Liahona
Ɔsoro Abɔdeɛ mu Kyɛfafoɔ
Ɔpɛpɔn 2026 Liahona


“Ɔsoro Abɔdeɛ mu Kyɛfafoɔ,” Liahona, Ɔpɛpɔn 2026.

Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2026

Ɔsoro Abɔdeɛ mu Kyɛfafoɔ

(2 Petro 1:4)

Ne nhyehyɛeɛ ho nimdeɛ ma yɛnya adwene a ɛsom bo, ɛma yɛn anigyeɛ yɛ kɛse, na ɛhyɛ yɛn den ma yɛdi yɛn nsɛnnenden ne yɛn amanehunu so.

Kristo a ɔrefrɛ asuafoɔ baanu ho mfonini

Kristo Frɛ Asuafo Mmienu, ɛfiri Gary E. Smith hɔ

Ɔsomafoɔ Petro no kae yɛn sɛ wɔ Yesu Kristo asuafoɔ fam no, “Ɔsoro tumi de nneɛma a ɛfa nkwa ne onyamesom ho nyinaa ama yɛn, ɛnam nea wafrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ anuonyam ne suban pa no ho nimdeɛ so:

“A ɛnam so de ma yɛn a ɛboro bɔhyɛ akɛseɛ a ɛsom bo so: sɛ monam yeiinom so bɛyɛ ɔsoro su mu kyɛfafoɔ” (2 Petro 1:3–4; wɔaka asi so dua).

Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ no kyerɛkyerɛ nokorɛ akɛseɛ a ɛsom bo a ɛboro so ne bɔhyɛ ahodoɔ a ɛkyerɛkyerɛ yɛn daa nipasu ne yɛn atirimpɔ mu.

Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ “Abusua: Dawubɔ ma Wiase”:

“Nnipa nyinaa—ɔbarima ne ɔbaa—Onyankopɔn bɔɔ wɔn sε ne sεso. Wɔn mu biara yε ɔsoro awofoɔ homhom mu dɔba barima anaa ɔbaa, ne saa nti, wɔn mu biara wɔ bɔsu ne hyεberε a εyε nyamesu.

“Ansa na yɛreba saa asetena yi mu no, na honhom mu mma mmarima ne mmaa nim na wɔsomm Onyankopɔn sε wɔn ɔnniawieε Agya na wɔgyee ne nhyehyεeε too mu a, εnam so bεma ne mma atumi anya honamdua na wanya asase yi so suahunu a wɔde bεtu mpɔn akɔ pεpεyɛ mu na ne korakora no wanya nyamesu hyεberε sε daa nkwa diadefoɔ.”

Ɔsoro Agya hyɛ ne mma bɔ sɛ sɛ wɔdi Ne nhyehyɛeɛ no mmara ne Ne dɔfoɔ nhwɛsoɔ akyi, di mmara nsɛm no so, na wɔgyina gyidie ano kɔsi awieɛ a, “wɔbɛnya daa nkwa, a akyɛdeɛ no yɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ nyinaa mu nea ɛkyɛn so” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14:7).

Onyankopɔn adwuma no twe adwene si Ne mma nkɔsoɔ so. Wɔayɛ ne nhyehyɛeɛ no afa biara sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhyira ne mma mmarima ne ne mma mmaa ɛfirisɛ “akra boɔ yɛ kɛse wɔ [N’ani so]” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:10).

Agya Nhyehyɛeɛ No

Wɔ agyinatukuo a edi kan no mu no, Ɔsoro Agya de Ne nhyehyɛeɛ a ɛfa wɔn daa nkɔsoɔ ne wɔn anigyeɛ ho no kyerɛɛ Ne honhom mu mma.

“Yɛbɛyɛ asase baabi a yeinom bɛtena

“Na yɛde yei bɛsɔ wɔn ahwɛ, sɛ wɔbɛyɛ nneɛma nyina ara biribibiara a Awurade wɔn Nyankopɔn bɛhyɛ wɔn no a;

“Na wɔn a wɔbɛkora wɔn tenabea a ɛdi kan no wɔde bi bɛka wɔn ho; na wɔn a wɔankora wɔn tenabea a ɛdi kan no wɔrennya animuonyam wɔ saa aheman no ara mu; na wɔn a wɔkora wɔn tenabea a ɛtɔ so mmienu no wɔde animuonyam bɛka wɔn ho wɔ wɔn tiri so daa afebɔɔ.

“Na Awurade kaa sɛ: Hwan na mensoma no? Na baako buaa no te se onipa Ba no: Me nie, soma me. Na baako buaa s: Me nie, soma me. Na Awurade kaa sɛ: Mɛsoma nea odi kan no.

