Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ, Oforisuo 2014
Yesu Kristo Dwumadie Kronkron no: Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ no
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi na pere hwehwɛ deɛ wobɛka ho asɛm. Kwan bɛn so na sɛ wote Agyenkwa no abrabɔ ne botae no ase a wo gyedie a wowɔ wɔ ne mu no bɛnyini, na ahyira wɔn a wonam nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ so hwɛ wɔn so no? Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔreliefsociety.lds.org.
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
Yesu Kristo abodin a ɛsom boɔ pii ne Ɔgyefoɔ,” Opanin D. Todd Christofferson a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo no ho na ɔkaae. Ɔgyeɛ kyerɛ sɛ wɔbɛyi yɛn afiri asɛdeɛ bi mu anaa wɔbɛtua yɛn ka. Ɔgyeɛ nso bɛtumi agyina hɔ ama sɛ wɔreyi obi afiri asiane mu anaa wɔretu mpata. … Saa nkyerɛkyerɛmu yi biara kyerɛ Ɔgyeɛ kɛseɛ no afã ahodoɔ a Yesu Kristo yɛɛe nam Ne Mpata no so, a sɛdeɛ nsɛm-asekyerɛ-nwoma kyerɛ no, ɛsan nso kyerɛ sɛ “wɔbɛgye obi afiri bɔne ne ne nsunsuansoɔ mu, nam afɔreɛ a wɔyɛ ma ɔbonefoɔ no so.”1
Linda K. Burton, Relief Society titenani no kaa sɛ: “Ɔsoro Agya… somaa Ne Ba a Ɔwoo no Korɔ na ɔyɛ pɛpɛɛpɛ sɛ ɔmmɛhunu amaneɛ mma yɛn bɔne, yɛn awerɛhoɔ, ne deɛ ayɛ sɛ ɛnnsɔ ani biara wɔ yɛn ankorɛankorɛ abrabɔ mu.
“… Obaa baako a na wafa amanehunu ne awerɛhoɔ mu mfeɛ pii no de su kaa sɛ, “Mabɛhunu sɛ mete sɛ 20 dollar sika dada —a amoamoa, atete, ayɛ fi, wɔabrɛ n’ase na wɔde nneɛma akeka mu. Nanso…megu so meyɛ 20 dollar mu no ara. Saa maame yi nim sɛ…ne so wɔ mfasoɔ nti na [Onyankopɔn] somaa Ne Ba no ma ɔbɛyɛɛ mpata maa no sɛ ankorɛ. Ɛsɛ sɛ onuabaa biara a ɔwɔ Asɔre yi mu hunu deɛ saa maame yi nim no.”2
Wɔ Twerɛsɛm no mu
Wɔ y’abakɔsɛm mu
Apam Foforɔ no ka mmaa a wɔkyerɛɛ gyedie kɛseɛ wɔ Yesu Kristo mu, suaa ne nkyerɛkyerɛ na wɔde dii dwuma, na wɔdii adanseɛ faa Ne som adwuma, anwanwade, ne Ne kɛseyɛ no ho asɛm.
Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa a na ɔwɔ asubura no ho sɛ:
“Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no, osukɔm renne no; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.
Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Owura ma me saa nsuo yi bi na osukɔm anne me, na mamma ha ammɛto bio. …
“Menim sɛ [Mesia no] reba,…: na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn adeɛ nyina ara.
“Yesu see no sɛ, Me a me ne wo rekasa yi, mene no.”
“Ɔgyaa n’asuhina no” na ɔdii ne ho adanseɛ wɔ kuro no mu. (Hwɛ Yohane 6:66–30.)
© 2013 Intellectual Reserve, Inc. Ntintim ho akwannya. Wɔtintimm wɔ USA English approval: 6/13. Translation approval: 6/13. Nkyerɛaseɛ Visiting Teaching Message, April 2014. Twi. 10864 503
Deɛn na mɛtumi ayɛ?
-
Kwan bɛn so na yɛbɛtumi akyerɛ anisɔ ama Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ, Yesu Kristo?
-
Kwan bɛn so na yɛbɛnya yɛn Agyenkwa mpata afɔreɛ nhyira no bi wɔ yɛn abrabɔ mu?