2016
Woresi Bɔkɔɔ wɔ Mframa-gyampanturudu mu
Kwakwar-Ɔgyefuo 2016


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan Nkransɛm, Ogyefuo 2016

Woresi Bɔkɔɔ wɔ Mframa-gyampanturudu mu

Titenani Dieter F. Uchtdorf

Ɛnkyɛree pii na me ne me yere, Harriet wɔ wiemuhyɛn gyinabea bi rehwɛ wiemuhyɛn kamakama binom a na ɛresisi. Na ɛyɛ da bi a mframa refa, na mframa dennen bi bɔ hyiaa wiemuhyɛn no, a ɛmaa ɛmu biara sesaa ne kwan mpofirem na ɛwosoo gidigidi berɛ a ɛreba no.

Berɛ a na yɛrehwɛ sedeɛ abɔdeɛ ne mfidie reperesoɔ no, mekaee me ara me wiemuhyɛnka nteteɛ ne ho nhyehyɛeɛ a mesuaeɛ—na akyire yi mede kyerɛɛ awiemuhyɛnkafoɔ afoforɔ wɔ nteteɛ ase.

“Mpere wo ho nhyɛ wiemuhyɛn no ma no nyɛ deɛ wo wopɛ wɔ mframa-gyampanturudu mu,” na meka kyerɛ wɔn. “Hyɛ wo ho so; mpere wo ho.” Ma wo ani nwɔ ɔkwan a ɛda mfinimfini wɔ gyinabea hɔ no so. Sɛ wofom firi kwan a wopɛ sɛ wofa so no so a, fa ahwɛyie yɛ nsiesie ntɛm so. Nya gyedie sɛ wo wiemuhyɛn no bɛtumi. Kɔ so nenam wiem kɔsi sɛ mframa-gyampanturudu no ano bɛdwo.

Awiemuhyɛnkafoɔ a wɔwɔ suahunu te aseɛ sɛ ɛnyɛ berɛ biara na wɔbɛtumi adi nneɛma a ɛsisi wɔ wɔn ho no so. Wɔntumi nto mframa-gyampanturudu no mu. Wɔntumi mma osutɔ anaasɛ asukɔkyea no nyera. Wɔntumi mma mframa no nnyae bɔ anaasɛ nsesa ne kwan.

Nanso wɔte aseɛ sɛ ɛyɛ mfomsoɔ sɛ wobɛsuro mframa-gyampanturudu anaa mframa a ano yɛ den—na nkanka ɛnam ɛno nti wontumi nyɛ hwee. Ɛkwan a wobɛtumi afa so asi bɔkɔɔ berɛ a tebea no nyɛ papa ne sɛ wobɛfa wiemhyɛn kwan no so tee sɛdeɛ wobɛtumi.

Berɛ a na merehwɛ wiemhyɛn a ɛresisi mmaako mmaako na mekaee nhyehyɛeɛ a mesuaeɛ wɔ mfeɛ dodoɔ a mede kaa wiemhyɛn no, medwenee adesua a yɛbɛtumi anya afiri wei mu wɔ yɛn daa daa asetena mu.

Ɛnyɛ berɛ biara na yɛbɛtumi adi ɔhaw a yɛkɔ mu wɔ abrabɔ mu so. Ɛtɔ da bi a nneɛma nkɔ sɛdeɛ yɛpɛ. Abamubuo, annye-annie, ɛhu, awerɛhoɔ, anaa ahoteetee bɛtumi aha yɛn.

Ɛduru saa mmerɛ no a, ɛyɛ mmerɛ sɛ biribiara a ɛnkɔ yie no bɛtumi ahyɛ yɛn so na ama yɛn adwene nyinaa akɔ yɛn haw no so. Nsɔhwɛ a ɛwɔ mu ne sɛ yɛde yɛn adwene bɛkɔ ɔhaw a yɛrefa mu no so berɛ a ɛwɔ sɛ yɛma ɔkɔ Agyenkwa no ne yɛn nokware ho adansedie so.

Nanso ɛnyɛ ɛno ne kwan pa a yɛfa so yi yɛn abrabɔ mu haw akwa.

