2013
Yiedie
Difuu-Ɔsandaa 2013


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ɔsanaa 2013

Yiedie

Fa mpaebɔ sua saa nwoma yi, na sɛ ɛfata a, ɛne anuanom mmaa a wosra wɔn no nni ho nkɔmmɔ. Fa nsɛmmisa no hyɛ wo nuanom mmaa no den na ma Relief Society nyɛ w’abrabɔ mu ahiasɛm. Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔreliefsociety.lds.org .

Asɔre yiedie botaeɛ ne sɛ ɛbɛboa asɔremma ama wɔanya asetena pa, na aboa onnibiefoɔ ne ahiafoɔ, na ama ɔsom. Relief Society adwuma gyina Yiedie so titire. Otitenani Henry B. Eyring, Fotufoɔ a Ɔdi kan wɔ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no mu no akyerɛ sɛ:

“Firi ahyɛaseɛ no [Awurade] asiesie kwan a n’akyidifoɔ bɛnam so aboa afoforɔ. Wato nsa afrɛ Ne mma sɛ wɔmfa wɔn mmerɛ, wɔn ahodeɛ ne wɔn ho mmɔ afɔdeɛ, na wɔne No mmɔ mu nsom afoforɔ. …

“Wato nsa afrɛ yɛn na wahyɛ yɛn sɛ yɛmmɛka n’adwuma ho mma wɔn a wɔhia mmoa so. Yɛyɛ apam sɛ yɛbɛyɛ wei wɔ asubɔ nsuo mu ne Onyankopɔn tɛmpol mu. Yɛkae apam no Kwasiada biara berɛ a yɛfa adidi kronkron no.”

Ɛnam ɔhwɛfoɔ anaa nkorabata titenani no akwankyerɛ so no, mpɔtam akannifoɔ boa wɔ sunsum ne honam fam yiedie mu. Akwannya a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom no hyɛ aseɛ firi fie akyerɛkyerɛfoɔ so, wɔn na wɔde nkanyan hwehwɛ hunu kwan a wɔbɛfa so asɔ onuabaa biara a wɔsra no no ahiasɛm ano.

Wɔ Twerɛsɛm no mu

Luka 10:25–37; Yakubu 1:27; Mosaya 4:26; 18:8–11; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 104:18

Wɔ y’abakɔsɛm mu

Wɔ Ayɛwohomumɔ 9, 1842 mu no, Nkɔmhyɛni Jospeh Smith hyɛɛ Relief Society mmaa no sɛ “wɔngye onnibiefoɔ” na “wɔngye wɔn akra nkwa.” Saa botaeɛ yi da so da Relief Society akoma so na wɔka ho asɛm wɔ yɛn kasatiawa mu, “Ɔdɔ to nntwa da” (Korintofoɔ 13:8).

Yɛn Relief Society titenani a ɔtɔ so num, Emmaline B. Wells, ne n’afotufoɔ de saa kasatiawa yi too dwa wɔ 1913 sɛ ɛnyɛ yɛn nnyinasosɛm fapem no nkaeɛ: “Yɛde to dwa sɛ yɛn botaeɛ ne sɛ…yɛbɛsɔ Nkɔmhyɛni Joseph Smith nkanyan nkyerɛkyerɛ no mu yie, deɛ ɔnam so daa nhyehyɛeɛ a mmaa no nam so bɛnya denhyɛ no adi, nam akwankyerɛ a asɔfodie no maae sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano sɛ akuo a ɛdi mu na wɔmmoa ayarefoɔ, ahiafoɔ, na wɔnkyekyere mpaninfoɔ werɛ, na wɔmmɔ wɔn a wɔn ani nna hɔ no kɔkɔ, na wɔnhwɛ nnyanka.

Nnɛ, Relief Society mmoa duru wiase afanan nyina ara nam ɔdɔ mapa, Yesu Kristo dɔ korɔngyeen a wɔda n’adi kyerɛ wɔn mfɛfoɔ no so (hwɛ Moronae 7:46–47).

Atwerɛ

  1. Henry B. Eyring, “Nneyɛɛ Pa ho Akwannya,” Liahona ne Ensign, Kɔtɔnimma 2011, 22.

  2. Joseph Fielding Smith, wɔ m’Aheman mu Mma Mmaa: Relief Society Abakɔsɛm ne emu Adwuma (2011), 97.

  3. M’Aheman mu Mma Mmaa, 63

Deɛn na mɛtumi ayɛ?

  1. Kwan bɛn so na meresiesie me ho ahwɛ me ne m’abusua, honhom ne honam fa mu?

  2. Kwan bɛn so na mɛtumi adi Agyenkwa no nhwɛsoɔ so berɛ a mereboa asɔ anuanom mmaa a mehwɛ wɔn so no haw ano?