Mmabunu
So mɛtumi de Mormon Nwoma akyɛ?
Ɔtwerɛfoɔ no te USA
Afe a ɛdi kan wɔ wɔ ntoasoɔ sukuul mu no, me seminary kyerɛkyerɛfoɔ too nsa frɛɛ asuafokuo no sɛ wɔmfa Mormon Nwoma no bi mma wɔn nnamfo. Ɛwɔ mu sɛ na ehu wɔ me mu paa ara deɛ, nanso megye too mu.
Mede nna mmienu na mede pere nyaa akokoduro, na akyire yi memaa m’adamfo Britny nwoma no bi awiaberɛ na medii m’adanseɛ tiawa. Britny daa me ase
Saa afe no awieɛ no, Britny tu firii hɔ, nanso na mete ne nka. Ɔkaa ne sukuu no ho asɛm kyerɛɛ me na ɔde kaa ho sɛ ne nnamfo dodoɔ no ara yɛ asɔremma, nanso wannka honhom mu asɛm biara annkyerɛ me.
Wei sesaae berɛ a mewiee m’asɛmpatrɛ dwuma no. Menyaa nkra firii Britny hɔ sɛ ɔwɔ asɛmpa pa bi ma me: ɛne sɛ, na ɔrebɛbɔ asu, na na ɔpɛ sɛ ɔda me ase sɛ meyɛ ne yɔnko na mayɛ nhwɛso pa.
Onyankopɔn faa abaamua a wanya 15 a ɔfɛre adeɛ a na ɔnni asɛmpatrɛ dwuma suahunu, na ɔmaa no akwankyerɛ sɛ ɔmfa asɛmpa no mma obi a Ɔnim sɛ ɔbɛgye ato mu. Menim sɛ sɛ yɛtie Honhom no a, yɛn nyina ara bɛhunu nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia a wɔretwɛn sɛ wɔbɛtie asɛmpa a wɔasan de aba bio no ho asɛm. Menim sɛ, sɛ yɛboa de mpo onipa baako brɛ Awurade a, “anigye kɛseɛ bɛn na [yɛ] ne no bɛnya wɔ [yɛn] Agya aheman mu!” N&A 18:15