
April 2016


Mmabunu

Ɔsoro Agya ne Me Kasaae wɔ Nhyiamu Kasa mu

Ɔtwerɛfoɔ no te Fortaleza, Brasil.

Na m’adwene nsi pi wɔ deɛ ɛwɔ sɛ mesua wɔ suapɔn mu. Nnipa bebree kaa nsɛm bɔne faa ade a na merekɔsua no ho, ɛno nti mebɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade de hwɛɛ sɛ Ɔne me yɛ adwene a.

Me mmuaeɛ no baeɛ da a ɛdi soɔ no berɛ a na merekan amansan nhyiamu kasa bi wɔ Liahona mu. Menyaa atenka sɛ deɛ Ɔsoro Agya reka akyerɛ me ne sɛ ɔrentumi nsi gyinaeɛ mma me—wei yɛ gyinaeɛ a ɛwɔ sɛ me ara mesi. Na menim sɛ ɛmmfa ho ne deɛ mɛyɛ, ɛbɛhia sɛ mɛbɔ mmɔden adi nkonim.

Menim sɛ menyaa me mpaebɔ ho mmuaeɛ. Honhom Kronkron no mmueɛ no boa ma mesii gyinaeɛ. Masuaa sɛ ɛwɔ sɛ mebɔ me ho mmɔden pa ara na menim sɛ Ɔsoro Agya bɛyɛ me mmoa.