2016
M’adansedie ho Fapem bi
Kwakwar-Ɔgyefuo 2016


Mmabunu

M’adansedie ho Fapem bi

ɔtwerɛfoɔ no te Idaho, USA

Medii mfeɛ dunsia no, m’adamfo bi ne asɛmpatrɛfoɔ no baa yɛn fie. Wɔ bosome baako ntam wɔ adesua a ɛdi kan no mu no, menyaa m’asɛmmisa nyinaa ho mmuaeɛ fann. Menyaa atenka wɔ Honhom Kronkron no nokware dansedie a ɛwɔ nkransɛm a ɛfa Mmaeɛbio no ho a ɛnyɛ atenka bi a manya pɛn, na na menim sɛ ne nyinaa yɛ nokware.

Nanso, mefaa ɔpoɔ ne nkotia dodɔ mu kyɛn kane. Metee nka sɛ mayɛ ankonam, mabrɛ, na mayɛ basaa. Sɛ na mereyɛ deɛ ɛyɛ a, adɛn nti na na merehyia ɔhaw pii saa? Na menntumi nte sɛdeɛ me haw no yɛ ma meyieyɔ ase. Asɛmpatrɛfoɔ no kyerɛɛ me sɛ menkyene kɔm na memmɔ mpaeɛ, mpo wɔ sukuu da mu. Berɛ a nneɛma mu yɛɛ den no mefirii m’akoma mu bɔɔ mpaeɛ na amonom hɔ ara menyaa Honhom no awerɛkyekyeɛ atenka.

Nnawɔtwe a na merebɛbɔ asu wɔ mu no yɛɛ ɔhaw nko ara. M’adwuma mu panin kaa sɛ sɛ mannyae asubɔ no ankɔgyina mu amma ɔfoforɔ a ɔntumi mma adwuma saa da no a ɔbɛyi me adi, menyaa asaa mu yareɛ kɔdaa ayaresabea, na m’awofoɔ nso ka kyerɛɛ me sɛ memfiri yɛn fie. Nneɛma bebree kyeree me so no, deɛ na mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mede me ho to Awurade so.

Saa ɔhaw no mu biara bɛyɛɛ mfasoɔ maa me. Ɛboa ma mesuaa asɛmpa no nkyerɛkyerɛ, na ɛno na ɛma menyaa m’adansedie fapem.