2013
Bra bɛka yɛn ho.
Ɔberɛfɛw-Obubuo 2013


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Obubuo 2813

Bra, Bɛka Yɛn Ho

Ɛmmfa ho ne yɛn tebea, yɛn abakɔsɛm, anaa yɛn adanseɛ ahoɔden, kwan wɔ hɔ ma yɛn wɔ Asɔre yi mu.

Berɛ bi, ɔbarima bi soo daeɛ sɛ na ɔwɔ dan kɛseɛ bi mu a wiase yi mu nsɔrensɔre nyina ara ahyia mu wɔ hɔ. Ɔhunuu sɛ asɔre biara wɔ nneɛma a ɛrekame ayɛ sɛ ɛyɛ na ɛfata.

Ɔhyiaa awarefoɔ bi a wɔyɛ ananmusifoɔ ma Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ na ɔbisaa wɔn sɛ, “Deɛn na mowhewhɛ firi mo asɔremma hɔ?”

Ɔyii ano sɛ “yɛnnhwehwɛ hwee mmfiri wɔn hɔ.” “Nanso Awurade se yɛmfa biribiara mmɔ afɔdeɛ.”

Awarefoɔ no toaa so kyerɛkyerɛɛ Asɔre no frɛ dwuma mu, fie ne nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ, asɛmpatrɛ adwuma a ɛgye berɛ, dapɛn biara abusua fie anwummerɛ, tɛmpol adwuma, yiedie ne adɔyɛ som, ne adekyerɛ dwumadie.

“Motua mo nkorɔfoɔ no ka wɔ adwuma a wɔyɛ no nyina ara?” ɔbarima ni bisaae.

“O, daabi,” awarefoɔ no yii ano. “Wɔde wɔn mmerɛ ma kwa.”

Awarefoɔ no toaa so sɛ, “abosome nsia biara nso no, dapɛn awieɛ no wɔkɔtie anaa wɔwhɛ amansan nhyiamu bɛyɛ dɔnhwere 10.”

“Dɔnhwere du a nnipa de rekasa?” ɔbarima no bisaae.

“Na dapɛn biara asɔre som nso ɛ? Ɛgye berɛ sɛn?”

“Dɔnhwere mmiɛnsa, kwasiada biara!”

“O, hoh,” ɔbarima no kaae. “So ɛyɛ nokorɛ sɛ mo asɔremma no yɛ deɛ wokaae no ampa?”

“Saa ɛne deɛ ɛkeka ho. Yɛnnkaa abusua abakɔsɛm, mmabunu nsraban, kronkronyɛ nhyiamu, twerɛsɛm-sua, akannifoɔ nteteɛ, mmabunu dwumadie, anɔpa tutuutu twerɛsɛm sukuu, Asɔredan mu asiesie, na Awurade apɔɔmuden mmara nso, bosom biara akɔmkyene a yɛyɛ de boa onnibiefoɔ, ne ntotosoɔ du du.”

Ɔbarima no kaae sɛ, “Afei deɛ abɔ me pusa. Adɛn na ɛsɛ sɛ obi dɔm asɔre a ɛte saa?”

Awarefoɔ no nwiinwiieɛ na wɔkaa sɛ, “Na ɛyɛ yɛn sɛ wommisa wei da.”

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Obi Dɔm Asɔre a Ɛte Saa?

Berɛ a nsɔre bebree a wɔwɔ wiase nyina ara dodoɔ so rehwan kɛseɛ pa ara no, Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ—ka nsɔre a wɔrenyini yie pa ara wɔ wiase, ɛwɔ mu sɛ sɛ yɛde toto afoforɔ—ho a ɛsua. Obubuo 2013 a abɛsen kɔ mu no na Asɔre no wɔ nnipa bɛboro ɔpepem 15 wɔ wiase afanaa nyina ara.

Nneɛma pii nti na ɛma no ba saa, nanso mɛka ɛmu kakra.

Agyenkwa no Asɔre

Deɛ ɛdi kan, Yesu Kristo ankasa na ɔde saa Asɔre yi baa bio. Aha na wobɛhunu tumi a wɔde di dwuma wɔ Ne din—mu, de bɔ asu ma bɔne fafiri, de ma Honhom Kronkron akyɛdeɛ no, na wɔde kyekyere wɔ asase ne soro.

