2013
Menni wo Hwammɔ, na Memmpa W’akyi
Ɔberɛfɛw-Obubuo 2013


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Obubuo 2013

“Menni wo Hwammɔ, na Memmpa W’akyi”

Yɛn Soro Agya…nim sɛ yɛnya suahunu, nyini na yɛnya ahoɔden berɛ a yɛhyia na yɛdi amanehunu a ɛsɛ sɛ yɛfa mu no so.

Ɛnnɛ mɛtwerɛ wɔ me journal mu sɛ, “Wei yɛ nhyiamu a nkannyan wɔ mu pa ara sene nhyiamu biara a makɔ da.” Biribiara yɛɛ sononko a honhom wɔ mu pa ara.”

Anuanom ne adɔfoɔ, bosome nsia a abɛsen kɔn no berɛ a yɛhyiaa mu wɔ amansan nhyiamu no, na me yere dɔfoɔ Frances da ayaresabea, a na ɔrete yaw ɛnam ahweaseɛ a ɔhwee nna kakra a na abɛsen kɔ no nti. Wɔ Kɔtɔnimma mu no, ɔsii apini adapɛn akyi sɛ ɔbɛnya ne pira ho ayaresa no, ɔkɔɔ ne kra akyi. Mahwere ade kɛseɛ. Yɛwaree wɔ Salt Lake Tɛmpol wɔ Ahinime (da ɛtɔ so) 7, 1948. Ɔkyena na anka yɛbɛdi yɛn awareɛ afehyiada a ɛtɔ so 65. Na ɔyɛ m’abrabɔ mu dɔfoɔ, me yɔnko a megye no die, ne ɔyɔnkoɔ a ɔbɛn me pa ara. Meka sɛ mafe no a, ɛnntumi nnkyerɛ atenka kɛseɛ a mewɔ ma no.

Saa nhyiamu yi ne mfeɛ 50 fiti berɛ a Otitenani David O. McKay frɛɛ me baa Asomafoɔ Dumienu kuo no mu. Wɔ saa mmerɛ yi nyina ara mu no atenka a menyaae ara ne me hokafo pa mmoa a ɛhyɛ ma na ɛdi mu no. Ɔbɔɔ afɔdeɛ pii de boa ma medii me frɛ no nni. Mante da sɛ ɔrewiinwii berɛ a na metaa tu kwan nna pii anaa ɛtɔ da nnaawɔte firi ɔno ne yɛn mma nkyɛn. Na ɔyɛ ɔsoro bɔfoɔ ampa.

Mepɛ sɛ mede me nnaaseɛ, ne m’abusua deɛ, ma wɔ ɔdɔ kɛseɛ a wɔada no adi akyerɛ yɛn firi berɛ a Frances firii mu no. Yɛnyaa nkratoɔ krataa ne nkrataa ahaha firii wiase afanaa nyina ara a ɛno mu no wɔkyerɛɛ wɔn dɔ a wɔwɔ ma no ne wɔn awerɛkyekyesɛm a wɔwɔ ma yɛn abusua. Yɛn nsa kaa nhwiren fɛɛfɛ pii. Yɛn ani sɔ ntoboa bebree a wɔyɛɛe maa Amansan Asɛmpatrɛ-dwuma Fotoɔ no wɔ ne din mu. Megyina yɛn a wagya yɛn akyi no ananmu de nnaaseɛ kɛseɛ ma mo wɔ mo ayamyɛ ne mo adɔyɛ nsɛm.

Awerɛkyekyere a ɛyɛ kɛseɛ pa ara saa awerɛhoɔ berɛ a yɛredi nkra yi ne m’adanseɛ fa Yesu Kristo asɛmpa ho ne nimdeɛ a mewɔ sɛ me dɔ da so te ase. Menim sɛ yɛn mpaapaamu yi yɛ tiawa. Yɛayɛ nsɔano ayɛyɛdeɛ wɔ Onyankopɔn fie nam obi a ɔkura tumi sɛ ɔkyekyere wɔ asase so ne soro. Menim sɛ yɛbɛsan aka abɔ mu bio na yɛn mu rentete da bio. Wei ne nimdeɛ a ɛhyɛ me den.

Anuanom ne adɔfoɔ, yɛbɛtumi asusu sɛ onipa biara nntenaa ase a ɔnnte yaw anaa awerɛhoɔ biara, na mmerɛ biara nni hɔ wɔ adasamma abakɔsɛm mu a akwansideɛ anaa ahohiahia nni hɔ.

