Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ɔbɛnem 2014
Ɔsom ne Nkwa Ɛnni Awieɛ
Agyenkwa no yɛ yɛn nhwɛsoɔ wɔ ahofama som mu. Ɔde ne bra korɔgyeen no sii hɔ somm Ɔsoro Agya ne N’Agya mma nyinaa. Agya ne ɔba no botaeɛ korɔ ne sɛ wɔbɛma yɛn nyinaa owuo so nkunim akyɛdeɛ ne nhyira a ɛne daa nkwa (hwɛ Mose 1:39).
Ansa na yɛbɛnya daa nkwa no, ɛsɛ sɛ Yesu Kristo mpata kɛseɛ no sesa yɛn, wo yɛn foforɔ na ɛpepa yɛn bɔne. Mmom, mmɔfra nketewa a wɔnnyaa mfeɛ nwɔtwe deɛ, bɔne nni wɔn ho na mpata kɛseɛno no agye wɔn (see Mosaya 3:16, 21; Moronae 8:10–12).
Yɛn a yɛadu akontabuo mfeɛ no, nhyehyɛeɛ nwanwasoɔ bi wɔ hɔ a ɛboa yɛn pepa yɛn bɔne na esiesie yɛn ma daa nkwa. Saa ahosiesie yi hyɛ aseɛ berɛ a obi a ɔkura asɛfodie tumi no abɔ yɛn asu na yɛanya Honhom Kronkron no. Afei ɛsɛ sɛ yɛkae Agyenkwa no aberɛ nyinaa na yɛdi ne mmaransɛm a ɔde ama yɛn no so.
Ɔhene Benjamin kasa kyerɛɛ ne manfoɔ no wɔ Mormon Nwoma no mu faa anigyeɛ a ɛfiri bɔne fakyɛ a ɛnam Yesu Kristo mpata no mu ba no ho. Ɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔbɛkɔso anya bɔne fakyɛ a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn mma ma wɔsom wɔn ho wɔn ho na wɔyɛ ayamyɛ sɛdeɛ wɔbenya wɔn honam ne honhom fa mu ahiadeɛ wɔ wɔn ho. (Hwɛ Mosaya 4:11–16).
Ɔsan kyerɛɛ sɛ, “Na hwɛ, meka saa nsɛm yi kyerɛ mo ama moasua nyansa; sɛdeɛ mo bɛsua sɛ, sɛ mosom mo yɔnkonom a na Onyankopɔn na moresom no.” (Mosaya 2:17).
Yesu kyerɛkyerɛɛ ne nsɛmpa na ɔyɛɛ papa (hwɛ Asomafoɔ Nwoma 10:38) Ɔsaa ayarefoɔ yareɛ. Onyanee awufoɔ. Ɔnam ne tumi so maa mpempem aduane berɛ a na ɔkɔm de wɔn na wɔnni nsuo (hwɛ Mateo 14:14, 21; Yohane 6:2–13). Ne wusɔreɛ akyi no ɔmaa N’Asomafoɔ no mu pii aduane berɛ a wɔbaa Galilee po no ano (hwɛYohane 21:12, 13) Wɔ America asaase so no, ɔsaa yareɛ na ɔhyiraa mmɔfra no mmaako mmaako (hwɛ3 Nifae 17:7–9, 21).
Ɔsomafoɔ Yakubu kyerɛɛ yɛn sɛdeɛ ɔpɛpa a yɛde som afoforɔ no firi yɛn ani a ɛsɔ deɛ Awurade ayɛ ama yɛn no mu:
“Na deɛ ɔhwɛ adehyedie mmara a ɛdi mu no mu, na ɔtena mu, na ɔnnyɛ otiefoɔ werɛfirifoɔ, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfoɔ no, saa nipa yi wɔbɛhyira no wɔ n’adeyɔ mu. …
Nyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Onyankopɔn ne Agya no anim ne sɛ obi bɛsra awisiaa ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu” (Yakubu 1:25, 27).