Wɔn a wɔdɔm saa Asɔre yi dɔ Agyenkwa Yesu Kristo na wɔpɛ sɛ wɔdi n’akyi. Wɔdi ahurisie wɔ nimdeɛ a wɔwɔ sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛ adasamma bio. Sɛ wɔn nsa ka asɔfodie kronkron no ayɛyɛdeɛ no na wɔne Onyankopɔn yɛ apam a, wɔte ne tumi nka wɔ wɔn abrabɔ mu. Sɛ wɔwura tɛmpol kronkron no mu a, wɔte nka sɛ wɔwɔ ne nkyɛn. Sɛ wɔkenkan twerɛsɛm kronkron no na wɔdi Ne nkɔmhyɛfoɔ no nkyerɛkyerɛ so a, wɔtwe bɛn Agyenkwa no a wɔdɔ no yie no.

Gyedie a Ɛwɔ Ahoɔden

Deɛ ɛka ho nso ne sɛ Asɔre no de papayɛ ho akwannya to hɔ ma.

Ɛyɛ ade pa sɛ yɛbɛgye Onyankopɔn adi, nanso ɛnnyɛ deɛ nnipa bebree hwehwɛ nko ara ne sɛ wɔbɛtie nsɛmpa a ɛka akoma anaa sɛ wɔbɛso wɔn afie a ɛwɔ soro ho daeɛ. Wɔpɛ sɛ wɔde wɔn gyedie di dwuma. Wɔpɛ sɛ wɔsɔre na wɔde wɔn ho hyɛ adwuma kɛseɛ yi mu.

Na saa ara na ɛsi berɛ a wɔbɛka yɛn ho—wɔnya akwannya bebree a ɛsesa wɔn adom-akyɛdeɛ, wɔn mmɔborɔhunu, ne mmerɛ a wɔde hyɛ adwuma pa mu. Ɛsiane sɛ yɛnni asɔfoɔ a yɛtua wɔn ka wɔ nkorabata ahodoɔ a ɛwɔ wiase afanaa nyina ara mu no nti, asɔremma no ankasa na wɔyɛ ɔsom adwuma no. Wɔnam nkannyan so na wɔfrɛ wɔn. Ɛtɔ da a yɛtu yɛn ho si hɔ; ɛtɔ sa “tu yɛn si hɔ.” Yɛnnhunu asɛdeɛ sɛ adesoa mmom akwannya a yɛde hyɛ apam a yɛde anigyeɛ yɛ sɛ yɛbɛsom Onyankpɔn ne mma no.

Nhyira a Ɛsom Bo

Ade a ɛtɔ so mmiɛnsa nti a nnipa dɔm saa Asɔre yi ne sɛ nanteɛ a yɛnante fa kyidifoɔ kwan so no de yɛn kɔ nhyira a ɛsom boɔ mu.

Yɛhunu asubɔ sɛ yɛn kyidifoɔ akwantuo no ahyɛaseɛ. Nante a yɛne Yesu Kristo nante daa no de yɛn kɔ asomdwoeɛ ne gyinaeɛsie wɔ abrabɔ yi mu ne ɔdɔ kɛseɛ ne nkwa a ɛnni awieɛ wɔ wiase a ɛbɛba no mu.

Wɔn a wɔfa saa kwan yi so nokorɛ mu no kwati nkukuruhweaseɛ, ɔyaw ne nnuhoo a ɛwɔ abrabɔ yi mu.

Wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase wɔ honhom mu no nya nimdeɛ ademudeɛ kɛseɛ wɔ ha.

Wɔn a wɔhunu amaneɛ anaa wɔdi awerɛhoɔ nya ayaresa wɔ ha.

Wɔn a bɔne ayɛ wɔn adesoa no nya bɔne fafiri, fohodie, ne ahome.

Wɔn A Wɔfiri Mu no

Nokorɛ akyiri akwan pɛ de nnipa ɔpepe aba Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu. Nanso, ebinom wɔ hɔ a wɔgyae Asɔre no a na berɛ bi wɔn ani gye ho no.

Obi bɛbisa sɛ, “Sɛ asɛmpa no yɛ nwanwasoɔ pa ara a, adɛn nti na obi bɛgyae?”

Ɛtɔ da a yɛsusu sɛ ebia wɔafom yɛn, anaa wɔyɛ akwadworɔ anaa wɔayɛ bɔne. Deɛ ɛwɔ mu no sɛ, ɛnnhyɛ da nnyɛ mmerɛ saa. Ɛyɛ nokorɛ sɛ, tebea ahodoɔ no nni sɛenti baako.

