Mmabunu
Mmuaeɛ ma Ne Mpaebɔ
ɔtwerɛfoɔ no te Gauteng, South Africa.
Anadwo bi m’adamfo a na ɔwɔ ɔsom foforɔ bi mu no sraa me. Na me nkoaa metaa sua me twerɛsɛm no nti, na m’afa rekosua saa anadwo no. Menyaa nkannyan bi sɛ mento nsa mfrɛ m’adamfo yi na me ne no mmɔ mu nsua twerɛsɛm no, nanso na me suro nti me nkoaa fii aseɛ suaeɛ. Na menim sɛ m’akwati Honhom nkannyan no. Sima kakra akyi no me de anidahɔ kwan so bisaa sɛ, “Wo bɛpɛsɛ wo ne me besua twerɛsɛm no?” M’adamfo no ampopo ne ti na obuaa sɛ “Aane.”
Yɛkan fii Mormon Nwoma no mu. Ɔbisaa me nsɛm bi, na na menya atenka bi sɛ Honhom no reboa me berɛ a na mereyi ano no. Medii m’adanseɛ faa Mormon Nwoma no nokorɛyɛ ho. Meyɛɛ wei no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Da mu yi nyinaa m’asu na m’abɔ hu. Mebɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ sɛ ɔmmoa me no ara na wofrɛɛ me sɛ me ne wonsua twerɛsɛm no. Me ho yɛ paa ara seesei. Meda w’ase.”
Awurade de me ayɛ adeyɔdeɛ abua mpaeɛ na wama m’asom Ne mma no mu baako a na ɔhia mmoa. Menim sɛ nkannyan yɛ ɔsoro akwankyerɛ a ɛfiri Agya nyansani, animuonyamfoɔ no nkyɛn. Sɛ yɛde yɛn hu to nkyɛn a, yɛfa osetie so ma ne ho kwan ma ɔda Ne tumi adi.