2014
Sɛkyɛ a Wɔato no Yie
Oforisuo 2014


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Oforisuo 2014.

Sɛkyɛ a Wɔato no Yie

Titenani Dieter F. Uchtdorf

Ɛnkyɛɛe biara na mede po so hyɛn kɛseɛ bi tuu kwan wɔ Alaska, USA po nwanwasoɔ no so. Berɛ a hyɛn no mu panin reyɛ krado akɔ akɔdi da korɔ wɔ akyikyiri po so ankasa no, ɔde ahwɛyie susuu bea no ne tebea a ɛwɔ hɔ no ho, te sɛ asorɔkyeɛ no tebea, nsuo no mu dɔ, ne sɛdeɛ yɛbɛtwe yɛn ho afiri akwansideɛ huhuu ho. Berɛ a ɛsɔɔ n’ani no, ɔtoo sɛkyɛ sɛdeɛ hyɛn no bɛgyina yie na ɛtim, sɛdeɛ ɛbɛma kwan na akwantufoɔ no anya akwannya akamfo Onyankopɔn abɔdeɛ a ɛyɛ fɛɛfɛ kɛseɛ no.

Berɛ a na merehwɛ ɛpo no so no, mehunuu sɛ mframa ketewa bi bɔ a, hyɛn no kɔ nkakrankakra wɔ nsuo a na ɛretene wɔ aseɛ no so. Nanso, hyɛn no gyinaa faako yie na ɛkɔɔ so yɛɛ saa ara wɔ bea baako sɛdeɛ sɛkyɛ ahoma no tenten teɛ.

Hyɛn no mu panin no annkora sɛkyɛ no wɔ hyɛn no mu, antwɛn sɛ ahum no bɛbɔ ansana wato. Daabi, mmom ɔtoo sɛkyɛ no de yɛɛ krado na ɔde bɔɔ hyɛn no ho ban firii nsuo a ɛyɛ hu ho anaa de firii tebea a ɛbɛma hyɛn no asan n’akyi akɔ po ano, berɛ a na akwantufoɔ ne adwumafoɔ no anya ahotɔsoɔ no.

Berɛ a megu so redwendwen wei ho no, mehunuu sɛ sɛ wei nnyɛ kasabɛbuo ho akwannya mma me a, ɛnneɛ na mennkaa wiem hyɛn da.

Adɛn nti na Yɛhia Sɛkyɛ

Sɛkyɛ botaeɛ ne sɛ ɛbɛkora hyɛn no yie na aboa ma ɛgyina faako a ɛyɛ anaa ɛboa tenetene hyɛn no yie berɛ a ewiem nnyɛ. Nanso, sɛ saa botaeɛ yi bɛba mu a, ɛnnyɛ sɛkyɛ no nko ara na ɛbɛtumi ayɛ. Ɛwɔ sɛ sɛkyɛ no yɛ den a mfasoɔ wɔ so, na wɔde di dwuma wɔ berɛ ne bea a ɛsɛ mu.

Ankorɛankorɛ ne mmusua nso hia sɛkyɛ.

Amanehunu bɛtumi aba sɛ ahum kɛseɛ abɛbɔ yɛn afiri yɛn kwan so na ayɛ sɛ deɛ ɛde yɛn rekɔbɔ ɔbotan. Nanso ɛtɔ da a yɛwɔ asiane mu berɛ a biribiara kyerɛ sɛ yɛwɔ ahotɔ mu, na— mframa no bɔ brɛɛw a nsuo no nso ayɛ dinn. Ɛyɛ ampa sɛ, yɛbɛtumi akɔ asiane kɛseɛ mu berɛ a yɛreyera kwan na yɛrenante brɛɛw, a yɛn ani nna yɛn ho so papa.

Asɛmpa no yɛ Yɛn Sɛkyɛ

Ɛwɔ sɛ sɛkyɛ yɛ den, nya ahoɔden, na wɔkora no yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ krado da hia da mu. Bio, ɛsɛ sɛ wɔto wɔ fapem a ɛbɛtumi agyina atamfo tumi kɛseɛ ano.

Ɛyɛ ampa, Yesu Kristo asɛmpa no yɛ sɛkyɛ a ɛte saa. Ɔsoro ne asase Bɔfoɔ na ɔsiesiee maa botaeɛ kronkron bi na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ɛbɛma Ne mma ahobanbɔ ne akwankyerɛ.

Wei nyina ara akyi no, sɛ yɛreka asɛmpa no a, ɛno ne Onyankopɔn nhyehyɛeɛ sɛ ɔbɛgye Ne mma na ɔde wɔn bɛsan aba Ne nkyɛn bio.

Ɛnam sɛ yɛnim sɛ biribiara bɛtumi asan n’akyi nti, ɛwɔ sɛ yɛto yɛn sɛkyɛ no yie wɔ asɛmpa nokorɛ no botan so. Ɛnsɛ sɛ yɛto no kɛkɛ wɔ anwea a ɛyɛ ahomasoɔ mu anaa deɛ ɛbɛtwe yɛn afiri yɛn nokorɛ ho.

