Yɛn Mmerɛ yi mu Nkyerɛkyerɛ
Mɛlkisedɛk ne Relief Society nkyerɛkyerɛ wɔ kwasiada a ɛtɔ so nnan biara mu no, wɔde bɛkyerɛ “Yɛn Mmerɛ yi mu Nkyerɛkyerɛ.” Wɔbɛtumi de kasa a wɔkaae wɔ nansa yi amansan nhyiamu no mu baako anaa mmienu ayɛ nkyerɛkyerɛ no ho ahoboa (hwɛ pono a ɛdi soɔ no mu). Stake anaa mansini atitenafoɔ no ayi kasa a wɔde bɛdi dwuma, anaa wɔde saa asɛdeɛ yi bɛhyɛ ahwɛfoɔ anaa nkorabata atitenafoɔ no nsa. Akannifoɔ no bɛkyerɛ hia a ɛhia sɛ Anuanom a wɔkura Mɛlkisedɛk Asɔfodie no ne Relief Society mmaa no bɛsua nkyerɛkyerɛ korɔ saa kwasiada no ara.
Yɛhyɛ wɔn a wɔrekɔ kwasiada a ɛtɔ so nnan adesua no bi no nkuran sɛ wɔnsua na wɔmfa amansan nhyiamu nwoma foforɔ mmra.
Adwenkyerɛ a ɛfa Kwan a wɔfa so yɛ Nkyerɛkyerɛ ho Ahoboa
Bɔ mpaeɛ sɛ Honhom Kronkron no bɛka wo ho berɛ a woresua adeɛ na worekyerɛ nkyerɛkyerɛ-nsɛm no. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ fa nwoma foforɔ yɛ ahoboa, nanso nhyiamu nkyerɛkyerɛ na wɔma ho kwan. W’asɛdeɛ ne sɛ wobɛboa afoforɔ ama wɔasua sɛ wɔbɛsua na wɔde asɛmpa no a wɔkyerɛɛ wɔ nansa yi Asɔre amansan nhyiamu no adi dwuma.
Kɔ nkyerɛkyerɛ no mu, na hwehwɛ nnyinasosɛm ne nkyerɛkyerɛ a ɛhia ma asuafoɔ no. San nso hwehwɛ abasɛm, twerɛsɛm, ne nsɛm a ɛwɔ kasa no mu a ɛbɛboa ma woakyerɛ saa nokorɛ yi.
Twerɛ kwan a wobɛfa so akyerɛ nnyinasosɛm ne nkyerɛkyerɛ no. Susu sɛ wode nsɛmmisa bɛka ho a ɛbɛboa asuafoɔ no:
-
Hwehwɛ nnyinasosɛm ne nkyerɛkyerɛ wɔ kasa no mu.
-
Dwene ne nkyeraaseɛ ho.
-
Kyɛ wo nteaseɛ, nsusuiɛ, wo suahunu, ne w’adanseɛ.
-
Fa saa nnyinasosɛm ne nkyerɛkyerɛ yi toto wɔn abrabɔ ho.
|
Woreyɛ Bosom-bosome nkyerɛkyerɛ no |
Kwasiada a Ɛtɔ so Nnan Nwoma |
|---|---|
|
Ahinimme 2013–Oforisuo 2014 |
Kasa a wɔkaae wɔ Ahinimme 2013 amansan nhyiamu ase* |
|
Oforisuo 2014–Ahinimme 2014 |
Kasa a wɔkaae wɔ Oforisuo 2014 amansan nhyiamu ase* |