2013
Afotusɛm a ɛkɔ ma Asɛmpatrɛni Twentwɛnsofoɔ
Kwakwar-Ɔgyefuo 2013


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ogyefuo 2013

Afotusɛm a ɛkɔ ma Asɛmpatrɛni Twentwɛnsofoɔ

Titenani Dieter F. Uchtdorf

Ɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ asɛdeɛ daa sɛ wɔde asɛmpa no kɔma wiase Marko 16:15–16. Nanso, ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ yɛbɛbue yɛn ano na yɛaka yɛn gyedie ho asɛm akyerɛ wɔn a wɔbɛn yɛn. Ɛwom sɛ asɔremma no mu bi wɔ akyɛdeɛ a ɛma wɔtumi ne afoforɔ kasa fa nyamesom ho deɛ, nanso ebinom deɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase, anaa wɔn ho ntene wɔn, anaa wɔfɛre, anaa mpo wɔsuro sɛ wɔbɛyɛ saa.

Wei nti, mɛsusu nneɛma nnan a obiara bɛtumi ayɛ adi Yesu Kristo frɛ so a ɛkyerɛ sɛ yɛnka asɛmpa no nkyerɛ “abɔdeɛ biara” A&N 58:64.

Yɛ Kanea

St. Francis a ɔfiri Assisi asɛm bi a ɔkaeɛ yɛ me dɛ paa ara—ɔse: “Ka asɛmpa no berɛ biara na sɛ ɛbɛhia a, fa kasa ka.”1 Aba a ɛwɔ saa asɛm yi mu ne sɛ, mmerɛ pii no asɛmpaka a tumi wɔ mu paa ara no, yɛmfa ano na ɛka.

Sɛ yɛn akoma mu yɛ kann na yɛdi nnyinasosɛm a yɛwɔ no so a, nnipa hu. Sɛ yɛn abrabɔ kyerɛ ɔdɛ ne anigyeɛ a, wɔhũ paa ara.

Obiara pɛ sɛ n’ani gye. Berɛ a asɔremma reda asɛmpa hann n’adi no, nnipa tumi hu yɛn anigyeɛ ne Onyankopɔn dɔ atenka a ɛrehyɛ yɛn abrabɔ mu mã a ɛrebu fa so no. Wɔpɛ sɛ wɔhunu sɛinti. Wɔpɛ sɛ wɔte yɛn ahintasɛm no ase.

Wei ma wɔbisa nsɛm bi te sɛ “Adɛn nti na w’ani agye saa?” anaa “Adɛn nti na wowɔ saa ahotɔsoɔ suban yi?” Ɛda adi pefee sɛ saa nsɛmmisa yi nyiano twetwe yɛn kɔ Yesu Kristo asɛmpa a aba bio no ho nkɔmmɔdie.

Di nkɔmmɔ

Nyamesom ho nkɔmmɔ a yɛne yɛn nnamfo ne adɔfoɔ di no bɛtumi ayɛ sɛ abasamtuo ne ade a ɛyɛ den. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ saa. Daadaa nkɔmmɔ a yɛdi fa honhom mu osuahunu anaa Asɔre mu dwumadie anaa abasɛm ho no bɛtumi ayɛ mmrɛ ne anigyeɛ, sɛ yɛde akokoduro kakra ne nyansa to ho a.

Me yere, Harriet, yɛ wei ho nhwɛso pa ankasa. Berɛ a na yɛwɔ Germany no, na ɔwɔ kwan bi a ɔfa so de Asɔre no mu nsɛm ba ɔne ne nnamfo ne amanifoɔ nkɔmmɔdie mu. Sɛ ebia, ɔbi bisa no sɛdeɛ nnaawɔtwe awieɛ no kɔɔɛ a, ɔbɛka sɛ, “Saa Kwasiada yi, yɛnyaa osuahunu kɛseɛ wɔ y’asɔre mu! Abrantewa bi a wanya mfeɛ 16 kaa nsɛm dɛɛdɛ bi kyerɛɛ nnipa 200 a wɔwɔ y’asafo mu faa abrabɔ kronkron ho.” Anaa, “Mesuaa biribi faa maame bi a wanya mfeɛ 90 a ɔpamm kuntuo bɛboro 500 de kɔmaa y’Asɔre adɔyɛ kuo dwumadie no, na wɔde guu po so hyɛn mu kɔmaa nkurɔfoɔ a wɔnni bie wɔ wiase afanaa nyina ara.”

Mpɛn pii no, nkurɔfoɔ a wɔtee saa asɛm yi no pɛɛ sɛ wɔbɛtie bio. Wɔbisaa nsɛm. Na wei de akwannya baa sɛ wɔbɛdi asɛmpa no ho nkɔmmɔ wɔ kwan pa so, akokoduro so, a ɔhyɛ nnim.

Ɛnam abɛɛfo internet ne kɔmputa so nkɔmmɔdie nti, ɛnyɛ den seesei sɛ yɛbɛka saa nneɛma yi ho nsɛm wɔ nkɔmmɔdie mu sɛ kane no. Deɛ yɛhia ara ne akokoduro a yɛde bɛyɛ saa.

Ma adom nhyɛ wo mã.

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛgye kyim. Ɛtaa ba sɛ yɛtumi gye kyim, yɛbu obi animtia, na yɛbu no fɔ. Sɛ yɛn bo fu, yɛn ani ansɔ afoforɔ anaa yɛkasa tia wɔn a, wɔmpɛ sɛ wɔbɛsua biribiara afa yɛn ho. Yɛrentumi nkan nnipa dodoɔ a wɔafiri Asɔre no mu anaa wɔammɛka yɛn ho da esiane sɛ obi kaa biribi tiaa wɔn anaa ɔhyɛɛ wɔn abufuo.

