Mmabunu
Yɛ Wo ankasa Wo Ho Ɛfiri Nnɛ
Otitenani Utchdorf kyerɛ sɛ “yɛn ankasa yɛn botaeɛ bɛtumi ada yɛn adom akyɛdeɛ adi.” Susu sɛ wobɛhyehyɛ botaeɛ mmienu anaa mmiɛnsa bi wɔ w’abrabɔ mu, te sɛ honam mu akwahosan, sunsum mu akwahosan, ne ayɔnkofa. Mpontuo bɛn na wobɛpɛ sɛ wobenya wɔ saa afanaa yi mu afe yi mu? Berɛ a woredwene botaeɛ ahodoɔ ho no, hwɛ sɛ wobetumi aduru ho na ɛbɛma woatu mpɔn. Kyerɛ wo botaeɛ no mu yie wɔ wo journal mu, sɛdeɛ afe akyi no wobetumi ahu mpontuo a aba.