Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ɔbɛnem 2014
Yesu Kristo Anyame Dwuma: Wiase Hann no
Fa mpaebɔ sua saa nwoma yi na hwehwɛ hu deɛ wobɛkyɛ. Ɔkwan bɛn so na wo nteaseɛ wɔ Agyenkwa no abrabɔ ne ne botaeɛ mu bɛma wo gyidie wɔ Ne mu akɔ anim na ahyira wɔn a wohwɛ wɔn so wɔ nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ mu? Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔ reliefsociety.lds.org .
Sɛ yɛte aseɛ sɛ Yesu Kristo ne Wiase Hann a, yɛn gyidie bɛtu mpɔn wɔ ne mu na yɛbɛyɛ hann ama afoforɔ. Kristo dii adanseɛ faa ne diberɛ ho sɛ “hann trodoo a ɛhyrɛn ɔbarima (ne ɔbaa) biara a ɔba wiase mu” (N&A 93:2) na ɔhyɛɛ sɛ yɛn “ma (Ne) kanea no so sɛnea ɛbɛhyerɛn wiase nyinaa” (3 Nifae 18:24).
Yɛn nkɔmhyɛfoɔ nso adi adanseɛ afa Kristo Hann no ho. Otitenani Henry B. Eyring, Fotufoɔ a Ɔdi Kan wɔ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan Kuo no mu, kaa sɛ: “Aberɛ biara a wobɔ wo ho mmɔden sɛ wobɛbɔ bra tesɛ Agyenkwa no, w’adanseɛ mu yɛ den. Ɛnkyɛ w’ankasa wobɛhu sɛ ɔyɛ wiase mu Hann …Wobɛma afoforɔ ahu Kristo Hann no wɔ w’abrabɔ mu.”
Ɔpanin Quentin L. Cook a ɔwɔ Asomafoɔ Dumienu Kuo no mu no kasa faa sɛdeɛ yɛyɛ wiase mu hann: “ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn abusua ho ban na yɛne nnipa a wɔwɔ ɔpɛpa di anim yɛ deɛ yɛbɛtumi biara de abɔ hann, anidasoɔ, ne suban pa ho ban wɔ yɛn mpɔtam.
Wɔ Twerɛsɛm no mu
Yohane 8:12 Nkyerɛkyerɛ ne Apam
Wɔ y’abakɔsɛm mu
ɛnnɛ Akyire Mmaa Ahoteefoɔ daso kura hann no.
Wɔ ɔdan a ɛtɔ so aduowɔtwe wɔ abansoro tenten bi mu wɔ Hong Kong, China no, onua baa bi a na ɔnwareeɛ na w’adi dɛm —a na ɔno nkoaa na ɔyɛ Akyire Mma Ahoteefoɔ ba yɛɛ ne fie beaɛ a ahotɔ wɔ a ɔne asrafoɔ bɛnya Honhom no mu nkɛntɛnsoɔ pa. Ɔmaa ne twerɛsɛm, ne Mmaa Kuo nwoma, ne n’asɔredwom nwoma bɛnn no. Otuu kwan kɔɔ tɛmpol kɔyɛɛ ayɛdeɛ kronkron maa ne nananom a wɔawuwu.
Ɛna nokwafoɔ bi a na ɔwɔ Brazil tetee ne mma wɔ asɛmpa hann no mu. Ne mma to asɔre mu mmɔfra nnwom wɔ ne fie a wɔde tayaa kɔkɔɔ na asi no, na wɔde mfoni a ɛwɔ Liahona a ɛfa tɛmpol ho no, ne Onyankopɔn Nkɔmhyɛfoɔ ho, ne Agyenkwa mfoni afomfam dan no ho. Ɔne ne kunu tuu wɔn ho siesiee wɔn ho kɔsɔɔ wɔn awareɛ ano wɔ tɛmpol sɛdeɛ wɔbɛwo wɔn mma wɔ apam no mu. Ne mpaebɔ ara ne sɛ Awurade bɛboa no ama w’atete ne mma wɔ hann, nokware, ne asɛmpa no ahoɔden mu.
© 2014 Intellectual Reserve, Inc. ntintim ho akwannya. Wɔtintimm wɔ USA English approval: 6/13. Translation approval: 6/13. Translation of Visiting Teaching Message, March 2014. Twi. 10863 503
Deɛn na mɛtumi ayɛ?
-
Monsusu deɛ ɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ hann ama ɛnnɛ wiase ho.
-
Dwendwen sɛnea Kristo hann no akyidie boa wo ma wogyina nsɔ hwɛ ano.