Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ɔpɛnimma 2013
Yesu Kristo Som Adwuma Kronkron: Deɛ Wɔwoo no Korɔ no
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi na pere hwehwɛ deɛ wobɛka ho asɛm Kwan bɛn so na sɛ wote Agyenkwa no abrabɔ ne botae no ase a wo gyedie a wowɔ wɔ ne mu no bɛnyini, na ahyira wɔn a wonam nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ so hwɛ wɔn so no? Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔ reliefsociety.lds.org
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
Wɔfrɛ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, Ɔba a Wɔwoo no korɔ no ɛfiri sɛ Ɔno ne onipa baako pɛ a maame a owuo ne ne Papa ɔnwuo woo no. Ɔnyaa tumi kronkron firii Onyankopɔn, Ne Papa hɔ. Ɔnyaa owuo tebea firii Maria, ne maame hɔ, na na ɔkɔm, osukɔm, ɔbrɛ ne owuo tumi ba ne so.
Esiane sɛ Yesu Kristo yɛ Agya no Ba a Ɔwoo no Korɔ no nti, Ɔtumi de Ne nkwa too hɔ na Ɔsan nso faa bio. Twerɛsɛm no kyerɛ sɛ “ɛnam Kristo mpata no so no,” yɛ “bɛtumi anya owusɔreɛ” Yakob 4:11 Yɛsan nso sua sɛ obiara bɛtumi “asɔre wɔ honam a ɛnnwuo mu, akɔ nkwa a ɛnniawieɛ mu” sɛ yɛ “bɛgye adi” a. N&A 29:43).
Sɛ yɛbɛte ase yie sɛ Yesu Kristo yɛ Agya no Ba a Ɔwoo no Korɔ no a, yɛn gyedie wɔ Kristo mu nyini. Elder D. Todd Christofferson a ɔka Asomafoɔ Dumienu no ho kaa sɛ, “Gyedie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu yɛ nteaseɛ ne awerɛhyɛm wɔ (1) Ne Dibea sɛ Onyankopɔn Ba a Wɔɔwoo no Korɔ no, (2) Ne Mpata a ɛnni awieɛ, (3) ne Ne nokorɛ Wusɔreɛ.” Saa mmerɛ yi mu nkɔmhyɛfoɔ adi adanseɛ sɛ: “[Yesu Kristo] yɛ…Ɔba a Wɔwoo no Korɔ wɔ honam mu, wiase Gyefoɔ no.”
Wɔ Twerɛsɛm no mu
Wɔ y’abakɔsɛm mu
Wɔ Apam Foforɔ mu no yɛhunu mmaa, deɛ wɔabɔ wɔn din ne deɛ wɔmmɔɔ wɔn din, a wɔdaa gyedie adi wɔ Yesu Kristo mu, a wɔsuaa ne nkyerɛkyerɛ na wɔdii so, na wɔdii ne som adwuma, n’anwanwa nnwuma, ne ne kɛseyɛ ho adanseɛ. Saa mmaa akyidifoɔ yi bɛyɛɛ nhwɛsoɔ ne adansefoɔ titiriw wɔ nkwagyeɛ adwuma mu.
Ebi ne sɛ, Marta dii adanseɛ kɛseɛ faa Agyenkwa no kronkronyɛ ho berɛ a ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Megye medi sɛ wone Kristo Nyankopɔn Ba no, a ɔreba wiase no” (Yohane 11:27).
Agyenkwa no kronkronyɛ ho adansefoɔ a wɔdi kan korakora no ne Ne maame Maria ne ne nua Elisabeth. Ɔbɔfo Gabriel kɔsraa Maria no, ankyɛ na ɔkɔsraa Elisabeth. Elisabeth tee Maria nkyea no, “Honhom Kronkron no hyɛɛ no ma” Luka 1:41 na ɔdii adanseɛ sɛ Maria bɛyɛ Onyankopɔn Ba no maame.
© 2013 by Intellectual Reserve, Inc. Ntintim ho akwanya. Wɔtintimm wɔ USA. English approval: 6/13. Translation approval: 6/13. Translation of Visiting Teaching Message, December 2013. Twi. 10672 503
Deɛn na mɛtumi ayɛ?
-
Adɛn nti na ɛhia sɛ mete Yesu Kristo dibea ahodoɔ no ase?
-
Kwan bɛn so na apam ma yɛn gyedie yɛ kɛseɛ?