Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Kitawonsa 2013
Wiase Hia Adikanfoɔ ɛnnɛ
Nnipa bebree gyedi sɛ, adikanfoɔ no akwantuo wɔ 1847 no amfiri aseɛ wɔ Nauvoo, Kirtland, Far West, anaa New York, na mmom wɔ England, Scotland, Scandinavia, anaa Germany akyirikyiri aman mu. Mmɔfra nketewa antumi annte gyedie sono a ɛkannyan wɔn awofoɔ ma wɔgyaa wɔn abusua, nnamfo, awerɛkyekyerɛ ne banbɔ hɔ no ase.
Ɔketewa tumi bisa sɛ, “Maame, adɛn na yɛrefiri fie? Yɛrekɔ he?”
“Bra ma yɛnkɔ, ɔba a wosom bo; yɛrekɔ Sion, yɛn Nyankopɔn kuro mu.”
Adeɛ a na ɛtwa wɔn fie ne bɔhyɛ man Sion no yɛ abufuo ne ɔfatwafoɔ Atlantic po kɛseɛ no. Hwan na ɔbetumi abɔ amaneɛ afa ehu a ɛkyee nipa akoma berɛ a na wɔretu owuo kwan no? Wɔnyaa nkannyan a ɛfiri Honhom no asutuomu, sane nyaa gyedie a ɛtim hɔ daa no, adikanfoɔ Ahoteɛfoɔ no gyee Onyankopɔn diiɛ na wɔtuu ɛpo so kwan no.
Wɔduu Nauvoo a wɔhyɛɛ asaase so akwantuo no pɛ na wɔkɔhyiaa amanehunu wɔ kwan mu. Ɛfiri Nauvoo kɔsi Salt Lake Ahenkuro mu no nimdefoɔ nna ne nna a aboɔ gugu so nkoaa na ɛwɔ kwan no so. Ɛno ne boɔ a adikanfoɔ no mu bi tuaaeɛ. Wɔasie wɔn wɔ asomdwoeɛ mu, nanso wɔn din tease daa.
Yoma a wɔabrɛ no nantee tifatifa, teaseanam ntwahonan no suuiɛ, akotwene boboom, na sakraman no kekaa mu. Nanso adikanfoɔ a gyedie akannyan wɔn na ahum rebɔ wɔn no tɔ kɔɔ so. Mpɛn pii no wɔtoo dwom sɛ:
Bra, bra, mo Ahoteefoɔ, mo nnsuro ɔbrɛ anaa adwuma biara;
Na momfa anigyeɛ nkɔ mo kwan.
Ɛwom sɛ akwantuo yi bɛtumi ayɛ den ama mo,
Nanso mo nna bɛyɛ adom. …
Ne nyinaa yɛ! Ne nyinaa yɛ!1
Adikanfoɔ yi kaee Awurade nsɛm no: “Ɛtwa sɛ wɔsɔ me nnipa hwɛ wɔ nneɛma nyinaa mu, sɛdeɛ wɔbɛsiesie wɔn ho de agye animuonyam a mewɔ ma wɔn, mpo Sion animuonyam.”2
Mmeresantene wisiwisi yɛn nkaeɛ na ɛhwane yɛn anisɔ ma wɔn a wɔnantee ɔyaa kwan so, gyaa kwantempɔn a nisuo ahyɛ so ma esiane ɔdamena dodoɔ a ɛwɔ so. Na ɛnnɛ berɛ yi mu kyim nso ɛ? Akwan a aboɔ wɔ so nni hɔ, mmepɔ hutuhutu a yɛbɛforo nni hɔ, amena nni hɔ a yɛbɛtwa, akwan nni hɔ a yɛbɛdi akyire, nsuwansuwa nni hɔ a yɛbɛtwa? Anaa biribi wɔ hɔ a ɛhia sɛ yɛtwe adikanfoɔ sunsum no de bɔ yɛn ho ban firi mmusuo bi a ɛbɛtumi ayiri afa yɛn so na mmom ɛde yɛn akɔ Sion korabea hɔ?
Wiase Ntɔkwa Kɛseɛ II twaa mu mfeɛ bebree akyi no, su a ɛtene a wɔgyetom no gyinapɛn so ate bio ne bio. Awudisɛm huri ara na ɛrehuri kɔ soro; abrabɔpa so te ara na ɛrete kɔ fam. Bebree na wɔredi agorɔ kɔ ɛsiane mu, rehwehwɛ afɛɛfɛdeɛ prɛkopɛ berɛ a wɔde wɔn anigye a ɛnni awieɛ abɔ afɔdeɛ. Ɛno nti yɛhwere asomdwoeɛ.
