2014
Berɛ Pa a Wodua Dua
Ɔbɛnem 2013


Atitenafo a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2014

Berɛ Pa a Wodua Dua

Titenani Dieter F. Uchtdorf

Tete Romanfoɔ man mu no, na Janus yɛ ahyɛaseɛ nyame. Na wɔtaa de anim mmienu —na ɛhyɛ ne nso, baako kyerɛ kane, baako nso kyerɛ daakye. Kasa hodoɔ no bi de bosome Ɔpɛpɔn ato no ɛfiri sɛ afe ahyɛaseɛ yɛ berɛ a yɛde dwendwen na yɛde yɛ nhyehyɛeɛ.

Mfeɛ mpempem akyi no, amammerɛ ahodoɔ a ɛwɔ wiase afa amaneɛ a wɔde bɔ tirimpɔ ma afe foforɔ no. Mmom, tirimpɔ-bɔ yɛ mmrɛ—, yɛrehwɛ ama aba mu no yɛ biribi foforɔ koraa.

Papa bi a na watwerɛ Afe Foforɔ mu tirimpɔ tenten no ani gyee mpontuo a na aba n’abrabɔ mu. Ɔdwenee sɛ, “Ɛbɛsi sɛsɛɛ deɛ, madi m’aduane nhyehyɛeɛ so, me mmaa me bo mfuuiɛ, madi me sikasɛm nhyehyɛeɛ so, na mennwiinwii mmfaa me fipamfoɔ kraman ho. Nanso ɛnnɛ yɛ Ɔpɛpɔn 2 na adɔma no bɔɔeɛ nnkyɛeɛ, na berɛ aso sɛ mefi me mpa mu. Anwanwadeɛ kɛseɛ a ɛbɛtumi ama me nhyehyɛeɛ no akɔ tɔɔtee.”

Hyɛaseɛ Bio

Biribi ma anidasoɔ kɛseɛ bi wɔ ahyɛaseɛ foforɔ mu. Mesusu sɛ berɛ bi, wɔ yɛn abrabɔ mu no, anka yɛbɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ aseɛ bio a nkekaa biara nni yɛn ho.

M’ani gye ho sɛ mɛnya computer a biribiara nni ne hard drive no so. Ɛyɛ adwuma korɔgyeen mmerɛ bi mu. Nanso berɛ a nna ne nnawɔtwe retwam na wɔde dwumadie ahodoɔ regu so no (ebi wɔ hɔ a wɔhyɛda, ebi nso wo nnhyɛda), ɛnkyɛ na computer no ahyɛ aseɛ regyinagyina, na nneɛma a woyɛ no ntɛm no ayɛ nyaa. Ɛtɔ dabi mpo a ɛnnyɛ adwuma koraa. Mpo sɛ woreyɛ ama asɔ no, ɛbetumi ayɛ ɔhaw esiane sɛ nneɛma a ɛho nni mfasoɔ ahyɛ hard drive no so ma. Ɛtɔ da bi a na deɛ wobɛtumi ayɛ ara ne sɛ wobɛpopa computer no so na woahyɛ aseɛ foforɔ. Ɛtɔ da bi a na deɛ wobɛtumi ayɛ ara ne sɛ wobɛpopa computer no so na wahyɛ aseɛ foforɔ.

Saa ara nso na nneɛma a ɛho nni mfaso te sɛ ehu, annyeanni hunu, ne tibua a ɛtumi ha nnipa. Nfomsoɔ a yɛayɛ (deɛ yɛhyɛɛ da ne deɛ yɛanhyɛda) bɛtumi aha yɛn akɔsi sɛ deɛ yɛnim sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ mpo yɛrentumi nnyɛ.

Bɔne afa mu no, yɛwɔ nsakyeraeɛ kwan nwanwasoɔ bi a yɛfrɛ no nnuhu a ɛma yɛ popa yɛn abrabɔ mu hard drive no so yi nneɛma a ɛnnhia a ɛhyɛ yɛn akoma so. Ɛnam Yesu Kristo dɔ ne ne mpata nwanwasoɔ no nti, asɛmpa no kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛte yɛn kra no ho afiri bɔne nkekaawa ho na yɛasane ayɛ foforɔ, korɔgyeen, na yɛadi bem te sɛ abɔfra.

Nanso ɛtɔ dabi a nneɛma foforɔ bi twe yɛn kɔ yɛn akyi, ma deɛ ɛmmfa mpontuo mma gyɛ yɛn adwene ne yɛn anammɔntuo a ɛma no yɛ den sɛ yɛbɛhyɛ aseɛ.

Yɛrema Deɛ Ɛsom Bo Pa ara Afiri Yɛn Mu Aba

Botaeɛ-hyɛ yɛ dwumadie a ɛfata. Yɛnim sɛ yɛn Soro Agya wɔ botaeɛ ɛfiri sɛ w’akyerɛ yɛn sɛ N’adwuma ne n’animuonyam ne “sɛ Ɔbɛma nipa biara anya honam a ɛnnwuo da ne nkwa a ɛnni awieɛ” (Mose 1:39).

