2013
Jen Akyɛdeɛ
Ɔbɛsɛ-Ahinime 2013


Mmabunu

Jen Akyɛdeɛ

Ɔtwerɛfoɔ no te Utah, USA

Metuu anamɔn bebree a na ɛnnyɛ wɔ afe a ɛtɔ so mmienu wɔ ntoasoɔ sukuu mu. Saa anamɔntuo yi de nsunsuansoɔ akɛseɛ ne awerɛhoɔ baae, na mesii gyinaeɛ sɛ mɛyɛ nsesa wɔ ahuhuro berɛ akwamma no mu. Berɛ a yɛbuee sukuu bio no, medidii wɔ adwaaeɛ anaa wɔ pia mu kwan mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛkwati afeku bɔne a wɔretwɛn sɛ wɔbɛsan agye me no.

Na mennyɛɛ akonam sei da.

Afei Onyankopɔn maa me akyɛdeɛ bi. Ɔsomaa Jen baa me nkyɛn. Wanhwɛ me mfomsoɔ so ammu me atɛn, mmom ɔhyɛɛ me nkuran sɛ mempere nkɔ ɔkwan pa no so. Ɛnam sɛ minim sɛ ɔbɛba sukuu nti metumi kɔɔ so suaa me twerɛsɛm na metoo m’adanseɛ so. Berɛ soo sɛ mɛwie sukuu no, na mama mahunu sɛ masi nkete sɛ mɛsesa.

Ɛyɛ a mebisa me ho sɛ sɛ Jen ammɛboa me a anka mɛwɔ ɛhe nnɛ. So sɛ ɔnka me ho anka mɛtena me nyinasosɛm mu anaa? Anigyesɛm ne sɛ, mennhunu da ɛfiri sɛ ɔyii n’akoma mu nyina ara, yɛɛ krado na ɔsii gyinaeɛ sɛ ɔbɛboa me.