Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ahinimme 2013
Yesu Kristo:Ɔbɔadeɛ no Dwumadie Kronkron
Fa mpaebɔ sua saa nwoma yi, na sɛ ɛfata a, ɛne anuanom mmaa a wosra wɔn no nni ho nkɔmmɔ. Fa nsɛmmisa no hyɛ wo nuanom mmaa no den na ma Relief Society nyɛ w’abrabɔ mu ahiasɛm. Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔ reliefsociety.lds.org.
Yesu Kristo “bɔɔ ɔsorosoro ne asase” 3 Nifae 9:15 Ɔnam asɔfodie tumi ne yɛn Soro Agya akwankyerɛ so na yɛɛe. (Hwɛ Mose 1:33)
Otitenani Thomas S. Monson kaa sɛ “ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ paa ara sɛ Ɔbɔadeɛ Nyansafoɔ bi bɔɔ asase na ɔde yɛn too ha ama yɛakɔ sɔhwɛ berɛ mu, a ɛyɛ a akwannya a yɛwɔ sɛ yɛbɛsiesie yɛn ho ama deɛ Onyankopɔn ahyehyɛ ama yɛn no nyina ara.” Sɛ yɛde yɛn pɛ di Onyankopɔn mmaransɛm so na sɛ yɛsakyera a, yɛdi mu sɛ yɛbɛsan akɔtena Ne nkyɛn.
Otitenani Dieter F. Uchtdorf, Fotufoɔ a Ɔtɔ so Mmienu wɔ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no mu no kaa sei faa abɔdeɛ ho:
“Yɛn nti na Ɔbɔɔ ɔsoro ne asase! …
“Mpanin bu onipa ho bɛ sɛ: sɛ wode onipa toto Onyankopɔn ho a, onipa nsɛ hwee; nanso yɛsom bo paa ara ma Onyankopɔn.” Sɛ yɛnim sɛ Yesu Kristo bɔɔ asase maa yɛn ɛfiri sɛ yɛsom bo paa ara ma Agya a Ɔwɔ Soro a, yɛn dɔ a yɛwɔ ma wɔn no bɛtumi ayɛ kɛseɛ.
Wɔ Twerɛsɛm no mu
Yohane 1:3; Hebrefoɔ1:1, 2; Mosaya 2:8; Mose 1:30. 33, 35, 39; Abraham 3:24, 25
Wɔ y’abakɔsɛm mu
Wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn sɛso(hwɛ Mose 2:26–27), na yɛbɛtumi abɛyɛ te sɛ Onyankopɔn. Nkɔmhyɛni Joseph Smith bɔɔ Relief Society mmaa no kɔkɔ sɛ “wɔmpere nnya deɛ wɔahyehyɛ ama wɔn no.” Saa nkuranhyɛsɛm yi yɛ fapem a wɔgyina so kyerɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu mmaa sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn botaeɛ a ɔwɔ ma wɔn, na wɔntumi nnya deɛ wɔahyehyɛ ama wɔn a ɛnni awieɛ no. “Sɛ wɔbɛhunu wɔn ho sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mma mmaa ankasa a wɔwɔ ɔdɔ ne nteteɛ tumi a, wɔbɛyɛ mmaa kronkron a wɔahyehyɛ sɛ wɔmmɛyɛ.”
Nkɔmhyɛni Joseph Smith kaae sɛ “Seesei wowɔ tebea mu a wobɛtumi adi dwuma sɛdeɛ mmɔborɔhunu a Onyankopɔn de ahyɛ wo mu no teɛ. “Sɛ wode saa nyinasosɛm yi di dwuma a wobɛnya kɛseyɛ ne animuonyam!Sɛ wode w’akwannya a wowɔ di dwuma a, wɔrentumi nnsi abɔfoɔ no kwan sɛ wɔnka wo ho.”
© 2013 Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA. English approval: 6/13. Translation approval: 6/13. Nkyerɛaseɛ Visiting Teaching Message, October 2013. Twi 10670 503
Deɛn na mɛtumi ayɛ?
-
Kwan bɛn so na sɛ yɛte aseɛ sɛ yɛwɔ awosu kronkron a yɛn dɔ a yɛwɔ ma Agyenkwa no bɛyɛ kɛseɛ?
-
Kwan bɛn so na yɛbɛtumi akyerɛ anisɔ ama Onyankopɔn abɔdeɛ?