Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ahinimme 2013
Yɛn Asɛdeɛ Sɛ Yɛbɛgye Nkwa
Hia a ɛhia sɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ bɛgye wɔn nuanom maa ne mmarimma, a biribi nti, wɔawae afiri Asɔre dwumadie ho no yɛ ahiasɛm afebɔɔ. So yɛnim saa nkorɔfoɔ yi a kane no na wɔagye asɛmpa no? Sɛ ɛte saa a, ɛnneɛ deɛn ne yɛn asɛdeɛ sɛ yɛbɛgye wɔn nkwa?
Dwene nkɔkorafoɔ, akunafoɔ, ne ayarefoɔ a wɔka wɔn a wɔayera no ho. Mpɛn pii no wɔkɔdi matemeho ɛserɛ pradada so a wɔfrɛ no ankonam. Sɛ mmrantemmerɛ twa mu, na apomden so te, na ahoɔden so hwann, na anidasoɔ han hyɛ aseɛ sɛ ɛredum a, nsa a ɛboa ne akoma a anim ahummɔborɔ na ɛbɛtumi aboa wɔn ama wɔagyina wɔn nan so.
Ɛyɛ ampa sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔhia mmoa. Ebinom rebrɛ wɔ bɔne mu, ebinom nenam basabasa ɛnam suro anaa aniha anaa nim a wɔnnim nti. Biribi nti, wɔate wɔn ho afiri Asɔre dwumadie mu. Na ampara wɔbɛkɔso awɔ amaneɛ mu kɔsi sɛ asɔremma—a wɔgyina wɔn nan so no bɛnya ɔpɛ pa sɛ wɔbɛgye wɔn.
Obi a Ɔbɛkyerɛ Kwan no
Berɛ bi a atwa mu no menyaa krataa bi firii onuabarima bi a na wagyae Asɔre no. Ɛte sɛ yɛn asɔremma bebree. Ɔkyerɛɛ deɛ ɛmaa no te daae no wieeɛ no, ɔde kaa ho sɛ:
“Na mewɔ nnepa bebree na afei deɛ aka me kakraabi. M’ani nnye na ɛyɛ me sɛ meredi nkoguo wɔ biribiara mu. Asɛmpa no mmfirii m’akoma mu, ɛwɔ mu sɛ afiri m’abrabɔ mu deɛ. Meresrɛ mo mpaebɔ.
“Mesrɛ mo, momma mo werɛ mmfiri yɛn a yɛwɔ ha yi—nna a ɛdi akyirefoɔ a wɔayera no. Menim faako a Asɔre no wɔ, nanso ɛyɛ a medwen sɛ mɛhia obi ma wakyerɛ me kwan no, ahyɛ me nkuran, ayi suro afiri me mu na wadi adanseɛ akyerɛ me.”
Berɛ a na merekan saa krataa yi, mekaee berɛ a mekɔɔ bea a wɔkora adwinneɛ a ɛdi mũ kyɛn deɛ ɛwɔ wiase nyinaa—a wɔfrɛ no Victoria ne Albert Adekoraeɛ a agye din wɔ London, Enyiresi no. Na mfoni fɛɛfɛ a ɛdi mu bi wɔ hɔ a Joseph Turner nnweneeɛ wɔ 1831. Na mfoni no kyerɛ mununkum kabii ne ɛpo a ɛrebu asorɔkyerɛ huuhu a ɛbɛtumi afa nipa. Na hyɛmma bi nam akyirikyiri a ne kanea asɔ. Wɔ anim kakra no, na hyɛmma a wɔde gye nipa nam asorɔkyerɛ no mu rekɔ. Mmarima no kwann wɔn atabɔn no ahoɔden mu wɔ ahum no mu. Ɛpo n’ano hɔ no, na ɔyere bi ne ne mma mmienu gyina hɔ, a nsuo atɔ afɔ wɔn na ahum rebɔ wɔn. Wɔde ayamhyehyeɛ hwɛɛ ɛpo no so. Metoo mfoni no din wɔ m’adwen mu. Me deɛ mehunuu no sɛ “Yɛnkɔgye wɔn kwan.”
Asiane wɔ abrabɔ ahum mu. Mmarima ne mmaa, mmerantewaa ne mmaayewaa ayera kwan na wɔrebɛn ɔsɛeɛ. Hwan na ɔbɛgya n’ahotɔ a ɔwɔ wɔ fie ne abusua mu, na waka hyɛmma no akɔgye wɔn?
