2013
Gyedie Mu na Wɔnam
Ayɛwoho-Kitawonsa 2013


Mmabunu

Gyedie Mu na Wɔnam

Ɔtwerɛfoɔ no te North Carolina, USA.

Me werɛ mmfiri da a menantee Winter Quarters, Nebraska, USA, mmɔntene so, faako a mfeɛ pii a atwam no adikanfoɔ no tenaaeɛ. Na asɛ asaase no yɛ kronkron, tesɛ deɛ menam tɛmpol adihɔ.

Nisuo taee m’ani, m’ani so yɛɛ me wisiwisi. Me huu ohoni bi nanso mantumi ankyerɛ deɛ ɛyɛ. Me popaa me nisuo no, mehuu ɔbarima ne ɔbaa bi a na wɔn anim ayɛ awerɛhoɔ nkoaa. Me hwɛɛ no yiye no, me huu ohoni bi a na ɛyɛ abɔfra bi a ɔda ɔdamena mu wɔ wɔn nan ase.

Saa adeɛ yi maa me nkate ahodoɔ pii: awerɛhoɔ, abufuo, anisɔ, ne anigyeɛ. Mepɛɛ sɛ mɛyi ɔyaw a Ahoteɛfoɔ no nyaaeɛ no afiri hɔ, nanso saa berɛ no ara m’ani sɔɔ atuwohoakyɛ dwumadie a wɔdi maa asɛmpa no.

Osuahunu a menyaa wɔ Winter Quarters no boa ma mehunuu sɛ Ɔsoro Agya ma ne mma asɛmpa no na wama wɔn wɔn pɛ no sɛ wɔnyɛ deɛ wɔn pɛ. Nka abɔfra no awofoɔ bɛtumi de wɔn pɛ afa ɔkwan a ɛyɛ mmrɛ so. Nkɔmhyɛni akyidie ne asɛmpa no ho annamɔntuo no ho hia sɛ adikanfoɔ no bɛtɔ akɔ so berɛ a na ɛsɛ sɛ wosie wɔn ba no. Nanso wɔfaa asɛmpa no wɔ wɔn abrabɔ mu na wɔgyee nsɔhwɛ no too mu. Mesuaa sɛ Ahoteefoɔ no ahofama ma asɛmpa no ne wɔn ntam sɛ wɔbɛtɔ akɔ so no gyina wɔn gyedie ne anidasoɔ a wɔwɔ wɔ daakye pa ne geydie sɛ Awurade nim wɔn na ɔbetumi adwodwo wɔn yaw no ano.