Yɛn asɔremma adɔfoɔ no binom de mfeɛ pii dwendwen sɛ wɔmfiri Asɔre no mu anaa.

Wɔ Asɔre yi mu no, yɛde obuo ma obiara fahodie yie; abaamua a ɛnam no so ma Asɔre yi san baae bio no bisaa ne ho nsɛm na ɔhwehwɛɛ ɛho mmuae, ɛno nti yɛde obuo ma wɔn a wɔde nokorɛ hwehwɛ nokorɛ no. Ɛbɛyɛ yɛn ya sɛ wɔn akwantuo no de wɔn bɛfiri Asɔre a yɛpɛ ne nokorɛ a yɛanya no mu, nanso yɛde anidie ma wɔn hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom Ɔtumfoɔ Nyankopɔn no sɛdeɛ wɔn ahonim kyerɛ wɔn, sɛdeɛ yɛn nso yɛpere saa akwannya no ma yɛn ho no.

Nsɛmmisa a Nyiano nni ho

Ebinom adwene mu nntene wɔn wɔ nsɛm bi a asisi ho anaa deɛ ebinom aka dada a wɔmmaa ho nkyerɛkyerɛmu ho. Yɛde to dwa sɛ bɛyɛ mfeɛ 200 nie wɔ Asɔre yi abakɔsɛm mu no nsɛm asisi daa a ɛnam nkannyan so, a ɛyɛ animuonyam na ɛfiri soro, nanso ebinom aka nsɛm bi anaa wɔayɛ biribi a ɛma nnipa gye ho kyim.

Ɛtɔ da a yɛbisa nsɛm ɛfiri sɛ yɛnni nkyerɛkyerɛmu no nyina ara na ɛbɛhia sɛ yɛto yɛn bo ase kakra. Sɛ wɔyi nokorɛ no nyina ara adi kyerɛ yɛn a, nneɛma a na yɛnnte aseɛ no, yɛbɛ te aseɛ yie pa ara.

Ɛtɔ da a ɛsono obiara ne n’adwenkyerɛ ɛfa “deɛ ɛsiiɛ” ankasa no ho. Asɛmmisa a ɛde akyinngyeɛ ba no, sɛ yɛhwehwɛ mu yie a, ɛto yɛn gyedie so

Nnipa a Wɔnni mũ mfomsoɔ

Na sɛ yɛbɛka nokorɛ pa ara a, mmerɛ bi aba a asɔremma anaa Asɔre yi mu Akannifoɔ ayɛ mfomsoɔ. Nneɛma binom wɔ hɔ a ebinom aka anaa wɔayɛ a ɛne yɛn gyedie, nnyinasosɛm, anaa yɛn nkyerɛkyerɛ bɔ abira.

Mesusu sɛ nnipa a wɔdi Asɔre no anim no yɛ pɛpɛɛpɛ a, anka Asɔre no nso bɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Onyankopɔn yɛ pɛpɛɛpɛ, na Ne nkyerɛkyerɛ yɛ korɔgyeen. Nanso Ɔyɛ adwuma fa— ne mma—a wɔnnyɛ pɛpɛɛpɛ so na nnipa a wɔnnyɛ pɛpɛɛpɛ no yɛ mfomsoɔ.

Wɔ krataafa a ɛdi kan koraa wɔ Mormon Nwoma no mu no wɔatwerɛ sɛ, “Na sɛ mfomsoɔ bi nso wɔ mu a na ɛfiri nnipa; saa nti mma wɔn nnkasa ntia nneɛma a Onyankopɔn ayɛ, ama wɔannya mo ho nkekaawa wɔ Kristo atɛmmuo-adwa no anim.”

Saa na ɛteɛ daa na ɛbɛkɔ so ayɛ saa ara kɔsi ɛda ɛdi mu no berɛ a Kristo ankasa bɛdi hene wɔ asase so.

Ɛyɛ awerɛhoɔ sɛ ebinom ahwe ase ɛnam mfomsoɔ a nnipa ayɛ nti. Nanso yei akyiri no, nokorɛ a ɛnni awieɛ a wɔasan de aba bio a ɛwɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no mu no, wɔnguu ho fi, wɔnnyɛɛ no ketewa, anaa wɔnnsɛɛe no.