Saa bosome yi yɛwɔ akwannya sɛ yɛtie Onyankopɔn nkoa nsɛm wɔ Asɔre no amansan nhyiamu mu. Wɔn nsɛm ne twerɛsɛm ne Honhom no nkannyan no, ma yɛn nkwa a ɛnni awieɛ nnepa ne nnyinasosɛm botan fapem a a ɛtim hɔ, a yɛbɛtumi ato yɛn sɛkyɛ wɔ so sɛdeɛ yɛbɛgyina pintinn anya ahobanbɔ wɔ abrabɔ mu apinisie ne amanehunu mu.

Tete nkɔmhyɛni Helaman kyerɛɛ sɛ, “Wɔ yɛn Gyefoɔ no botan so, a ɛyɛ Kristo, Onyankopɔn Ba no, na ɛwɔ sɛ woto wo fapem; na sɛ ɔbonsam bɔ ne mframa denden no a, aane, n’agyan nketewa a ɛwɔ kyinhyia mframa mu no, aane, sɛ n’asukɔkyea nyina ara ne n’ahum kɛseɛ no hwe mo a, ɛrennya tumi biara wɔ mo so sɛ ɛbɛtwe mo ase de mo akɔ mmɔborɔyɛ ekuu ne mmusuo a ɛnni awieɛ mu, ɛnam ɔbotan no a moasi mo dan wɔ so no nti; deɛ ɛyɛ fapem a akyinnyeɛ biara nni ho no, fapem bi a sɛ nnipa si wɔn dan wɔ so a wɔrennwiri ngu da no” (Helaman 5:12).

Hia a Ɛhia Sɛ Yɛbɛto Yɛn Sɛkyɛ no Yie

Ɔbra wɔ kwan a ɛfa so sɔ yɛn sɛkyɛ no hwɛ na ɛma yɛpɛ sɛ yɛsan yɛn akyi. Nanso, sɛ yɛto yɛn sɛkyɛ no yie wɔ yɛn Gyefoɔ no botan so a, ɛbɛgyina—ɛmmfa ho ne mframa no ano den, ɛpo no ahoɔden, anaa asorɔkyeɛ no tenten.

Ɛwɔ mu sɛ wɔanyɛ po-so hyɛn sɛ ɛnnyina faako na mmom sɛ ɛbɛyi sɛkyɛ na atene afa abrabɔ po so. Nanso yei yɛ abɛbuo a yɛbɛka no da foforɔ.

Seesei deɛ, ɛyɛ me dɛ sɛ menim sɛ asɛmpa no sɛkyɛ no ne Ɔgyefoɔ no botan no bɛma yɛagyina pintinn anya ahobanbɔ.

Saa sɛkyɛ no mma yɛmmmane nnkɔ asiane anaa amaneɛ mu. Ɛbɛma yɛn animuonyam akwannya a yɛde bɛsɛpɛ yɛn ho wɔ abrabɔ mu nsɛm fɛɛfɛ ne nwanwasoɔ a ɛgu so resesa no.

Abrabɔ yɛ fɛ na ɛso wɔ mfasoɔ. Mframa, Ahum, ne apinisie a ɛwɔ hɔ no bɛtumi ama yɛamane akɔ asiane a yɛhunu anaa yɛnnhunu mu, nanso asɛmpa no nkransɛm ne ne tumi kronkron no bɛma yɛagyina yɛn kwan no so na ɛde yɛn akɔ yɛn Soro Agya no asomdwoeɛ bea.

Ɛno nti, mommma yɛn nntie amansan nhyiamu no kasa no ara kwa na momma yɛmfa wɔn nsɛm no nyɛ adwuma te sɛ sɛkyɛ a wɔato no yie ama yɛn daadaa abrabɔ.

Onyankopɔn nhyira yɛn na ɔmma yɛn akwankyerɛ wɔ saa anamɔntuo a ɛsom boɔ na ɛhia yi mu!

Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ.

Susu sɛ mobɛdi nkɔmmɔ afa mfasoɔ a ɛwɔ sɛkyɛ a Lihae de tuu kwan kɔɔ bɔhyɛ asase so no (hwɛ 1 Nifae18). Ebia wobɛpɛ sɛ wɔbɛkan 1 Nifae 18:11–15, berɛ a wɔkyekyeree Nifae no, Liahona no gyae adwuma yɛ, na ahum denden bɔɔ hyɛn no sann n’akyi. Nsunsuansoɔ bɛn na yɛnya sɛ yɛanto yɛn sɛkyɛ no yie wɔ asɛmpa no so a? Ebia wobɛpɛ sɛ wɔbɛsan nso akan 1 Nifae 18:21–22 na moasusu kwan a yɛbɛnya ahobanbɔ sɛ yɛkɔ dan Agyenkwa no a.