Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nkrasɛm, Ɔpɛpɔn 2014
Yesu Kristo Dwumadie Kronkron: Nhwɛsoɔ
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi hwehwɛ sɛ wobehu deɛ wobɛkyɛ. Ɔkwan bɛn so na nteaseɛ a wowɔ wɔ Agyenkwa no abrabɔ ne n’adwuma mu bɛma wo gyedie atu mpɔn wɔ Ne mu na ahyira wɔn a wohwɛ wɔn so wɔ wo nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ dwumadie mu? Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔreliefsociety.lds.orgreliefsociety.lds.org.
Sɛdeɛ yɛte aseɛ sɛ Kristo yɛ yɛn nhwɛsoɔ wɔ biribiara mu no, yɛbɛtumi ama yɛn pɛ a yɛde di n’akyi no akɔ soro. Twerɛsɛm no ma yɛn nkuranhyɛ pii ma yɛdi Kristo anammɔn akyi. Kristo ka kyerɛɛ Nifaefoɔ no sɛ, “Na nwuma a moahunu me sɛ mereyɛ no, ɛno na mo nso monyɛ” 3 Nifae 27:21. Yesu ka kyerɛɛ Thomas sɛ, “Me ne ɔkwan, nokware, ne hann no: onipa biara mma Agya no hɔ, gyesɛ ɔnam me so” ( Yohane 14:6).
Ɛnnɛ yɛn mpaninfoɔ kae yɛn sɛ yɛmfa Agyenkwa no sɛ yɛn nhwɛsoɔ. Linda K. Burton, Relief Society amansan titenani no kaa sɛ, “sɛ yɛn mu biara wɔ mpata no nkyerɛkyerɛ no wɔ yɛn akoma mu a, yɛbɛ fi aseɛ ayɛ nnipa a Awurade pɛ sɛ yɛyɛ.”
Titenani Thomas S. Monson kaa sɛ, “Yɛn Wura ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, yɛ yɛn Nhwɛsoɔ ne yen ahoɔden.”
Momma yɛnsi nkete sɛ yɛbɛ bɛn Yesu Kristo, adi Ne mmaransɛm so, na yɛayɛ adwuma den asane akɔ yɛn Soro Agya nkyɛn.
Wɔ Twerɛsɛm no mu
Wɔ y’abakɔsɛm mu
“Otwaa anammɔnkwan no na ɔdii kan,” Eliza R. Snow, Relief Society amansan titenani a ɔtɔ so mmienu twerɛ faa Yesu Kristo adwuma a ɔbɛyɛɛ wɔ nnipa mu ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ ankorɛnkorɛ baako baako—. Ɔkyerɛɛ sɛ yɛnnya aduɔkron ne nkonon no hɔ nkɔgye baako no a wayera no (Hwɛ Luka 15:3–7). Ɔsaa yareɛ na ɔkyerɛɛ ankorɛankorɛ adeɛ, mpo ɔnyaa mmerɛ maa obiara a na ɔka nnipakuo 2,500 no ho (hwɛ 3 Nifae 11:13–15; 17:25).
Titenani Dieter F. Uchtdorf, Fotufoɔ a ɔtɔ so Mmienu wɔ Atitenafoɔ a wɔdi Kan no mu, kaa sɛ: “Mo, anuanom mmaa, yɛ adɔeɛ som ma afoforɔ a monhwehwɛ biribiara mfiri mu. Wei mu na mo de sua Agyenkwa no anammɔn. … N’adwene nyinaa ne sɛ Ɔbɛboa afoforɔ.”
© 2014 Intellectual Reserve, Inc. ntintim ho akwannya. Wɔtintimm wɔ USA English approval: 6/13. Translation approval: 6/13. Translation of Visiting Teaching Message, January 2014. Twi. 10861 503