SƐdeɛ wiemuhyɛnkafoɔ a ɔwɔ suahunu mfa n’adwene nkɔ osuframa no so na mmom ɔde kɔ wiemuhyɛn kwan no mfinimfini ne baabi a ɛsɛ sɛ wiemuhyɛn no gyina no, saa nso na ɛwɔ sɛ yɛma yɛn adwene kɔ yɛn gyedie—yɛn Agyenkwa, N’asɛmpa, ne yɛn Soro Agya nhyehyɛeɛ—ɛne yɛn botae kɛseɛ—sɛ yɛbɛsan akɔduru yɛn soro akwantuo awieɛ bɔkɔɔ. Ɛwɔ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so na yɛbɔ mmɔden yɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ okyidifoɔ yɛ. Ɛwɔ sɛ yɛde yɛn ani, akoma, ne adwene kɔ abrabɔ a yɛnim sɛ ɛno ne kwan pa so.

Sɛ yɛkyerɛ yɛn gyedie ne ahotosoɔ wɔ ɔsoro Agya mu berɛ a yɛde anigyeɛ kora Ne mmaransɛm a, ɛbɛbrɛ yɛn anigyeɛ ne animuonyam. Na sɛ yɛnante kwan no so a, yɛbɛfa mframa-gyampanturudu biara mu—ɛmfa ho ne ahoɔden a ɛde bɛba—na yɛasan akɔ yɛn soro fie bɔkɔɔ.

Sɛ mframa a atwa yɛn ho ahyia mu da hɔ anaasɛ osuframa a ano yɛ den ahyɛ mu ma, sɛ yɛyɛ Yesu Kristo Akyidifoɔ yi, yɛhwehwɛ Onyankopɔn ahennie ne Ne tenenee kane, yɛnim sɛ yɛyɛ saa a, wɔde biribiara a yɛhia bɛka yɛn ho (hwɛ Mateo 6:33).

Abrabɔ mu adesua a ɛhia bɛn na ɛte sei!

Mpɛn dodoɔ a yɛde yɛn adwene kɔ yɛn amanehunu, yɛn aperepere, yɛn annye-annie, ne yɛn hu so no, mpɛn dodoɔ no ara na nneɛma bɛtumi ayɛ den. Nanso mpɛn dodoɔ a yɛde yɛn adwene kɔ yɛn soro akwantuo a ɛtwa toɔ so ɛne anigyeɛ a yɛnya berɛ a yɛyɛ deɛ okyidifoɔ yɛ—yɛredɔ Onyankopɔn, yɛresom yɛn yɔnko—no mpɛn dodoɔ no ara na yɛbɛtumi afa ahohia mmerɛ ne mframa-gyampanturudu mu dwoodwoo.

Anuanom, ɛmfa ho ne sɛdeɛ yɛn abrabɔ bɛtumi ayɛ den afa, Yesu Kristo asɛmpa no bɛma ɔkwan pa a yɛbɛtumi de aduru yɛn botaeɛ ho wɔ yɛn Soro Agya aheman mu.

Nkyerɛkyerɛ a ɛfiri Saa Nkransɛm yi mu.

Titenani Uchtdorf tu yɛn fo sɛ “yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn so na yɛmmɔ mmɔden nyɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ okyidifoɔ yɛ.” Dwene ho na bisa wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no sɛdeɛ wɔama wɔn adwene akɔ “yɛn soro akwantuo a ɛtwa toɔ so ɛne anigyeɛ a yɛnya berɛ a yɛyɛ deɛ okyidifoɔ yɛ” wɔ mmerɛ ahodoɔ a wɔahyia ɔhaw. Wobɛtumi ama wɔn adwene akwan ahodoɔ a wɔbɛtumi ama wɔn adwene akɔ wɔn adansedie ne Kristo so wɔ ahohia mmerɛ mu, na wɔnam mpaebɔ so asi wɔn adwene pi wɔ sɛdeɛ saa nimdeɛ no baako anaa dodoɔ bɛdi dwuma wɔ wɔn abrabɔ mu.