Awerɛhyem baako a wowɔ sɛ wo ho rete ne ɔpɛpa kɛseɛ a wode bɛsom afoforɔ ama Agyenkwa no. Efie nkyerɛkyerɛ ne nsrahwɛ nkerɛkyerɛ dane anigyeɛ a ɛnte sɛ wo daadaa adwuma a w’ani nnye ho. Wobehu sɛ woatu wo ho akyɛ mpɛn pii de ayɛ adwuma ama wo mpɔtam sukuu anaa woreboa ahwɛ ahiafoɔ a wɔwɔ wo mantam. Ɛwom sɛ wo sika a wode bɛboa ahiafoɔ no sua, a anka wonya a anka wowɔ bebree na woatumi ama nipa pii (see Mosaya 4:24). Wowɔ ɔpɛpa no sɛ wobɛsom wo mma na woakyerɛwɔn sɛdeɛ wɛbɔsom afoforɔ.
Berɛ a wo su sesa no, wobenya ɔpɛ atenka bi sɛ wobɛma ɔsom kɛseɛ a wondwene abasobɔ biara ho. Menim Agyenkwa no asuafoɔ bi a wɔama akyɛdeɛ akɛseɛ tesɛ sika ne ɔsom a wɔmpɛsɛ obiara te gye sɛ Onyankopɔn ne wɔn mma. Onyankopɔn agye wɔn som no ato mu ahyira wɔn wɔ ɔbra yi mu, na ɔbɛhyira wɔn daa nkwa mu (hwɛ Mateo 6:1–4; 3 Nifae 13:1–4).
Berɛ a w’adi mmaransɛm so resom afoforɔ no(hwɛ Mateo 22:39), woahu nsakyeraeɛ wɔ w’atenka a ɛfa ahomasoɔ ho. Agyenkwa no teaa N’Asomafoɔ no berɛ a na wɔreko fa nea ɔyɛ kɛseɛ wɔ wɔn mu no. Ɔkaa sɛ:
“Na mommma wɔmmfrɛ mo awuranom: na baako ne mo Wura, ɔne Kristo no.
“Na deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no nyɛ mo somfoɔ“ (Mateo 23:10–11).
Agyenkwa no kyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛsom afoforɔ. Ɔsomeeɛ pɛpɛɛpɛ, na ɛsɛ sɛ yɛsua ɔsom sɛdeɛ Ɔsuaaeɛ firii nkyerɛkyerɛ so kɔɔ nkyerɛkyerɛ so no (hwɛ N&A 93:12–13). Ɛnam ɔsom a yɛma no nti, yɛbɛtumi ayɛ sɛ ɔno. Yɛde yɛn akoma mu ahoɔden nyinaa bɛbɔ mpaeɛ adɔ yɛn atamfo sɛdeɛ ɔdɔ wɔn no (hwɛ Mateo 5:43, 44; Moroni 7:48). Na yɛasɛ afata daa nkwa wɔ ɔne ɔsoro Agya nkyɛn.
Mehyɛ mo bɔ sɛ yɛbɛtumi asom yie berɛ a yɛdi Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ ne ne nhwɛsoɔ so.
© 2014 Intellectual Reserve, Inc. ntintim ho akwannya. Wɔtintimm wɔ USA English approval: 6/13. Translation approval: 6/13. Translation of First Presidency Message, March 2014. Twi. 10863 503
Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ.
Ɔpanin M. Russell Ballard a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo ho no ahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛn mmɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛnya akwannya asom: “Anɔpa biara sɛ wobɔ mpaeɛ a, bisa ɔsoro Agya no na ɔmma wonhu akwannya a wode bɛsom Ne mma a wɔsom ne bo no mu baako. Na da mu no nyinaa no kyini… hwehwɛ obi a wobɛboa no” (“Fa ahosɛpɛ Yɛ Adwuma,” Ensign anaa Liahona, Obubuo 2012, 31). Susu sɛ wobɛto nkra ama wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ no sɛ wɔnyɛ botaeɛ sɛ wɔbɛbɔ mpaeɛ anɔpa biara sɛ wɔbenya akwannya de asom na wɔahwehwɛ wɔn da mu no nyinaa.