Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Kitawonsa 2014
Yesu Kristo Dwumadie Kronkron: Odimafoɔ
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi na pere hwehwɛ deɛ wobɛka ho asɛm Kwan bɛn so na sɛ wote Agyenkwa no abrabɔ ne botae no ase a wo gyedie a wowɔ wɔ ne mu no bɛnyini, na ahyira wɔn a wonam nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ so hwɛ wɔn so no? Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔreliefsociety.lds.org.
Yesu Kristo yɛ yɛn Dimafoɔ wɔ Agya no anim. Asɛmfua odimafoɔ wɔ Latin asekyerɛ sɛ “deɛ ɔsrɛ ma ɔfoforɔ.” Agyenkwa no de nteaseɛ, atɛntenenee, ne mmɔborɔhunu na ɛsrɛ ma yɛn. Nteaseɛ yi bɛtumi ama yɛanya ɔdɔ ne aseda ama Ne Mpata no.
“Tie [Yesu Kristo] a ɔyɛ yɛn dimafoɔ wɔ Agya no anim, a ɔsrɛ wo yieyɔ wɔ n’anim—
“Na ɔreka sɛ: Agya, hwɛ ɔbrɛ ne owuo a deɛ wannyɛ bɔne, deɛ ɔsɔ w’ani no rekɔ mu; hwɛ Ɔba no mogya a wɔahwie agu, deɛ wo de ne mogya maaeɛ sɛdeɛ animuonyam bɛka wo;
“Ɛno nti, Agya, fa m’ayɔnkofoɔ a wɔgye wo din no di no ho kyɛ wɔn, sɛdeɛ wɔbɛba me nkyɛn abenya daa nkwa” ( N&A 45:3 –5).
Ɔpanin D. Todd Christofferson a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo no rekasa fa Kristo a ɔyɛ yɛn Dimafoɔ ho no, kaa sɛ: “Ɛho hia pii ma me, sɛ berɛ biara ne tebea biara mu no, mɛkɔ adom ahennwa no anim wɔ mpaebɔ mu, sɛdeɛ me Soro Agya bɛtie m’adesrɛ, na me Dimafoɔ, deɛ wannyɛ bɔne da, na ɔhwiee ne mogya no, bɛsrɛ me yieyɔ.”
Wɔ Twerɛsɛm no mu
Mosaya 15:8–9; Moronae 7:28; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 29:5; 110:4
Wɔ y’abakɔsɛm mu
Wɔ Awurade Asɔre abakɔsɛm mu no, Yesu Kristo asuafoɔ no mmaa no adi ne nhwɛsoɔ so. Na Esther yɛ odimafoɔ nokwafoɔ ne ɔkokodurufoɔ. Ne nua Mordecai manee no ɔhene no mmara bi a na watwerɛ wɔ krataa so a na ɛkyerɛ sɛ wɔnkum Jewfoɔ no, na ɔhyɛɛ no sɛ “ɔnsrɛ [ɔhene no] mma ne nkorɔfoɔ no.” Ɔtoaa so sɛ: “Na hena na ɔnim sɛ wei nti na waba ɔman yi mu?” (Esther 4:8, 14.)
Ɛwom sɛ na odimafoɔ dwumadie a ɔyɛ ma ne manfoɔ no yɛ hu deɛ, nanso Esther gye too mu: “Na mɛkɔ ɔhene no nkyɛn, a ɛtia mmara: na sɛ mewu a, me nwu” (Esther 4:16).
Esther kasaa ahobraseɛ kwan so kyerɛɛ ɔhene no na “ɔkotoo ne nan ase, na ɔde nisuo srɛɛ no … sɛ ɔnsesa ne nhyehyɛeɛ … sɛ ɔbekum Jewfoɔ no.” Ɔsane kaa sɛ, “Mɛyɛ dɛn ahwɛ sɛ wɔntɔre me nnipa ase?” (Hwɛ Esther 8:3, 5–6). Ɔhene no akoma yɛɛ mmrɛ, na ɔyɛɛ n’adesrɛdeɛ no maa no.
© 2013Intellectual Reserve, Inc.Ntintim ho akwannya. Wɔtintimm wɔ USA. English approval 6/14. Approval 6/14. Nkyerɛaseɛ Visiting Teaching Message, July 2014. Twi. 10671 503
Susu Wei
Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo dima no bɛhyɛ yɛn nkuran ama yɛn akyerɛ ahummɔborɔ ne bɔnefakyɛ ama afoforɔ?