Sɛ ɔbra akwantuo no bɛyɛ bisibasaa a, ɛyɛ a ɛma yɛbisa yɛn ho sɛ “me nko ara deɛ adɛn?” Ɛtɔ da a yɛnni anidasoɔ biara, yɛnnhunu hann biara a ɛbɛma sum ayera. Adaɛsoɔ a amma mu de abasamguo brɛ yɛn, anidasoɔ a ayera no de akomatuo brɛ yɛn. Yɛ-su twerɛ kronkron no mu su no bi, sɛ: “Anneduhwam biara nni Gilead?” Yɛtenka sɛ wɔayi yɛn totwene; yɛnya akoma yaw, na yɛyɛ ankonam. Ɛmma yɛnnhunu anidasoɔ biara ɛnam yɛn abrabɔ mu asiane nti. Yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛnya yɛn haw ho anoaduro, na yɛn werɛ firi sɛ yɛhia ɔsoro su a ɛyɛ aboterɛ.

Akwansideɛ a ɛba yɛn so no yɛ ade a ɛsɔ yɛn hwɛ sɛ yɛbɛpere akɔ yɛn anim. Asɛmmisa titire a ɛsɛ sɛ yɛyi ano ne sɛ: so mempa aba, anaa menwie? Sɛ ebinom hunu sɛ wɔnntumi nni wɔn haw so a, wɔpa aba. Yɛ-wie nso kyerɛ sɛ pere kɔsi mpo ɔbra awieɛ.

Berɛ a yɛredwene nsɛm a ɛto yɛn ho no, yɛbɛtumi ne tete Hiob abɔ mu aka sɛ, “wɔwoo onipa maa ɔhaw.” Na Hiob yɛ onipa a “ɔdi mu na ɔtene” a “ɔsuro Oyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.” Ɛkɔbaa sɛ Hiob a na ɔwɔ nyamesuro su, na ɔyɛ ɔdefoɔ pa ara no hyia sɔhwɛ a ɛbɛtumi asɛe obiara. Ɔhweree n’ahodeɛ, ne nnamfonom dii ne ho fɛw, n’amanehunu dii no nnya, ɔdii n’abusua a wahwere no ho yaw, na wɔtuu no fo sɛ “dome Onyankopɔn na wu.” Ɔgyinaa saa sɔhwɛ yi ano na ɔfirii n’akoma mu kaa sɛ:

“Seesei mpo, hwɛ ɔsoro ne me danseni wɔ, na medimafoɔ wɔ deɛ ɛkorɔn.”

“Menim sɛ me dimafoɔ te ase.”

Hiob kuraa na gyedie mu. So yɛn nso bɛtumi ayɛ saa berɛ a yɛkɔ amaneɛ a ɛyɛ yɛn dea mu?

Berɛbiara a yɛrenya atenka sɛ abrabɔ mu nkukruhwease reyɛ adesoa ama yɛn no, yɛnkae sɛ ebinom akɔ saa tebea no mu, na wɔagyina ano adi nkonim.

Asɔre yi abakɔsɛm wɔ saa asɛmpa mahyɛ berɛ ano yi wɔ saa suahunu yi a ɛfa wɔn a wɔbrɛɛe nanso wɔgyinaa pintinn na wɔmaa wɔn bo tɔɔ wɔn yam. Adɛn nti a? Wɔama Yesu Kristo asɛmpa no ayɛ wɔn abrabɔ nnyinasoɔ. Wei na ɛma yɛn ahoɔden ma yɛtumi fa biribiara a yɛahyia wɔ yɛn akwan mu. Yɛbɛkɔ so ahyia akwansideɛ nanso yɛbɛtumi agyina ano, akokoduro so, na yɛbɛdi nkonim.

Saa soro nkuranhyɛsɛm ne bɔhyɛ a ɛsom boɔ no ma yɛn so firi yɛn mpa mu yaw mu, nisuo a yɛkyi gu sumie so: “Merempa wo, na merennya wo.” Saa awerɛkyekyerɛ yi som bo pa ara.