Yɛn ankasa yɛn botaeɛ bɛtumi ama deɛ ɛsom bo pa ara afiri yɛn mu aba. Nanso, adeɛ baako a ɛsɛe yɛn mmɔdenbɔ sɛ yɛbɛhyɛ na yɛadi yɛn tirimpɔ so ne mmɔtohɔ. Ɛtɔ dabi a yɛtwentwɛn yɛn nan ase, sɛ yɛretwɛn mmerɛ pa no de ahyɛ afe foforɔ no ase, ɔpɛ berɛ ase, berɛ a wɔbɛfrɛ yɛn sɛ Ɔhwɛfoɔ anaa Mmaa Kuo Titenani, berɛ a mmɔfra no kɔ sukuu, anaa bere a yɛatwe yɛn ho afiri adwuma mu.

Wonnhia ɔfrɛ biara ansa na woahyɛ aseɛ anante wo botaeɛ kronkron no mu. Wonnhia sɛ wɔma wo ho kwan ansa na woayɛ onipa ban a Onyankopɔn bɔɔ wo no. Ɛnnsɛ sɛ wotwɛn ma wɔfrɛ wo ansana woasom wɔ asɔre no mu.

Yɛbɛtumi asɛe yɛn nkwa nna pii de atwɛn sɛ wɔbɛpaw yɛn (hwɛ D&C 121:34–36). Nanso ɛyɛ nsusuiɛ bɔne. Wɔapa wo dada.

Berɛ bi aba m’abrabɔ mu a mede m’anadwo no nyinaa booboo nsɛmsɛm, ateetee, anaa mankasa m’awerɛhosɛm ho. Nanso ɛmmfa ho ne dasuom sum no, saa nsusuiɛ yi hyɛ me nkuran aberɛ biara: owia bɛpue anɔpa.

Dabiara, adekyeeɛ foforɔ ba ma asaase yi ne yɛn a yɛte so. Anɔpa biara de ahyɛaseɛ foforɔ ba ma yɛn akwannya sɛ yɛnhyɛaseɛ bio.

Sɛ yɛdi nkoguo nso ɛ?

Ɛtɔ dabi a ehu na ɛtwe yɛn sane. Yɛbɛtumi asuro sɛ yɛrenni nkonim, anaa yɛbɛdi nkonim, anaa yɛn anim bɛgu ase, anaa nkonimdie bɛsesa yɛn, anaa ɛbɛsesa nnipa a yɛdɔ wɔn.

Ɛno nti yɛtwɛn. Anaa yɛgyae mu.

Sɛ ɛba tirimpɔ bɔ mu a, ade foforɔ a yɛhia sɛ yɛkae ne wei: yɛbɛtumi adi nkoguo, annyɛ hwee koraa no, wɔ berɛ tiawa mu. Nanso sɛ yɛn aba mu bɛbu deɛ, yɛbɛtumi anya denhyɛ, ɛfiri sɛ saa nteaseɛ no yi mmudie haw firi yɛn so seesiaa yi. Ɛgye to mu wɔ mfitiaseɛ no sɛ yɛbɛtumi atɔ sin. Sɛ yɛnim wei dada deɛ a ɛbɛyi anwanwasɛm ne nkoguo mu abamubuo afiri hɔ.

Sɛ yɛde wei tu anammɔn fa yɛn botaeɛ ho a, nkoguo nntumi nto yɛn suntidua. Kae, mpo sɛ yɛantumi annuru awieɛ a, yɛn akwantuo no awieɛ seesiaa a, yanya mpuntuo a ɛde yɛn bɛduru hɔ.

Ɛno na ɛhia na ɛsom bo pii.

Ɛbɛtumi aba sɛ yɛrennuru awieɛ, nanso akwantuo no mu anammɔntuo no bɛma yɛakyɛn sɛdeɛ na yɛte dada no.

Mmerɛ Papa pa ara a wode Bɛhyɛ Aseɛ no ne Seesiaa.

Ɛbɛ dada bi ka sɛ, “Berɛ papa pa ara a yɛde dua no yɛ mfeɛ 20 a atwam no. Berɛ papa a ɛtɔ so mmienu ne seesiaa.”

Biribi nwanwasoɔ ne anidasoɔ wɔ asɛmfua seesiaa ho. Tumi bi wɔ nsusuiɛ pa mu sɛ, sɛ yɛsi yɛn adwene pi seesiaa a, yɛbɛtumi atu mpɔn prɛko pɛ.

Seesiaa ne mmerɛ papa a yɛbɛ hyɛ aseɛ ayɛ nnipa a yɛpɛ sɛ yɛyɛ, ɛnnyɛ mfeɛ 20 firi ɛnnɛ na mmom afebɔɔ.

Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ.

Titenani Uchtdorf kyerɛɛ sɛ ɛba sɛ yɛantumi annuru yɛn botaeɛ ho mpo a, “yɛbɛtumi anya nkuranhyɛ. … Ɛbɛtumi aba sɛ yɛnntumi nnuru awieɛ, nanso sɛ yɛtoa akwantuo no so a ɛbɛma yɛatu mpɔn akyɛn sɛdeɛ na yɛteɛ no.” Bisa abusuafoɔ ma wɔne wo nkyɛ suahunu a ɛmaa wɔsuaa nneɛma pii firii kwan a wɔfaa so yɛɛ biribi, a ɛsene mfasoɔ a ɛfiri mu baaeɛ no, tesɛ wɔrepɔn wɔn ho afiri sukuu mu anaa wɔregye abasobɔ.