2013
Twerɛ to Hɔ
Difuu-Ɔsandaa 2013


Mmabunu

Yɛn nhwehwɛmu

Otitenani Eyring kaa asɛm a Otitenani Spencer W. Kimball kaae sɛ “journal nwoma yɛ ɔkwan a yɛfa so kan yɛn nhyira na ɛma yɛgya saa nhyira yi ho nkaeɛ ma yɛn asefoɔ.” Wɔ Ahinime, 2012 amansan nhyiamu no, Otitenani Thomas S. Monson dii journal nwoma twerɛ ho adanseɛ. Ɔkaa n’abrabɔ mu osuahunu kyerɛɛe, na ɔde kaa ho sɛ, “Me journal nwoma a na metwerɛ mu daa a makora mfeɛ pii no de nneɛma pɔtee bi aboa me a anka merentumi nkae.” Ɔtuu fo sɛ, “Montwerɛ mo abrabɔ mu nsɛm nto hɔ na monhwehwɛ ɛmu nhyira titire, deɛ ɛso ne deɛ esua, a mo nsa aka” (“Kae nhyira no,” Liahona and Ensign, Obubuo, 2012, 86). Bɔ mmɔden di saa nkɔmhyɛfoɔ afotuo akyi na si gyinaeɛ sɛ wobɛtwerɛ wo journal nwoma no mu.