Kwan a matu akɔ wiase afanan nyina ara akɔyɛ me frɛ ho asɛdeɛ no ama mahunu nneɛma—pii—deɛ ɛka ho a ɛnnyɛ ade ketewa ne awerɛhoɔ ne amanehunu a ɛwɔ baabiara no. Menntumi nnkari awerɛhoɔ ne ɔyaw a mahunu berɛ a makɔ sra wɔn a wɔrehyia yawdie, yareɛ, awaregyaeɛ, ɔba barima anaa ɔba-baa a ɔyɛ asobrakyeɛ, anaa ɔrehyia bɔne ho nsunsuansoɔ. Mɛtumi akɔ so aka dodoɔ pii ɛfiri sɛ ɔhaw bebree na ɛbɛtumi aba yɛn so. Ɛyɛ den sɛ yɛbɛma nhwɛsoɔ baako pɛ, nanso berɛbiara a mɛdwene akwansideɛ ho no, m’adwene kɔ Onuabarima Brems so, a na ɔyɛ me nkwaraa berɛ mu kwasiada sukuu kyerɛkyerɛni. Na ɔyɛ Asɔreba nokorɛfoɔ, a na ɔwɔ akoma pa. Na ɔne ne yere Sadie wɔ mma nwɔtwe, na wɔn mu pii ne yɛn mma mfeɛ yɛ pɛ.

Mene Frances ware wiee a yɛtu firii yɛn ward hɔ no, na yɛhunu Onuabarima ne Onuabaa Brems ne wɔn abusua wɔ awaregyeɛ ne ayie ase, ɛne ward nhyiamu nso ase.

Wɔ 1968 mu no Onuabarima Brems hweree ne yere, Sadie. Mfeɛ kakra akyi no ne mma nwɔtwe no mu mmienu nso firii mu.

Da koro bi bɛyɛ mfeɛ 13 nie, Onuabarima Brems nana pani frɛɛ me. Ɔkyerɛɛ mu sɛ ne nana anya mfeɛ 105. Ɔkaa sɛ, “Ɔwɔ ayarahwɛ bea ketewa bi, nanso ɔne n’abusua nyina ara hyia mu Kwasiada biara, na ɔma asɛmpa nkyerɛkyerɛ saa berɛ no.” Ɔde kaa ho sɛ, “Kwasiada a atwa mu yi Nana-barima ka kyerɛɛ yɛn sɛ “M’adɔfoɔ, mɛwu saa dapɛn yi. Momfrɛ Tommy Monson. Ɔbɛhu deɛ ɔbɛyɛ.”

Mekɔsraa Onuabarima Brems ɛda a ɛtɔ so no anwumerɛ. Na mehunuu no akyɛ. Manntumi ne no annkasa, ɛfiri sɛ na n’aso asi. Manntumi antwerɛ amma no sɛ ɔnkan, ɛfiri sɛ na n’ani afira. Wɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ n’abusuafoɔ ne no bɛkasa a, wɔde ne nsa nifa nsatea twerɛ onipa a ɔresra no no din wɔ benkum no mu. Wɔtwerɛ asɛm biara a wɔbɛka no saa kwan yi so. Mefaa sa kwan yi so sɔɔ ne nsatea mu de twerɛɛ T-O-M-M-Y M-O-N-S-O-N, din a na ɔde nim me. Onuabarima Brems ani gyeeɛ, na ɔsɔɔ me nsam de too ne tiri so. Mehunuu sɛ na ɔpɛ sɛ yɛma no asɔfodie nhyira. Ɔhyɛnkafoɔ a ɔne me kɔɔ ayaresabea hɔ no kaa me ho na yɛde nsa guu Onuabarima Brems so na yɛmaa no nhyira a ɔrehwehwɛ no. Akyire no, nisuo firii n’ani a ɛnnhu adeɛ no ase guui. Ɔde nnaaseɛ sɔɔ yɛn nsa mu. Ɛwom sɛ wante nhyira a yɛde maa no deɛ, nanso na Honhom no mu yɛ den, na megyedi sɛ ɔnam nkanyan so hunuu sɛ yɛama no nhyira a ɔhia no. Na saa papa dɔfoɔ yi nnhunu adeɛ bio. Na ɔnte asɛm bio. Anɔpa ne awia nyina ara na ɔhyɛ dan bi mu wɔ ayaresabea hɔ. Nanso sereɛ a na ɛwɔ n’anim no ne nsɛm a ɔkaae no kaa m’akoma. Ɔkaa sɛ “Me da ase.” “M’Agya a ɔwɔ Soro no ne m’adi no yie.”

Sɛdeɛ na Onuabarima Brems kaae no, ɔwuui nnaawɔtwe akyi. Wannwennwene deɛ ɔnni ho da; mmom, n’ani sɔɔ nhyira bebree a na ɔwɔ no yie.