Yɛn asɛdeɛ nnyɛ den pii. Yɛreyɛ Awurade adwuma; ɛno nti yɛfata ne mmoa.
Berɛ a Owura no somm wɔ nnipa ntam no, Ɔfrɛɛ apofofoɔ wɔ Galilea sɛ wɔnnya wɔn asau na wɔnni n’akyi, na ɔkaa sɛ, “Mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.” Momma yɛnkɔka nnipa yifoɔ kuo no ho ama yɛatumi ama mmoa biara a yɛbɛtumi de ama.
Ɛyɛ yɛn asɛdeɛ sɛ yɛbɛgye wɔn a wɔafiri ahotɔ a ɛwɔ asɔre ahokeka mu, ama wɔatumi aba Awurade apontoɔ ho abɛdi n’asɛm na wɔanya Ne honhom adamfofa na wɔanyɛ “ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ bio, na mmom woayɛ ahotefoɔ no yɔnko-man-mma ne Nyankopɔn fiefoɔ.”
Ɔdɔ Nnyinasosɛm
Mɛhunu sɛ nneɛma titire mmienu ma nnipa san ba asɔre bio, na wɔsakyera wɔn suban, wɔn nneyɛɛ, ne wɔn nnwuma. Deɛ ɛdi kan, wɔama ankorɛankorɛ ahunu deɛ wɔbɛtumi anya wɔ akwantuo a ɛnni awieɛ no mu, na wɔasi gyinaeɛ sɛ wɔbɛpere anya. Wɔn a wɔate ada no nntumi mma wɔn ani nnsɔ deɛ ɛnni mũ berɛ a wɔnim sɛ deɛ ɛsom bo yie bɛn wɔn.
Deɛ ɛtɔ so mmienu, afoforɔ adi Agyenkwa no kɔkɔbɔ no so na wɔadɔ wɔn nuanom sɛ wɔn ho na wɔaboa ma wɔn nuanom adaeɛso ne wɔn anidasoɔ aba mu.
Ade a ɛma saa anamontuo yi ba mu ne—na ɛbɛkɔ so ayɛ—ɔdɔ nyinasosɛm.
Sɛ yɛreka a, wɔ Turner mfoni mu no, nnipa a wɔwɔ ɛhyɛn no mu, a wɔakɔ ka wɔ ɛpo no so, wɔ ahum mu no te sɛ yɛn asɔremma a wɔate ada; wɔretwɛn ɔgyeɛ afiri wɔn a wɔte hyɛmma a ɛgye nkwa no mu. Wɔn akoma rehwehwɛ mmoa. Ɛnanom ne agyanom bɔ mpaeɛ ma wɔn mma mmarima ne mma mmaa. Ɛyerenom srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ wɔn kununom mmoa. Ɛtɔ da a ɛyɛ mma no na wɔbɔ mpaeɛ ma wɔn awofoɔ.
Ɛyɛ me mpaebɔ sɛ yɛbɛnya ɔpɛ pa akɔgye wɔn a wɔate ada no, na yɛde wɔn aba Yesu Kristo asɛmpa anigyeɛ mu, ama wɔne yɛn abɛkyɛ deɛ asɔreba pa biara nya no.
Yɛntene yɛn nsa mma wɔn a wɔayera wɔ yɛn ntam: mpaninfoɔ, akunafoɔ, ayarefoɔ, wɔn a wɔadi dɛm, wɔn a wɔate ada ne wɔn a wɔnni mmaransɛm no so. Yɛntene nsa a ɛboa ne akoma a ɛnim mmɔborɔhunu mma wɔn. Sɛ yɛyɛ wei a yɛde ɔdɔ bɛba wɔn akoma mu na yɛn nso yɛbɛnya anigyeɛ kɛseɛ a ɛba yɛn so berɛ a yɛboa afoforɔ wɔ nkwa a ɛnni awieɛ kwan no so.
© 2013 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA. English approval: 6/13. Translation approval: 6/13. Nkyerɛseɛ First Presidency Message, October. 2013. Twi 10670 503
Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ.
Hwɛ sɛ wobɛbisa nnipa a moresra wɔn no sɛ wɔnim obi a ɔntaa mma asɔre a. Mobɛtumi ayi onipa baako na moasusu kwan a mobɛfa so akyerɛ ɔdɔ, te sɛ: moreto nsa afrɛ no sɛ ɔmmra abusua enwummerɛ fie anaa sɛ ɔmmra apontoɔ.