Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ɔpɛnimma 2013
Abusuafoɔ ne Nnamfoɔ Afebɔɔ
Baabiara a wote no, wowɔ nnamfo a wɔrehwehwɛ anigyeɛ kɛseɛ a woanya no wɔ Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan da aba bio no mu. Ebia a wɔnntumi mmfa kasa nnkyerɛ anigyeɛ no mu, nanso sɛ wɔhunu no wɔ w’abrabɔ mu a wɔbɛtumi ahyɛ no nso. Wɔn ani bɛgye sɛ wɔbɛhunu saa anigyeɛ no farebae, nkanka berɛ a wɔnim sɛ wo nso wohyia amanehunu sɛ wɔn.
Sɛ wodi Onyankopɔn mmaransɛm so a wonya anigyeɛ. Wei ne mfasoɔ a ɛwɔ asɛmpa no ho setie mu (Mosaya 2:41). Nnhwehwɛ sɛ wobɛdi Awurade mmaransɛm so ama afoforɔ ahunu wo, mmom wɔn a wɔhunu w’anigyeɛ no, Awurade resiesie wɔn sɛdeɛ wɔbɛte Asɛmpa a aba bio no anigyesɛm.
Nhyira a wɔde ama wo no ama wo asɛdeɛ ne akwannya nwanwasoɔ. Sɛ woyɛ Yesu Kristo kyidini apamfoɔ yi, ɛyɛ wo asɛdeɛ sɛ woma afoforɔ akwannya ama woanya anigyeɛ kɛseɛ, titiriw wo nnamfo ne w’abusuafoɔ.
Awurade hunuu w’akwannya na ɔde saa mmarasɛm yi kyerɛɛ w’asɛdeɛ no mu: “na ɛhia sɛ onipa biara a wɔabɔ no kɔkɔ no, ɔbɔ ne yɔnko kɔkɔ” (N&A 88:81).
Awurade yɛ saa mmarasɛm yi mmerɛ nam akoma sesa so berɛ a yɛgye Yesu Asɛmpa na yɛdi so. Wei ma ɔdɔ a wowɔ ma afoforɔ no nyini, saa ara nso na wobɛpɛ sɛ wɔnya anigyeɛ korɔ no ara a woanya no bi.
Nhwɛsoɔ baako ne kwan a wofa so gye akwannya sɛ wobɛboa Awurade asɛmpatrɛ adwuma no. Ɛnnkyɛ, asɛmpatrɛfoɔ no bɛhunu sɛ deɛ wasakyera no bɛpene so sɛ ɔde ɔfoforɔ bɛba abɛgye asɛmpa no. Deɛ wasakyera no hwehwɛ sɛ ɔne ne nnamfo ne n’abusuafoɔ bɛkyɛ n’agigyesɛm no.
Ɛyɛ obuo kɛseɛ sɛ asɛmpatrɛ hwɛsofoɔ a ɔwɔ ward no mu ne asɛmpatrɛfoɔ no bɛhwehwɛ sɛ woma wɔn obi na wɔkyerɛ no adeɛ. Wɔnim sɛ nnamfoɔ ahunu wo anigyeɛ na ɛno nti saa nnamfoɔ yi ayɛ krado sɛ wɔbɛtie asɛmpa no na wɔasi gyinaeɛ sɛ wɔbɛdi asɛmpa no so. Na wɔwɔ awerɛhyem sɛ wobɛyɛ ɔyɔnkoɔ a wɔrehwehɛ berɛ a wɔbɛwura aheman no mu.
Ɛnnsɛ sɛ wosuro sɛ, sɛ woto nsa frɛ wo nnamfonom no sɛ wɔnhyia asɛmpatrɛfoɔ no a wo nnamfo bɛpo wo. Mewɔ nnamfo a wɔpoo asɛmpatrɛfoɔ no nanso mfeɛ kakra a abɛsen kɔ no wɔada me ase sɛ memaa wɔn biribi a menim sɛ ɛsom bo ma me. Ɛnam asɛmpa a wode ma wɔn no so no, wobɛtumi anya nnamfo afebɔɔ ɛfiri sɛ wɔhunu sɛ ama wo anigyeɛ. Sɛ wonya akwannya sɛ wobɛto nsa afrɛ wo yɔnko anaa titiriw w’abusuani sɛ ɔmmɛdi anigyeɛ nhyehyɛeɛ no akyi a, mma no mmpa wo ho.
Akwannya kɛseɛ paa ara nni hɔ wɔ wei ho a ɛso sene deɛ ɛwɔ Asɔre no tɛmpol mu. Ɛhɔ na Awurade de nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ no ma yɛn awufoɔ a wɔantumi annya bi. Wɔde ɔdɔ ne anidasoɔ retwɛn wo. Awurade ahyɛ bɔ sɛ wɔbɛnya akwannya sɛ wɔbɛba N’aheman mu, N&A 137:7–8), na wɔadua wɔn ho dɔ wɔ wo mu.
Mo mu pii na moanya ɔdɔ atenka berɛ a moyɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ ma afoforɔ, te sɛ atenka a monya berɛ a mode afoforɔ din ma asɛmpatrɛfoɔ sɛ wɔne wɔn nsua adeɛ no. Woanya ɔdɔ a mpo ɛmu dɔ paa ara atenka berɛ a woreyɛ ayɛyɛdeɛ ama w’awufoɔ. Wɔdaa no adi kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith sɛ yɛn-nnya ɛnni awieɛ anigyeɛ gye sɛ yɛma yɛn awufoɔ saa nhyira yi hokwan nam ayɛyɛdeɛ a yɛbɛyɛ ama wɔn wɔ tɛmpol. ( hwɛ N&A 128:18).
Boronya berɛ twe yɛn akoma kɔ Agyenkwa ne N’asɛmpa anigyeɛ a ɔde abrɛ yɛn no so. Yɛkyerɛ No yɛn anisɔ yie berɛ a yɛde saa anigyeɛ yi ma afoforɔ. Anisɔ bɛdane anigyeɛ berɛ a yɛma asɛmpatrɛfoɔ no din ne berɛ a yɛde yɛn awufoɔ din kɔ tɛmpol. Yɛn anisɔ ho adansedie no bɛtumi ama yɛn nnamfoɔ ne mmusua a wɔwɔ hɔ afebɔɔ.
© 2013 by Intellectual Reserve, Inc. Ntintim ho akwanya Wɔtintimm wɔ USA. English approval: 6/13. Translation approval: 6/13. Translation of First Presidency Message, December 2013. Twi. 10672 503
Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ.
Titenani Eyring kyerɛ mu sɛ yɛbɛtumi akyerɛ yɛn anisɔ ama Agyenkwa no nam asɛmpa a yɛne afoforɔ kyɛ so. Wobɛtumi ne wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ no asusu kwan a asɛmpa akyɛdeɛ no ahyira wɔn abrabɔ. Susu sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmfa mpaebɔ nhwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne wɔn kyɛ asɛmpa no ne kwan a wɔbɛfa so ayɛ.