Kasafi pii wɔ wiase yi mu ɛnnɛ mmerɛ yi mu. Esiane sɛ obiara nna ne ho adi wɔ abɛɛfo internet soɔ nti, ɛnyɛ den sɛ obi bɛka nsɛm fii anaa nsɛm yaaya wɔ so. So ɛnsɛ sɛ, yɛn a yɛyɛ Kristo asuafoɔ a yɛdwoɔ na yɛwɔ anidasoɔ no, nya ɔbra a ɛkron na ɛdi mũ kyɛn saa? Twerɛsɛm no kyerɛ sɛ, “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobua obiara.” Kolosefoɔ 4:6.

M’ani gye nsɛm a ɛyɛ fann sɛ ewiem a ɛmu da hɔ sɛ awiaberɛ na adom ahyɛ mu mã. Wobɛtumi asusu deɛ yɛn mmusuakuo, yɛn ward, aman, na mpo wiase bɛyɛ sɛ anka yɛbɛtumi adi saa nyinasosɛm yi so a?

Ma gyedie nhyɛ wo mã.

Ɛtɔ da a yɛkamfo yɛn ho dodo anaa sɛ yɛbɔ yɛn ho kwaadu dodo sɛ ɛba sɛ afoforɔ regye asɛmpa no atom a. Ɛho hia sɛ yɛbɛkae sɛ Awurade nhwehwɛ sɛ yɛn na yɛnsakyera afoforɔ.

Nsakyeraeɛ nnam yɛn nsɛm so na ɛba, na mmom ɛnam ɔsoro nkyerɛkyerɛ a ɛfiri Honhom Kronkron no. Ɛtɔ da a deɛ ɛhia ara ne sɛ yɛbɛka kasasin baako pɛ de adi adanseɛ anaa aka yɛn suahunu de adwodwo akoma, anaa de abue pono a ɛbɛma afoforɔ ahunu nokorɛ a ɛdi mũ nam Honhom no nkanyan so.

Otitenani Brigham Young kaa sɛ, sɛ ɔhunu onipa a n’ano nteeɛ, anaa ɔnnim badwam kasa, na deɛ ɔtumi ka ara ne sɛ, “Ɛnam Honhom Kronkron no tumi so no menim sɛ Mormon Nwoma no yɛ nokorɛ, na Joseph Smith yɛ Awurade Nkɔmhyɛni” a, ɔhunu sɛ asɛmpa no yɛ nokorɛ. Otitenani Young kaa sɛ berɛ a ɔtee saa ahobrɛaseɛ adanseɛ yi, “Honhom Kronkron a ɛfiri saa nipa no mu ba no kannyan me nteaseɛ, na hann, animuonyam, ne daa nkwa baa m’anim.”2

Me nnuanom mmarima ne mmaa, monnya gyedie. Awurade bɛtumi ayɛ nsɛm a moka no kɛseɛ na wama anya tumi. Onyankopɔn mmisa wo sɛ sakyera afoforɔ, mmom bue w’ano. Nsakyeraeɛ adwuma no nnyɛ wo dea, ɛyɛ onipa a ɔretie no ne Honhom Kronkron no dea.

Asɔreba biara yɛ Asɛmpatrɛni

Me nnamfo pa, akwan pii wɔ hɔ nnɛ a yɛbɛtumi afa so abue yɛn ano na yɛne afoforɔ akyɛ Yesu Kristo anigyeɛ asɛmpa no kyɛn kane no. Kwan wɔ hɔ ma obiara, ama asɛmpatrɛni a ɔtwentwɛn ne nan ase mpo sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ saa adwuma kɛseɛ yi mu. Yɛn mu biara bɛtumi ahwehwɛ kwan a yɛde yɛn ara y’akyɛdeɛ ne deɛ yɛpɛ aboa saa adwuma kɛseɛ yi, a ɛde hann ne nokorɛ bɛhyɛ wiase yi ma. Berɛ a yɛreyɛ saa no, yɛbɛnya anigyeɛ a ɛba wɔn a wɔyɛ nokorɛfoɔ na wɔwɔ akokoduro sɛ “wɔbɛgyina sɛ Onyankopɔn adansefoɔ wɔ mmerɛ nyina ara mu” Mosaya 18:9.

Atwerɛ

  1. St. Francis a ɔfiri Assisi, wɔ William Fay ne Linda Evans Shepherd mu, Ka Yesu ho asɛm a wonnsuro (1997), 22.

  2. Asɔre Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Brigham Young (1997), 67.

Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ.

Kwan pa baako a wobɛfa so akyerɛ adeɛ ne sɛ “wobɛhyɛ wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ no nkuran sɛ … wɔmfa botaeɛ bi nsi wɔn ani so sɛ wɔbɛdi nnyinasosɛm a woakyerɛ wɔn no so.” (Teaching, No Greater Call [1999], 159). Susu sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ no sɛ wɔmmɔ mpaeɛ na wɔmfa nsi wɔn ani so sɛ wɔne nipa baako anaa deɛ ɛboro saa bɛkyɛ asɛmpa no saa bosome yi. Awofoɔ bɛtumi asusu ho afa kwan a mmɔfora nketewa bɛtumi aboa ho. Wobɛtumi nso aboa w’abusuafoɔ ma wɔadwendwene ho anaa waɔyɛ ɔyɛkyerɛ afa kwan a yɛde asɛmpa no ho nsɛm bɛba yɛn daadaa nkɔmmɔdie mu; na wɔadwene Asɔre dwumadie bi a ɛrebɛba ho, a wɔbɛtumi ato nsa afrɛ ɔyɔnkoɔ bi sɛ ɔmmra bi.