2014
Akoma a Ɛdane Ho Bɔhyɛ
AyɛwohoKitawonsa 2014


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Kitawonsa 2014

Akoma a Ɛdane Ho Bɔhyɛ

Otitenani Henry B. Eyring

Me maame, Mildred Bennion Eyring, nyinii wɔ akura bi a wɔyɛ afuo wɔ so a wɔfrɛ no Granger, Utah, USA. Ne nuabarima baako, Roy, toaa abusua nnwan yɛn dwumadie no so. Ne mmrante berɛ so no na ɔnntaa ntena fie. Berɛ bi duuiɛ a na n’ani nnye Asɔre no ho. Akyire yi otu kɔtenaa Idaho, USA, ɔwareeɛ, na ɔwoo mma mmiɛnsa. Ɔdii mfeɛ 34 a na ne yere nso adi mfeɛ 28 na ne mma nnyinii koraa no na owuuiɛ.

Ɛwom sɛ na Roy abusua kumaa no wɔ Idaho, na me maame nso atu akɔtena kwansini 2,500 (4,025km) wɔ New Jersey, USA deɛ, nanso na ɔtaa twerɛ nkrataa a ɔdɔ ne nkuranhyɛ nsɛm wɔ mu kɔma wɔn. Na me wɔfa abusua no frɛ me maame sɛ “Sewaa Mid.”

Dakoro bi,mfeɛ pii akyi no, me nuanom bi frɛɛ me wɔ ahoma bɔfoɔ so. Wɔka kyerɛɛ me sɛ Roy yere no awu. Me nua no kaa sɛ, “Sewaa Mid bɛpɛ sɛ wo bɛte.” Na Sewaa Mid awu dada, nanso na abusua no wɔ ne ho dɔ nti wɔhwehwɛɛ me ka kyerɛɛ me.

Ɔkwan a me maame faa so yɛ n’asɛdeɛ wɔ n’abusua mu, tesɛ deɛ nkɔmhyɛfoɔ a na wɔwɔ Nifaefoɔ no mu no yɛɛ wɔn asɛdeɛ de bɛn wɔn abusuafoɔ a na wɔpɛ sɛ wɔde Yesu Kristo asɛmpa no brɛ wɔn no, yɛɛ me nwanwa. Nifae twerɛɛ nsɛm a na ɔwɔ anidasoɔ sɛ ɛbɛkannyan ne nnua mmarima mma ama wɔn asane aba wɔn agya, Lehi som no mu. Mosaya mma no kyerɛɛ saa ɔdɔ korɔ yi ara berɛ a na wɔreka asɛmpa no akyerɛ Lehi asefoɔ no.

Awurade ama yɛn akwan a yɛbɛnya ɔdɔ wɔ mmusuakuo a wɔbɛtena afebɔɔ. Ɛnnɛ mmabunu a wɔwɔ Asɔre yi mu akoma redane akɔ wɔn abusua so. Wɔhwehwɛ wɔn abusuafoɔ a wɔannya akwannya no annye nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ kronkron no wɔ wɔn bra mu no din. Wɔde saa din no kɔ tɛmpol. Wɔwɔ akwannya sɛ wɔbenya Awurade ne wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ ayɛyɛdeɛ kronkron yi ma wɔn no ho dɔ berɛ a wɔgye asubɔ ma wɔn.

Me kɔso kae ɔdɔ a na ɛwɔ ɛnne a me nnua no de frɛɛ me kaa sɛ, “Yɛn maame afiri mu, na Sewaa Mid bɛpɛ sɛ wo bɛte.”

Mo a mo yɛ ayɛyɛdeɛ ma mo abusuafoɔ no kyerɛ ɔdɔ ma wɔn, sɛdeɛ Mosaya mma ne Nkɔmhyɛni Nifae yɔeɛ no. W’ani bɛgye wɔn a wɔgye wo afɔdeɛ ho, sɛdeɛ wɔn nso ani gyeeɛ no. Wo nso bɛtumi anya abotɔyam sɛdeɛ Ammon ka faa n’asɛmpaterɛ dwumadie wɔ n’abusuafoɔ mu ho no:

“Ɛno nti, momma yɛn nya animuonyam, aane, yɛbɛnya animuonyam wɔ Awurade mu; aane, yɛbɛdi dɛ, ɛfiri sɛ yɛn ahurusie ayɛ ma; aane, yɛbɛyi yɛn Nyankopɔn ayɛ afebɔɔ. Hwɛ, hwan na ɔbɛtumi anya animuonyam wɔ Awurade mu? Aane, hwan na ɔbɛtumi aka ne tumi kɛseɛ ne ne mmɔborɔhunu, ne n’abodwokyerɛ a ɔwɔ wɔ nnipa mma ho asɛm? Monhwɛ, mese mo sɛ, menntumi nnka atenka kakra a menya mpo ho asɛm” (Alma 26:16 ).

Medi adanseɛ sɛ ɔdɔ atenka a mowɔ ma mo abusuafoɔ —baabiara a wɔwɔ no —da adi pefee sɛ Elia mmaeɛ no ho bɔhyɛ no aba mu. Ɔnya baaeɛ. Mmɔfra akoma rekɔ wɔn agyanom so, na agyanom akoma rekɔ wɔn mma so (Hwɛ Malaki 4:5 –6;Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:38–39). Sɛ wonya nkuranhyɛ sɛ hwehwɛ wo nananom din na fa saa din no kɔ tɛmpol a, na nkɔmhyɛ no reba mu wɔ w’abrabɔ mu.

Ɛyɛ nhyira sɛ wote ase berɛ a bɔhyɛ a ɛfa akoma a ɛredane no reba mu. Mildred Bennoin Eyring nyaa saa nkannyan no wɔ n’akoma mu. Na ɔdɔ ne nnuabarima abusua no, na ɔboaa wɔn. Wɔnyaa atenka sɛ wɔn akoma adane wɔ ɔdɔ so akɔ Sewaa Mid so esiane sɛ wɔnim sɛ ɔdɔ wɔn.

Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ.

Wobɛpɛ sɛ wobɛkan nkɔmhyɛ a ɛfa Elijah ho akyerɛ wɔn a wosra no (Malaki 4:5–6; Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:38–39). Wone wɔn ntwetwe nkɔmmɔ mfa sɛdeɛ wɔde wɔn ho bɛgye abusua abakɔsɛm dwumadie mu, nnoɔma tesɛ emu nsɛm nhyehyɛeɛ, mfoni, ne nkratoɔ fa. Sɛ wɔn a wosra no nnim FamilySearch.orga, susu ho sɛ wobɛsɛe mmerɛ kakra de akyerɛ wɔn aseɛ.