2016
Yɛn Ɔnni Awieɛ Agya Mma Mmaa
April 2016


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nkransɛm, Oforisuo 2016

Yɛn Ɔnni Awieɛ Agya Mma Mmaa

Fa mpaebɔ sua saa adeɛ yi na hwehwɛ hunu deɛ wobɛkyɛ. Sɛn na nteaseɛ a ɛwɔ “Abusua: Dawubɔ a ɛkɔ ma wiase” mu pagya wo gyedie wɔ Onyankopɔn mu na ɛhyira wɔn a wonam nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ so bɔ wɔn ho ban? Sɛ worepɛ ɛmu nsɛm bio a, kɔ reliefsociety.lds.org.

Relief Society nsɔano

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ

Twerɛnsɛm no kyerɛ yɛn sɛ “yɛyɛ Onyankoɔn mma (Asomafoɔ 17:29). Onyankopɔn frɛɛ Emma Smith, Nkɔmhyɛni Joseph Smith yere, sɛ “me ba baa” (N&A 25:1). Abusua dawubɔ no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛn mu biara yɛ “soro awofoɔ … ba baa.”

“Carole M. Stephens, fotufoɔ a ɔdi kan wɔn Relief Society amansan atitenafoɔ no mu no kaa sɛ, “[kane] astena mu no, yɛsuaa adeɛ faa yɛn mmaa su a ɛnni awieɛ ho,”

“Yɛn asase so akwantuo no ansesa saa nokorɛ yi.”

“Ɛlda Jeffrey R. Holland a ɔka Asomafoɔ Dumienu kuo no ho kaa sɛ “W’Agya a Ɔwɔ Soro nonim wo din ne wo tebea.” “Ɔte wo mpaebɔ, “Ɔnim w’anidasoɔ ne w’adaesoɔ, ne wo suro ne w’abamubuo.”

Onuabaa Stephens kaa sɛ “Yɛn mu biara ka Onyankopɔn abusua ho na wɔhia yɛn wɔ mu.” “Ɛsono sɛdeɛ asase so abusua biara teɛ. Na ɛwɔm sɛ yɛbɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara sɛ yɛbɛkyekyere mmusua amammrɛ kwan so deɛ, nanso ka a yɛka Onyankopɔn abusua ho no nnyina diberɛ biara so—sɛ woaware, woyɛ ɔwofoɔ, wowɔ sika, anaa diberɛ a yɛde gu internet ahyiaeɛ so.”

Twerɛsɛm Afoforɔ

Yeremia 1:5; Romanfoɔ 8:16; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:23–24

Wɔ yɛn abakɔsɛm mu

Wɔ n’amaneɛ a ɛfa Anisoadehunu a Ɛdi Kan no mu no, nkɔmhyɛni Jospeh Smith sii nokorɛ bebree so dua—a ebi ne sɛ yɛn Soro Agya nim yɛn din.

Na abarimaa Joseph repere sɛ ɔbɛhunu asɔre a ɔnkɔdɔm na ɔnyaa akwankyerɛ wɔ Yakobo 1:5 mu. Joseph yɛɛ sɛ ɔbɛbisa Nyankopɔn.

Da koro anɔpa wɔ ahuhuro berɛ mu, 1820 mu no, ɔkɔɔ kwaeɛmu kɔbɔɔ mpaeɛ, nanso mpofirim tumi bɔne bi sɔɔ ne mu. Ɔtwerɛ faa wei ho sɛ:

“Mehunuu hann fadum bisɛ ɛwɔ me tiri so pɛpɛɛpɛ, a ɛboro owia hyerɛn so, na ɛsianee fam nkakrankakra kɔsii sɛ ɛtɔɔ me so.”

“Ɛpueɛ no, ankyɛre na mehunuu sɛ mafiri ɔtamfo a na wakyekyere me no nsam. … Berɛ a hann no tɔɔ me so no mehunuu Nnipasu mmienu a wɔn hyerɛn newɔn animuonyam boro nkyerɛmu biara so, sɛ wɔsensɛn wiem wɔ m’atifi. Wɔn mu baako ne me kasaae, na ɔde me din frɛɛ me, de ne nsa kyerɛɛ ɔfoforɔ no sokaa sɛ—Wei Ne Me Dɔba Tie No!” (Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:16–17)

Atwerɛ.

  1. “Abusua: Wiase Farebae,” Laehona, Obubuo. 2010, 129.

  2. Carole M. Stephens, “Abusua Firi Onyankopɔn,” Liahona, Kɔtɔnimaa 2015, 11.

  3. Jeffrey R. Holland, “Ɛkɔ ma Mabaawa,” Liahona, Obubuo. 2005, 28.

  4. Carole M. Stephens, “Abusua Firi Nyankopɔn,” 11.

  5. Hwɛ Asɛmpa no Tiasɛm, “Anisoadehunu a Ɛdi Kan,” topics.lds.org.

Dwene Wei ho

Kwan bɛn so na nim a wonim sɛ woyɛ Onyankopɔn ba baa nya wo gyinaeɛsie so nkɛntɛnsoɔ?