Sɛ meyɛ Yesu Kristo Somafoɔ yi na me ara mahunu Asɔre no agyinatukuo ne ɛmu nnwuma no nti, medi adanseɛ a ɛdi mu sɛ wɔnnsi gyinaeɛ biara a ɛho hia a ɛfa Asɔre yi anaa ɛmu mma ho a wɔmmfa nsiyɛ nnsrɛ nkannyan, akwankyerɛ, ne mfoasoɔ mmfiri Agya a Ɔnni Awieɛ no hɔ. Wei ne Yesu Kristo Asɔre no. Onyankopɔn mma kwan sɛ N’Asɔre mmfiri kwan a ɛnam soɔ no so anaa sɛ ɛbɛdi hwammɔ wɔ n’adwuma kronkron no mu.

Kwan Wɔ Hɔ Ma Wo

Mo a moatwe mo ho afiri Asɔre no mu no, mese mo, me nnamfo pa sɛ kwan da so wɔ hɔ ma mo wɔ ha.

Mommra na momfa mo adom akyɛdeɛ, mo akyɛdeɛ, ne mo ahoɔden nka yɛn deɛ ho. Sɛ ɛba saa a yɛbɛkɔ yɛn anim.

Ebinom bɛbisa ,sɛ “Na deɛ ɛkyere m’adwene nso no ɛ?”

Ɛyɛ sɛ yɛbɛwɔ nsɛmmisa,—ɛfiri sɛ nsɛm a yɛbisa nokorɛ mu no taa de nteaseɛ a ɛmu dɔ yie ba. Asɔremma kakraabi na ɛwɔ Asɔre no mu a, a nsɛm a ɛmu yɛ duru anaa ɛyɛ asefem, ankyere wɔn adwene da. Asɔre no botaeɛ no mu baako ne sɛ yɛbɛhwɛ na yɛadua gyedie—aba no mpo, ɛtɔ da a, wɔ akyingyeɛ ne adwene a ɛnnsi pi mu. Gyedie yɛ anidasoɔ a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛnnhunu nanso ɛyɛ nokorɛ mu.

Ɛno nti, anuanom ne adɔfoɔ, —me nnamfo pa, —mesrɛ mo, monni kan nnye mo akyingyeɛ ho kyim ansana na moagye mo gyedie ho kyim. Ɛnnsɛ sɛ yɛma yɛn akyingyeɛ fa yɛn nnɔmum na ɛtwe yɛn firi ɔdɔ, asomdwoeɛ, ne akyɛdeɛ kronkron no a ɛnam gyedie wɔ Awurade Yesu Kristo mu.

Ebinom bɛka sɛ, “Me ho nntene me wɔ nkorɔfoɔ a wɔwɔ Asɔre yi mu. ”

Sɛ wobɛtumi ahwehwɛ yɛn akoma mu a, ebia wobɛhunu sɛ wo ho bɛtene wo yie wɔ mu sene sɛdeɛ wosusu no. Ɛbɛyɛ wo nwanwa sɛ wobɛhunu sɛ yɛwɔ nneɛma a yɛrehwehwɛ ne akwansideɛ ne anidasoɔ a ɛne wo deɛ no yɛ pɛ. Ebia wo gyinaberɛ ne wo nteteɛ ne deɛ wosusu wɔ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu no nnyɛ pɛ deɛ, nanso wei bɛtumi ayɛ nhyira. Anuanom ne adɔfoɔ, nnamfo pa, yɛhia mo akyɛdeɛ sononko ne mo adwenkyerɛ. Nnipa ne nkorɔfoɔ ahodoɔ a wɔwɔ wiase afanaa nyina ara yɛ ahoɔden ma Asɔre yi.

Ebinom bɛka sɛ, “Mennye nni sɛ mɛtumi adi mo mmara so.”

Ɛno nti na ɛsɛ sɛ woba! Asɔre no wɔ hɔ sɛ ɛbɛsiesie wɔn a wɔnnwie pɛyɛ, wɔn a wɔrebrɛ, ne wɔn a wɔatɔ baha. Nnipa wɔ mu pii a wɔde wɔn akoma nyina ara repere ahwehwɛ sɛ wɔbɛdi mmaransɛm no so, ɛmmfa ho sɛ wɔnnwiee pɛyɛ wɔ ho.

Ebinom bɛka sɛ , “Menim mo asɔreba bi a ɔyɛ nyaatwom. Menntumi nnɔm asɔre a obi a ɔte saa wɔ mu.”

