2014
Nhyiamu ɛne Me
Oforisuo 2014


Mmabunu

Nhyiamu ɛne Me

Ɔtwerɛfoɔ no te Toronto, Canada.

Kane no na ɛyɛ me sɛ amansan nhyiamu berɛ no ware na ɛyɛ aniha, nanso mmerɛ kakra akyi no, mabɛdɔ na mehwɛ anim daa. Amansan nhyiamu berɛ tumi hyɛ yɛn honhom ahoɔden mu, nanso ɛyɛ mmerɛ sɛ yɛn werɛ bɛfiri saa atenka yi berɛ a dwoada yɛsan kɔ yɛn daadaa adwuma mu. Adwenkyerɛ a ɛdidi soɔ yi aboa ma makɔ so akae nhyiamu no mu nsɛm pii.

Metwerɛ nsɛmmisa de yɛ ahoboa twɛn nhyiamu no, na afei sɛ menya me nsɛmmisa no mmuaeɛ a metwerɛ to hɔ. Akyire yi, metwe nhyiamu no kasa ne nnwom no firi LDS.org de gu MP3 afidie so sɛdeɛ mɛtumi atie ɔkasa anaa dwom baako berɛ a merekɔ me daadaa adwuma so. Mesan nso pɛ sɛ mɛkan nhyiam no mu nsɛm no wɔ Liahona mu. Mesensan me deɛ no mu na metwerɛ (deɛ masua) gu ne nkyɛnkyɛn. Ɛnkɔsi berɛ a nhyiamu foforɔ bɛba no na mede nwoma no ayɛ adwuma ankasa. Ɛtɔ da a, me ne m’abusua sua ɛmu nsɛm no bɔ mu wɔ abusua fie anwummerɛ.

Kora a yɛbɛkora honhom atenka a yɛnya no wɔ nhyiamu na yɛakɔ so asua adeɛ afiri ɛmu nsɛm no hia mmɔdemmɔ, nanso sɛ meyɛ a ɛma me nhyira kɛseɛ. Manya ahoɔden ne akwankyerɛ pii wɔ dahia da mu berɛ a mekan amansan nhyiamu kasa, na menim sɛ saa kasa yi yɛ nkannyan nsɛm.