2013
W’asakyera ama Awurade
Kwakwar-Ɔgyefuo 2013


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ogyefuo 2013

W’asakyera ama Awurade

Fa mpaebɔ sua saa nwoma yi, na sɛ ɛfata a, ɛne anuanom mmaa a wosra wɔn no nni ho nkɔmmɔ. Fa nsɛmmisa no hyɛ wo nuanom mmaa no den na ma Relief Society nyɛ w’abrabɔ mu ahiasɛm. Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔreliefsociety.lds.org.

Relief Society nsɔano

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ

Anuanom mmaa foforɔ a wɔaba asɔre no mu ne Mmaayewa a wɔrekɔ Relief Society, anuanom mmaa a wɔresan aba bio, ne wɔn a wɔaba asɔre no mu foforɔ no hia mmoa ne ayɔnkofa afiri nsrahwɛ akyerɛkyerɛfoɔ hɔ. Opanin M. Russell Ballard a ɔwɔ Asomafoɔ Dumienu Kuo no mu kaa sɛ “ɛho bɛhia pii sɛ asɔremma boa ma wɔn a wɔbɔɔ asu nkyɛreeɛ no ka asɔre no mu na wɔn a wɔate ada no nso san ba bio.” “Nya anisoadehunu sɛ Relief Society … bɛtumi abɛyɛ ayɔnkofa baako a tumi wɔ mu paa ara kyɛn kuo biara wɔ Asɔre no mu. Tene wo nsa ma wɔn a wɔrekyerɛ wɔn adeɛ ne wɔn a wɔresan atwe wɔn aba bio no, na fa wo kuo no so dɔ wɔn ama wɔaba asɔre.”1

Sɛ yɛyɛ Relief Society kuo mma yi, yɛbɛtumi aboa asɔremma foforɔ ma wɔasua Asɔre no nneyɛɛeɛ nketewa, a ebi ne:

  • Kasa.

  • Adansedie.

  • Sɛ yɛredi akɔmkyene mmara so.

  • Yɛretua ntotosoɔ du du ne afɔdeɛ afoforɔ.

  • Yɛreyɛ abusua abakɔsɛm adwuma.

  • Yɛreyɛ asubɔ ne denhyɛ ayɛyɛdeɛ ama yɛn abusuafoɔ a wɔawuwuo.

Opanin Ballard kaa sɛ: “Sɛ asɔremma foforɔ bo bɛtɔ wɔn yam na wɔahunu sɛ yɛdɔ wɔn a wɔbɛhia ayɔnkofoɔ a wɔwɔ tema.”2 Yɛn nyina ara, titiriw nsrahwɛ akyerɛkyerɛfo, wɔ asɛdeɛ a ɛho hia paa ara sɛ yɛne asɔremma foforɔ bɛfa yɔnkoɔ; ɛno ne kwan a yɛnam so bɛboa wɔn ama “wɔasakyera ama Awurade ankasa” Alma 23:6.

Wɔ Twerɛsɛm no mu

2 Nifae 31:19–20 Moronae 6:4

Wɔ y’abakɔsɛm mu

Otitenani Gordon B. Hinckley (1910–2008), kaa sɛ “Ɛnam sɛ asɔremma foforɔ no dodoɔ rekɔ soro nti, ɛwɔ sɛ yɛbɔ mmɔden paa ara sɛ yɛbɛboa wɔn ama wɔahunu kwan. Wɔn mu biara hia nneɛma mmiɛnsa: ɔyɔnkoɔ, asɛdeɛ, ne ‘Onyankopɔn asɛmpa’ aduane.”3

Nsrahwɛ akyerɛkyerɛfoɔ wɔ asɛdeɛ sɛ wɔboa wɔn a wɔhwɛ wɔn so no. Ayɔnkofa ne adeɛ a ɛdi kan, sɛdeɛ ɛyɛ maa Relief Society onuabaa bi a na ɔyɛ maame panin bi nsrahwɛ kyerɛkyerɛni no. Na wɔn ayɔnkofa no tɔ sin kɔsi sɛ wɔbɔɔ mu yɛɛ ahonidie dwumadie. Wɔbɛyɛɛ ayɔnkofoɔ, na berɛ a wɔdii Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm ho nkɔmmɔ no, “Onyankopɔn asɛmpa no” maa wɔn aduane.

Otitenani Joseph Fielding Smith kaa sɛ Relief Society yɛ “Onyankopɔn aheman no fã titiriw a ɛho hia paa ara wɔ asase so, na … ɛboa emu kuo mma nokorɛfoɔ ma wɔnya nkwa a ɛnni awieɛ wɔ y’Agya aheman mu.”4

Atwerɛ

  1. M. Russell Ballard, “Asɔremma Yɛ Safoa,” Liahona, Ɛbo, 2000, 18.

  2. M. Russell Ballard, Liahona, Ɛbo 17, 2000.

  3. Gordon B. Hinckley, “Asɔreba Foforɔ Biara Som Bo,” Liahona, Ogyefuo

  4. Joseph Fielding Smith, wɔ m’Aheman mu Mma Mmaa: Relief Society Abakɔsɛm ne emu Adwuma (2011), 97.

Deɛn na mɛtumi ayɛ?

  1. So mebɔ mpaeɛ ma me nuabaa-hokafoɔ no, na mebisa Honhom no sɛ ɔmma yɛn akwankyerɛ berɛ a yɛresom yɛn nuanom mmaa no anaa?

  2. Akwan bɛn so na yɛsom onuabaa biara a yɛhwɛ no so, ama wahunu sɛ yɛdɔ no ampa?