Yɛn werɛ afiri sɛdeɛ Helafoɔ ne Romanfoɔ dii nkunim wɔ ewiase a na awudisɛm ahyɛ mu ma ne sɛdeɛ saa nkunim no wieeɛ, sɛdeɛ mmerɛwyɔ ne aniha yi de wɔn kɔɔ ɔsɛeɛ mu. Ne nyinaa akyi no, na wɔpɛ hobanbɔ ne ɔbra a ɛyɛ awerɛkyekyerɛ, kyɛn sɛdeɛ wɔpɛ fahodie; na wɔhweree ne nyinaa, awerɛkyekyerɛ ne hobanbɔ ne fahodie.
Mma ɔbonsam nnaadaa wo; na mmom gyina pi- ntinn ma nokware. Ɛnnyɛ anigye a yɛhwehwɛ firi awɔse a ɛwɔ nkate mu ne bɔne mu na ɔkra no bɛnya n’ahwe- hwɛdeɛ. Bɔne ntumi mma yɛn papayɔ da. Ɔtan mmfua ɔdɔ so da. Ehu mma akokoduru da. Akyinnyeɛ nkan- nyane gyedie da.
Ɛyɛ ebinom den sɛ wɔbɛgyina atwetweɛ ne kasantwi a ɛfiri (sɛbi) nkwaseafoɔ a wɔdi kronkronyɔ, nokwaredie, ne setie ma Onyankopɔn ahyɛdeɛ so no ano. Nanso ewiase agu setie a yɛde ma nyinasosɛm no animtia. Berɛ a Noah nyaa akwankyerɛ sɛ ɔnsi nsu hyɛn no, ɔman mma (sɛbi) nkwaseafoɔ no hwɛɛ ewiem sɛ ayɛ petee na wɔgoroo ne ho na woyii no ahi kɔsii sɛ nsuo no tɔɔeɛ.
Ɛsɛ sɛ yɛsua osuahunu a ne boɔ yɛ den no mpɛn pii bio ne bio? Mmerɛ dane, nanso nokware tim hɔ daa. Sɛ yɛantumi annya mfasoɔ amfiri kane suahunu mu a, yɛbɛtumi ayɛ saa nfomsoɔ no bio anya akoma yadeɛ, amanehunu, ne ɔhaw. Yɛnni nyansa sɛ yɛbɛyɛ setie ama Ɔno a ɔnim ahyɛaseɛ firi awieɛ mu, yɛn Awurade, a ɔhyehyɛɛ ɔgyeɛ nhyehyɛeɛ, kyɛn saa ɔwɔ no, a ɔbuu nhyehyɛeɛ no animtia?
‘Dictionary’ kyerɛ odikanfoɔ mu sɛ “obi a ɔdi anim kɔ siesie anaa kɔbue kwan ma afoforɔ di akyiri.”3 Yɛbɛtumi anya akokoduru ne pintinngyinaeɛ a botaeɛ wom tesɛ deɛ adikanfoɔ no yɔɔeɛ no? Wo ne me, ampa ara ampa ara, bɛtumi ayɛ adikanfoɔ?
Menim sɛ yɛbɛtumi ayɛ. Oh, sɛdeɛ wiase yi hia adikanfoɔ ɛnnɛ!
© 2013 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA. English approval: 6/13. Translation approval: 6/13. Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm First Presidency Message, July 2013. Twi 10667 503
Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ.
Twerɛsɛm no kyerɛ sɛ efie akyerɛkyerɛfoɔ asɛdeɛ ne sɛ wɔbɛ “bɔ kɔkɔ, kyerɛ twerɛsɛm ase, na wɔakyerɛ adeɛ, na wɔato nsa afrɛ nnipa nyinaa sɛ wɔn mmra Kristo nkyɛn” (D&C 20:59) Dwene ho sɛ wobɛda kɔkɔbɔ ne ɔfrɛ a ɛwɔ Otitenani Monson nkrasɛm no mu no adi akyerɛ wɔn a wosra no. Wobɛtumi ne wɔn atwetwe nkɔmmɔ afa akwan a yɛbɛfa so ahunu na yɛadi nhwɛsoɔ pa akyi, atwe yɛn ho afi nnaadaa ho, na yɛasua biribi afiri afoforɔ nfomsoɔ ho. Bisa wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ no sɛdeɛ wobɛtumi ayɛ ɛnnɛ mmerɛ yi mu adikanfoɔ.
Sɛ mmɔfra no kan ‘Wɔ ɔkwan So’ nnidisoɔ no wɔ kratafa 62 wɔ asɛmpɔ yi mu a wɔbɛtumi anya anigyeɛ de asua pii afa adikanfoɔ ho.