Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Kitawonsa 2013
Worekyerɛ na W’asua Asɛmpa no
Fa mpaebɔ sua saa nwoma yi, na sɛ ɛfata a, ɛne anuanom mmaa a wosra wɔn no nni ho nkɔmmɔ. Fa nsɛmmisa no hyɛ wo nuanom mmaa no den na ma Relief Society nyɛ w’abrabɔ mu ahiasɛm. Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔreliefsociety.lds.org .
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
Na Yesu Kristo yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ panin. Ɔyɛɛ nhwɛsoɔ maa yɛn berɛ a ɔ”kyerɛɛ mmaa akuakuo ne ankorɛankorɛ adeɛ, wɔ mmɔntene so ne ɛpo ano, ɛwɔ subura ano ne wɔn afiafie mu. Ɔkyerɛɛ wɔn ɔdɔ mapa na ɔsaa wɔn ne wɔn abusuafoɔ yadeɛ.1
Ɔkyerɛɛ Martha ne Mary adeɛ na ”ɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ n’asu- afoɔ na wɔn-nya nkwagyeɛ, ‘adepa no’ (Luka 10:42) a obiara ntumi nnye mfiri wɔn nsa mu.”2
Awurade ahyɛ yɛn wɔ yɛn da a ɛdi akyire twerɛsɛm mu sɛ yɛn “ kyerɛ yɛnho yɛnho nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ ahennie no mu” (D&C 88:77). Ɛfa sɛ yɛrekyerɛ na yɛasua apam no, Cheryl A. Esplin, fotufoɔ a ɔtɔso mmienu wɔ Primary Amansan Atitenafoɔ mu, kaa sɛ, “Yɛresua na yɛate nkerɛkyerɛ a ɛwɔ asɛmpa no mu ase no yɛ adeɛ a ɛyɛ afebɔɔ na ɛba “nsaneeɛ ne nsaneeɛ so, ahyɛdeɛ ne ahyɛdeɛ so, ɛha kakra ne ɛhɔ kakra’. (2 Nifae 28:30).”3
Sɛ yesua, yɛ mpɛnsɛnpɛnsɛnmu, na yɛbɔ mpaeɛ a, yɛde Sunsum Kronkron tumi no bɛkyerɛ adeɛ, na ɔde yɛn nkrasɛm no “bɛkɔ nnipa mma mmarima (ne mmaa) akoma mu” (2 Nifae 33:1).
Wɔ Twerɛsɛm no mu
Wɔ y’abakɔsɛm mu
Wɔ y’abakɔsɛm mu Yɛn nkɔmhyɛfoɔ a wɔatwam no akyerɛ yɛn mmaa sɛ yɛwɔ dwuma- die a ɛsom bo sɛ akyerɛkyerɛfoɔ wɔ fie ne asɔre. Wɔ Ɛbɔ mu wɔ 1979, Otitenani Spencer W. Kimball (1895) kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ “anuanom mmaa twerɛsɛmsuafoɔ.” Ɔkaa sɛ: “Mo- nyɛ asuafoɔ nimdefoɔ wɔ twerɛsɛm no mu, ɛnnyɛ sɛ mode bɛhwe afoforɔ ase, na mmom mode bɛma wɔn so! Na mpo hwan na ɔwɔ asɛdeɛ kɛseɛ sɛ “ɔde obuo kɛseɛ bɛma” asɛmpa no mu nokware (deɛ wɔde wɔn ani to so wɔ berɛ a wɔhia akwankyerɛ) kyɛn mmaa ne maamenom a wɔtete mmɔfra na wɔkyerɛ wɔn adeɛ?4
Yɛn niynaa yɛ akyerɛkyerɛfoɔ ne adesuafoɔ. Sɛ yɛkyerɛ adeɛ firi twerɛsɛm ne nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ nsɛm mu a, yɛbɛtumi aboa afoforɔ ama wɔn aba Kristo nkyɛn. Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ adesua nnidisoɔ no mu na yɛbisa nsɛmmisa a ɛho hia na yɛtie yie a, yɛbɛtumi anya mmuaeɛ a ɛbɛboa yɛn ankasa.
Deɛn na mɛtumi ayɛ?
-
Ɔkwan bɛn so na meresiesie me ho ayɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa?
-
Medi m’adanseɛ kyerɛ me nuanom mmaa a mehwɛ wɔn so no?
© 2013 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA. English approval: 6/13. Translation approval: 6/13. Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm Visiting Teaching Message, July 2013. Twi 10667 503