2016
Onyankopɔn na Wahyehyɛ Awareɛ
Kwakwar-Ɔgyefuo 2016


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nkransɛm, Ogyefuo 2016

Onyankopɔn na Wahyehyɛ Awareɛ

Fa mpaebɔ sua saa adeɛ yi na hwehwɛ hunu deɛ wobɛkyɛ. Sɛn na nteaseɛ a ɛwɔ “Abusua: Dawubɔ a Ɛkɔ ma Wiase” mu pagya wo gyedie wɔ Onyankopɔn mu na ɛhyira wɔn a wonam nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ so bɔ wɔn ho ban? Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔreliefsociety.lds.org.

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ

Nkɔmhyɛfoɔ, asomafoɔ, ne akandifoɔ kɔso de “anibere pae mu ka sɛ Onyankopɔn na Wahyehyɛ ɔbarima ne ɔbaa ntam awareɛ na abusua ho hia wɔ ɔbɔadeɛ nhyehyɛeɛ mu.”1

Ɛlda D. Todd Christofferson a ɔka Dummienu Kuo no ho kaa sɛ: “Abusua a wɔahyehyɛ no ɔbarima ne ɔbaa ntam awareɛ so ma ɔkwan pa a ɛma Onyankopɔn nhyehyɛeɛ kɔ so. …

“… ɛnyɛ yɛn anaa ɔkra teasefoɔ bi na ɔbɛtumi asesa saa ɔsoro awareɛ nhyehyɛeɛ yi.”2

Bonnie L. Oscarson, a ɔyɛ Mmaayewaa amansan titenani, kaa sɛ: “Obiara, ɛmfa ho ne wɔn awareɛ tebea anaasɛ mma dodoɔ, bɛtumi ayɛ Awurade nhyehyɛeɛ a wɔakyerɛ mu wɔ abusua nkaebɔ mu no banbɔfoɔ. Sɛ ɛyɛ Awurade nhyehyɛeɛ a, ɛwɔ sɛ ɛyɛ yɛn nso nhyehyɛeɛɛ”3

Ɛlda Christofferson toaa so sɛ: “Wɔde awareɛ mu nhyira kame mo mu binom esiane nneɛma ahodoɔ a ɛbi ne anidasoɔ a yɛnnie sɛ ɛbɛyɛ yie, ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa ntam akɔnnɔ, honam anaasɛ adwene mu sintɔ, anaasɛ ne tiawa mu nkoguo ho suro. … Anaasɛ ebia woaware, nanso awareɛ no agu. … Mo mu binom a moaware ntumi nwo mma. …

“Sɛ saa mpo a, … obiara bɛtumi aboa ama ɔsoro nhyehyɛeɛ no aba mu wɔ awoɔ-ntoatoasoɔ biara mu.4

Twerɛsɛm Nkekaho

Genesis 2:18–24; 1 Korintofoɔ 11:11; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 49:15–17

Ayɛsɛm a ɛte ase

Onuabarima Larry M. Gibson, a wayɛ fotufoɔ a ɔdi kan pɛn wɔ Mmerantewaa amansan atitenakuo mu, kaee berɛ a Shirley, a seesei ɔyɛ ne yere, kaa sɛ:

“‘Medɔ wo ɛfiri sɛ menim sɛ wodɔ Awurade kyɛn sɛ wodɔ me.’ …

“ Saa mmuaeɛ no kaa m’akoma. …

“… [Na] mepɛɛ sɛ berɛ biaraa ɔbɛnya atenka sɛ medɔɔ Awurade kyɛn biribiara.”5

Ɛlda David A. Bednar a ɔka Dummienu Kuo no ho kyerɛɛkyerɛɛ sɛ: “Awurade Yesu Kristo na ɛhia pa ara wɔ apam awareɛ ho nkitahodie mu. … [Fa no sɛ] wɔde Agyenkwa no asi ɛpono bi [a] ɛwɔ afa mmiɛnsa apampam, a ɔbaa wɔ ne ntweaa baako so wɔ fam na ɔbarima wɔ ne ntweaa foforɔ so wɔ fam. Afei fa no susu deɛ ɛbɛsi wɔ ɔbarima no ne ɔbaa no nkitahodie mu berɛ a wɔn mu biara de nkakrankakra ‘ba Kristo hɔ’ na ɔbɔ mmɔden sɛ ‘ɔbɛwie pɛ yɛ wɔ Ne mu’ (Moronae 10:32 Esiane ɔgyefuo no nti, ɔbarima no ne ɔbaa no bɛkaabom.”6

Atwerɛ

  1. “Abusua: Dawubɔ a Ɛkɔ ma Wiase”, Laehona, Obubuo. 2010, 129.

  2. D. Todd Christofferson, “Why Marriage, Why Family,” Laehona, Kɔtɔnimaa 2015, 52.

  3. Bonnie L. Oscarson, “Defenders of the Family Proclamation,” Laehona, Kɔtɔnimaa 2015, 15

  4. D. Todd Christofferson, “Why Marriage, Why Family,” 52.

  5. Larry M. Gibson, “Fulfilling Our Eternal Destiny,” Ensign, ɔgyefuo 2015, 21–22.

  6. David A. Bednar, “Marriage Is Essential to His Eternal Plan,” Laehona, Ayɛwohomummɔ 2006, 54.

Dwene Wei ho

Sɛn na me nkoaa mede nkakrankakra rebɔ mmɔden sɛ “mɛba Kristo nkyɛn”?