2014
Me Te Me Nanabaa Ase
AyɛwohoKitawonsa 2014


Mmabunu

Me Te Me Nanabaa Ase

Ɔtwerɛfoɔ no te Virginia, USA.

Me Young Women dwumadie baako a me yɔeɛ no, me tuu me ho sii hɔ sɛ mɛhwehwɛ me nanabaa nananom ho nsɛm a wɔatwe agu ahoma so wɔ family history center a ɛwɔ Mesa, Arizona, USA no aboa no. Berɛ a me ne no te hɔ rehwehwɛ yɛn abusuafoɔ no, mefii aseɛ dwendweneeɛ: “So me nanabaa a ɔte me nkyɛn yi me nim no yie?”

Yehuu abusuafoɔ pii, yɛkekaa wɔn ho nsɛm sisii ani, na yɛkɔɔ Mesa Arizona Tɛmpol kɔyɛɛ asubɔ ne denhyɛ maa wɔn. Ankyɛ, me nanabaa maa me n’abusua abakɔsɛm a wɔatwerɛ akeka abɔ mu.

Esiane sɛ sasabrɔ wɔ ne so nti, me nanabaa nntumi mmɔ atwerɛ afidie. Ɛyɛ me ahohoahoa sɛ mɛboa no wɔ computer so. Yɛbom twerɛ n’abrabɔ mu nsɛm a ɛho bɛba honhom mu mfasoɔ ama yɛn abusua no. Ɛyɛ me anigye sɛ me wɔ n’abrabɔ mu na mesua nnoɔma pii fa Asɔre abakɔsɛm ho berɛ a me ne no aka abɔ mu yɛ dwumadie yi.