Liahona
Ɛne Me Nante
Ɔpɛpɔn 2026 Liahona


Bosome Bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2026

Ɛne Me Nante

2026 Mmabun Asɛmti no bɛboa ma wɔakae wo sɛ sɛ wo bɛn Onyankopɔn a, ɔne wo bɛnante—berɛ nyinaa.

Young Women Amansan Titenafoɔ

Firi bɛnkum kɔsi nifa: Tamara W. Runia, Futufoɔ a Ɔdikan; Emily Belle Freeman, Titenani; ne Andrea Muñoz Spannaus, Futufoɔ a Ɔtɔ so Mmienu

Wo Nyɛ Ankonam

So wɔaka akyerɛ wo pɛn sɛ yɛ biribi a wo nsusuiiɛ sɛ wobɛtumi ayɛ? Ebia na woante nka sɛ wo ho yɛ den anaasɛ woayɛ nyansafoɔ sɛnea ɛsɛ, anaasɛ wowɔ haw sɛ afoforɔ bɛsere wo na wɔakasa atia wo. Sɛ woate nka saa pɛn a, wonyɛ ankonam.

Mfeɛ mpempem a atwam ni no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Enoch. Onyankopɔn srɛɛ Enoch sɛ ɔnka adwensakra ho asɛm nkyerɛ nkorɔfoɔ no—wɔn a wɔyɛ abɔnefoɔ sen biara no bi a wɔahu pɛn.

Enoch ansusu sɛ ɔbɛtumi ayɛ. Ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔyɛ abɔfra dodo, obiara mpɛ n’asɛm, na “ɔkasa brɛoo” (hwɛ Moses 6:31).

Nanso Onyankopɔn hyɛɛ Enoch bɔ. Ɔka kyerɛɛ onipa a ehu aka no no sɛ, “Kɔ na kɔyɛ deɛ mahyɛ wo no” na “mmepɔ bɛdwane wɔ w’anim, na nsubɔntene bɛdane afiri wɔn kwan so;na wobɛtena me mu; na matena wo mu;ne saa nti ɛne me nnante” (Moses 6:32, 34).

“Ɛne me nnante.” Nsatoɔ a ɛnyɛ den, a ɛyɛ fɛ bɛn nie.

Onyankopɔn hyɛɛ Enoch bɔ sɛ sɛ ɔbɛyɛ akokoɔdurufoɔ a ɔbɛtumi afiri aseɛ a, ɛneɛ Onyankopɔn bɛka ne ho wɔ ɔkwan biara so wɔ ɔkwan no so. Onyankopɔn bɛma Enoch ayɛ den na wahyɛ no den ma wayɛ pii na waboa no ma wabɛyɛ nea ɛboro so sen sɛnea ɔbɛtumi asusu ho.

Agyenkwa no din pii no mu baako ne Emmanuel, anaa “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ” (Mateo 1:23). Ɛwɔ Awurade din ne ne su mu sɛ ɔne yɛn bɛnante. Ɔpɛ no yɛ yɛn dea—so yɛne No bɛnante, nso?

Mprempren, yɛhwɛ Enoch sɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidie ne nkɔmhyɛni ne ɔkannifoɔ kɛseɛ. Nanso wɔ Enoch ɔkɔmhyɛni no anim no, na Enoch kumaa bi wɔ hɔ a n’ankasa gye ne ho akyinyeɛ nanso ɔda so ara fa sɛ ɔne Onyankopɔn bɛnante.

Sɛ asetena yɛ den a, sɛ wo nte nka sɛ wo yɛ pɛ a, kae Awurade bɔhyɛ a ɔde maa Enoch no, na wo. Ɔne wo bɛnante. Ɔrennyae wo ankonam, ɛnyɛ anammɔn baako mpo.

Emmanuel. Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ. Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ!

Mmaayewaa Amansan Atitenafoɔ No

Young Men Amansan Titenafoɔ

Firi bɛnkum kɔsi nifa: David J. Wunderli, Futufoɔ a Ɔdikan; Timothy L. Farnes, Titenani; ne Sean R. Dixon, Futufoɔ a Ɔtɔ so Mmienu

Ɛnam Ne Mmoa so no, Wobɛtumi Ayɛ Nneɛma Nyinaa

Te sɛ mo mmeranteɛ no, Awurade bisaa Enoch sɛ ɔnni asɔfodie ho dwuma a ɛho hia. Na n’adwuma ne sɛ ɔbɛka adwensakra ho asɛm akyerɛ nnipa abɔnefoɔ bi. Enoch daa n’adwene mu naayɛ adi. Ɔkaa sɛ: “[Meyɛ] abarimaa,”bi deɛ. “Nnipa nyinaa tan me Me kasa brɛoo; enti meyɛ w’akoa?” (Moses 6:31).

Awurade de tumi ne awerɛhyɛmu buaeɛ. “Kɔ na yɛ sɛnea M’ahyɛ wo no. Bue w’ano, na wɔbɛhyɛ no ma. Me honhom wɔ wo so; mmepɔ bɛdwane wanim; ne saa nti ɛne me nnante” (Moses 6:32, 34).

Enoch suaa sɛ sɛ Awurade ma yɛn adwuma bi a, ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛyɛ. Sɛ yɛne Kristo yɛ apam na yɛkora apam so a, yɛne No nante na yɛkyɛ Ne tumi mu—yɛbɛyɛ nnwinnadeɛ wɔ Ne nsam.

Te sɛ Enoch no, wowɔ adwuma titiriw bi: ɔsom, som wɔ tɛmpol mu, sakramente no sohwɛ, twerɛnsɛm no sua, asɛmpa gyinapɛn ahodoɔ a ɛte ase, ahonu, ahosiesie ma asɛmpatrɛ adwuma, ne nea ɛkeka ho. Ɛbɛtumi ayɛ sɛ ɛboro so. Ebia wobɛte nka sɛ ɛnsɛ. Ɛno nso yɛ. Ɛnyɛ sɛ wo nkutoo bɛyɛ. Ɛgyina fa a wobɛfa ho nnɛ—da yi ne da biara da—sɛ wo ne Onyankopɔn bɛnante.

Ɛnam Ne moa so no, wobɛtumi ayɛ nneɛma nyinaa. Ɔbɛhyɛ wo den, de akyɛ, na w’atumi atrɛ wo tumi a ɛfiri awosuo mu no mu. Ɔdɔ wo! Sɛ Amansan Mmeranteɛ Mmabunu Atitenafoɔ no, Yɛdɔ wo na yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛka wo ho wɔ 2026 asɛmti a ɛhyɛ nkuran no a yɛbɛhwehwɛ mu no mu: “Ɛne Me Nante.”

Amansan Mmeranteɛ Mmabunu Atitenafoɔ