2013
Sɛ yɛne ɔyɔnkoɔ bɛkyɛ
Kwakwar-Ɔgyefuo 2013


Mmabunu

Sɛ yɛne ɔyɔnkoɔ bɛkyɛ

Da ko bi berɛ a na meresua adeɛ akɔkyerɛ seminary no, menyaa nkannyan fɛɛfɛ a ɛyɛ sononko bi. Berɛ a na merekenkan deɛ yɛbɛsua da a ɛdi hɔ no, mehunuu me yɔnko bi a na mene no kɔɔ sukuu anim na menyaa atenka denden bi sɛ ɛwɔ sɛ mene no kyɛ m’adanseɛ.

Ɛwom sɛ na saa atenka yi yɛ fann deɛ, nanso na mesuro. Na ɛha me sɛ me yɔnko no bɛpo me, titiriw ɛnam sɛ na ɔnsɛ ɔbaa a n’ani bɛgye sɛ ɔbɛka Asɔre no ho.

Mede m’adwen kɔɔ asɛm bi a Onuabaa Mary N. Cook a ɔwɔ Mmaayewa amansan atitenafoɔ no mu no kaaeɛ, ɔrekasa no ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ adwuma den na yɛnyɛ ɔkokobirefoɔ.1 Na mepɛ sɛ meyɛ saa, ɛno nti metwerɛɛ krataa kɔmaa saa abaayewa yi na medii adanseɛ sɛ Asɔre no yɛ nokorɛ na mekyerɛɛ no ɔdɔ a mewɔ ma Mormon Nwoma no. Ade kyeeɛ no, mede Mormon Nwoma no bi, ne me krataa no, hyɛɛ ne bag mu.

Ɛyɛɛ me nwanwa sɛ me yɔnko no kyerɛɛ asɛmpa no ho anigyeɛ. Firi saa da no, ɛyɛ a ɔtaa ka deɛ wasua afiri Mormon Nwoma no mu kyerɛ me. Nnawɔtwe kakra akyi no, mede no hyɛɛ nsɛmpatrɛfoɔ no nsa. Ntɛmpa ara, ɔnyaa mmuaeɛ firii Sunsum Kronkron no hɔ sɛ deɛ ɔresua no yɛ nokorɛ. Mene nsɛmpatrɛfoɔ no suuiɛ berɛ a ɔkaa n’atenka kyerɛɛ yɛn no. Ankyɛ wɔbɔɔ me yɔnko n’asu, na ɛyɛɛ n’awofoɔ nwanwa berɛ a wɔhunuu nsakyeraeɛ a aba ne mu no.

 Ɛyɛ m’anigyeɛ sɛ metumi dii me suro so na meboa maa wɔde asɛmpa no baa n’abrabɔ mu.

Atwerɛ

  1. Hwɛ Mary N. Cook, “Mɛmpa Aba Dabiara, Dabiara Da!” Liahona, Kɔtɔnimma 2010, 117–19.