Yɛn Soro Agya, a ɔma yɛn deɛ ɛboro so a ɛma yɛn anigyeɛ no nim nso sɛ yɛnya suahunu, nyini na yɛnya ahoɔden berɛ a yɛhyia na yɛdi amanehunu a ɛsɛ sɛ yɛfa mu no so. Yɛnim sɛ mmerɛ bi wɔ hɔ a yɛnya awerɛhoɔ a ɛtu akoma, mmerɛ a yɛdi yaw ne mmerɛ a yɛhyia nsɔhwɛ kɛseɛ pa ara. Nanso, saa akwansideɛ yi boa yɛn ma yɛsesa bɛyɛ papa, ma yɛtoto yɛn abrabɔ yie wɔ kwan a yɛn Soro Agya kyerɛ no so, na yɛsesa firi sɛdeɛ na yɛteɛ dada no ho—yɛbɛdi mu kyɛn kane no, yɛbɛnya nteaseɛ kyɛn kane no, yɛbɛnya akokoduro sene kane no, na yɛn adanseɛ bɛyɛ kɛseɛ sene kane no.

Momma wei nyɛ yɛn asɛdeɛ—sɛ yɛbɛka ntini mu na yɛapere; aane, na yɛmma yɛn ho nso nte honhom mu berɛ a yɛrenante awia ne sum mu. Sɛ yɛn akwansideɛ nni hɔ a yɛbɛdi so, na ɔhaw nni hɔ a yɛbɛsi ano a, anka yɛbɛyɛ te sɛ deɛ yɛteɛ yi ara; na yɛn mpontuo bɛyɛ ketewa anaa yɛnnya bi koraa a yɛde bɛpere yɛn nkwa a ɛnni awieɛ botaeɛ no. Anwensɛm-twerɛfoɔ no kaa saa ara wɔ saa nsɛm yi mu:

Dua pa nyini wɔ ahoɔmerɛ so,

Mframa kɛseɛ na ɛkyerɛ dua no ahoɔden

Awiem mu twe a na ɛkyerɛ ne tenten,

Ahum no bɔ kɛseɛ a na ɛnya ahoɔden kɛseɛ,

Ɛnam owia, ne awɔ so, ɛnam nsuo ne sukyerɛmma so,

Nnua ne nnipa mu na mpunam pa firi ba.

Owura no nko ara na ɔnim yɛn amanehunu no kɛseɛ, yɛn yaw, ne yɛn apinisie. Ɔno nko na ɔma yɛn asomdwoeɛ a ɛnni awieɛ. Ɔno nko ara na ɔde awerɛkyekyerɛ nsɛm yi ma yɛn kra a abrɛ no:

“Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn na mɛma mo ahome.

“Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ahome ama mo kra.

“Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.”

Sɛ ɛyɛ mmerɛ pa mu anaa mmerɛ denden mu o, Ɔka yɛn ho. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ wei nnsesa da.

Me nuanom ne adɔfoɔ, yɛmfa yɛn ho nsi hɔ mma yɛn Soro Agya a ɔnnhinhim na ɔnnsesa wɔ ɔhaw mu anaa mfeɛ pii mu. Ɛnsɛ sɛ yɛkɔ ahaw mu ansana yakae no, na ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase ansana yɛanya gyedie ne awerɛhyem wɔ ne mu.

Yɛnkɔ so mpere mmɛn Ɔsoro Agya no. Sɛ yɛbɛ yɛ wei a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae na yɛtie No da biara. Ampa yɛhia no aberɛ nyina ara, owia mu o, nsuo mu o. Ne bɔhyɛ no nyɛ yɛn anidasoɔ daa: “Menni wo Hwammɔ, na Memmpa W’akyi.”

Mede me kra ahoɔden nyina ara di adanseɛ sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdɔ yɛn, ne Ba a Ɔwoo no Koro no baa wiase na ɔwu maa yɛn, na Yesu Kristo asɛmpa no yɛ hann a ɛhwire mu, deɛ ɛhyerɛn wɔ yɛn abrabɔ mu sum no. Ɛnkɔ so nyɛ saa daa, wei ne me mpaeɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron mu, amen.

Atwerɛ

  1. Yeremia 8:22

  2. Job 5:7.

  3. Hiob 1:1

  4. Hiob 2:9

  5. Hiob 16:19

  6. Hiob 19:25

  7. Yosua 1:5

  8. Douglas Malloch, “Good Timber,” in Sterling W. Sill, Making the Most of Yourself (1971), 23.

  9. Mateo 11:28–30.

  10. Yosua 1:5.