Sɛ wohunu nyaatwom sɛ obi a ɔnntumi nni deɛ ɔgye die so pɛpɛɛpɛ a, ɛnneɛ yɛn nyina ara yɛ nyaatwom. Yɛn mu biara nni hɔ a yɛn su te sɛ Kristo, sɛdeɛ yɛnim sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ no. Nanso yɛde nsiyɛ repere sɛ yɛbɛdi yɛn mfomsoɔ ne yɛn bɔne su a yɛwɔ no so. Yɛde yɛn akoma ne yɛn kra pere sɛ yɛbɛfa Yɛsu Kristo Mpata mmoa no so atu mpɔn.

Sɛ wei ne deɛ wopɛ a, ɛnneɛ ɛmmfa ho ne tebea a wowɔ mu, w’abakɔsɛm, anaa w’adanseɛ ahoɔden, kwan wɔ hɔ ma wo wɔ Asɔre yi mu. Bra bɛka yɛn ho!

Bra bɛka yɛn ho!

Ɛwɔ mu sɛ yɛwɔ nnipa mmerɛyɛ deɛ, nanso mewɔ awerɛhyem sɛ wobɛhunu akra a wɔdi mu wɔ wiase yi mu no bi wɔ Asɔre yi mma mu. Ɛkame ayɛ sɛ Yesu Kristo Asɔre no twetwe wɔn a wɔwɔ ayamyɛ, wɔdi nokorɛ ne nsiyɛfoɔ.

Sɛ wohwehwɛ sɛ wobɛhunu nnipa a wɔyɛ pɛpɛɛpɛ a, wonnya bi. Nanso sɛ worehwehwɛ Kristo nkyerɛkyerɛ korɔngyeen, Onyankopɔn asɛm a “ɛsa ɔkra a apira no yarea,” ne Honhom Kronkron no nkɛntɛnsoɔ a ɛdwira no a, ɛnneɛ wobɛnya. Saa berɛ yi a gyedie—so rehwan yi, saa berɛ yi a bebree te nka sɛ Onyankpɔn atwe—ne ho afiri wɔn ho no, wobɛnya nkorɔfoɔ a wɔrepere sɛ wɔbɛhunu na wɔatwe abɛn wɔn Agyenkwa nam ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn ne wɔn mfɛfoɔ te sɛ wo so. Bra bɛka yɛn ho!

Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?

Mekae sɛ berɛ bi, Agyenkwa no te aseɛ no, nnipa pii paa N’akyi. Yesu bisaa N’asuafoɔ dumienu no sɛ:

“Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?

“Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.”

Berɛ bi ba a ɛwɔ sɛ yɛyi saa asɛmmisa korɔ yi ano. “Yɛn nso, yɛpɛ sɛ yɛkɔ bi anaa? Anaa te sɛ deɛ petro yɛɛe no, yɛbɛsɔ daa nkwa nsɛm no mu yie?

Sɛ worehwehwɛ nokorɛ no a ɛyɛ kwan a wobɛfa so de gyedie adi dwuma; sɛ worehwehwɛ faako a wɔbɛgye wo ato mu a: Bra bɛka yɛn ho!

Sɛ woagyae gyedie a, berɛ bi, na wokura mu no a: San bra. Ka yɛn ho

Sɛ ɛyɛ wo sɛ firi mu kɔ a: Twɛn kakra. Kwan wɔ hɔ ma wo.

Mesrɛ mo nyina ara a moretie anaa morekenkan saa nsɛm yi sɛ: Mommra mmɛka yɛn ho. Mommra mmɛtie Kristo frɛ bɔkɔɔ no. Fa w’asɛnnua na di N’akyi.

Bra bɛka yɛn ho! Ɛfiri sɛ ɛha na wobɛnya deɛ ɛsom boɔ kyɛn biribiara.

Medi adanseɛ sɛ wobɛnya daa nkwa nsɛm, ɔgyeɛ a wɔahyɛ ho bɔ no, ne kwan a ɛkɔ asomdwoeɛ ne anigyeɛ mu.

Medi nsiyɛ bɔ mpaeɛ sɛ: hwehwɛ a worehwehwɛ nokorɛ no bɛma woanya ɔpɛ bi wɔ w’akoma mu sɛ wobɛba na woabɛka yɛn ho. Wɔ Yesu Kristo din Kronkron no mu, amen.