“Na nea ɔto so mmienu no bo fuii, na wɔankora n’agyapadeɛ a edi kan; na saa da no, pii no ara dii n’akyi” (Abraham 3:24–28).

Hyɛ no nso sɛ nhyehyɛeɛ baako pɛ na wɔde too dwa wɔ badwa no anim—Agya no nhyehyɛeɛ. Yɛn Soro Agya no amfa asɛm no amma sɛ, “Deɛn na yɛbɛyɛ?” Wanhwehwɛ nsɛm a wɔde bɛhyɛ mu, abisa nyansahyɛ ahodoɔ, anaasɛ wammisa ho nyansahyɛ ahodoɔ. Mmom no, ɔde ne nhyehyɛeɛ no mu nneɛma atitiriw no maeɛ na obisaa sɛ, “Hwan na mensoma no?” N’asɛmmisa no mu ade titiriw no twee adwene sii nea ɛsɛ sɛ wɔsoma no ma ɔdi ne nhyehyɛeɛ no mu nsɛm ne Ne mmara so no so.

Wɔaka nea ɛfiri ɔtamfo atuateɛ no mu ba no nso ho asɛm wɔ twerɛnsɛm no mu.

“Ɛno nti, ɛfiri sɛ saa Satan no tee atua tiaa me, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛsɛe onipa ahofadie no, a me de ama no, na nso, sɛ memfa me ankasa tumi mma no, me deɛ, mede baeɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔto no twene fam;

“Na ɔbɛyɛɛ Satan, ɔbonsam, atrɔsɛm nyinaa agya, sɛ ɔbɛdaadaa na wafira nnipa ani, na ɔfaa wɔn nnommum sɛdeɛ ɔpɛ, mpo dodoɔ a wɔantie me nne” (Moses 4:3–4; wɔka si so dua).

Lucifer amfa nhyehyɛeɛ bi a wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ agyinatufoɔ a wɔbae ansa na wɔrewu no mu dodoɔ no ara too aba. Ɔnyɛ obi a ɔwɔ tema a ɔdii nkoguo wɔ abatoɔ bi mu. Ɔtee atua! Ahantan, dwɛɛ, ne pɛsɛmenkomenya kanyann n’atuateɛ a ɔde tiaa Agya no nhyehyɛeɛ no.

Agya no Nhyehyɛeɛ ne Agyenkwa no Asɛmpa

Nhyehyɛeɛ no ka Agya no ne Ɔba no nnwuma a ɛma adasamma nyinaa nya daa asetena mu nhyira.

Yesu Kristo Asɛmpa no yɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya nhyira a wɔhyɛɛ ho bɔ wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu, nkyerɛkyerɛ, nnyinasosɛm, ahyɛdeɛ, ne apam ahodoɔ mpo no, ɛsɛ sɛ mmarima ne mmaa gye di na wɔdi akyire. “Edin foforɔ biara nni hɔ a wɔde ama wɔ ɔsoro ase gye sɛ Yesu Kristo yi a onipa bɛtumi anya nkwagyeɛ” (2 Nephi 25:20). Nokorɛ no, Awurade Yesu Kristo yɛ “ɔkwan, nokorɛ ne nkwa: onipa biara mma Agya no nkyɛn, na mmom ɛnam [Ne] so” (John 14:6; wɔka si so dua).

Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ mu:

“Nhyehyɛeɛ no hwehwɛɛ Ɔbɔadeɛ no, na ɛno nso hwehwɛɛ Ahweaseɛ ne Mpata no nyinaa. Yeinom ne nhyehyɛeɛ no fa titire mmiɛnsa no. Onyankopɔn na ɔbɔɔ paradise asase. Ɛwuo ne owuo nam Adam Asehweɛ so baa wiase [hwɛ 2 Nephi 2:25; Moses 6:48]. Yesu Kristo Mpata no maa owuo akyi nkwa ne daa nkwa ho kwan [hwɛ 2 Nephi 2:21–28]. …

“… Yɛba asase so berɛ tiawa bi, yɛfa yɛn sɔhwɛ ne yɛn haw mu, na yɛsiesie yɛn ho sɛ yɛrekɔ yɛn fie a ɛyɛ anuonyam mu [hwɛ Nnwom 116:15; Alma 42:8]. Yɛn adwene ne yɛn nneyɛɛ berɛ a yɛwɔ [owuo mu] no bɛyɛ nea mfasoɔ wɔ ho yie, sɛ yɛte Nyankopɔn nhyehyɛeɛ no ase, na yɛda ase na yɛyɛ sotie ma Ne mmaransɛm [hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:20–21].”

Nhyehyɛeɛ no Tiri wɔ Mormon Nwoma mu no

Yɛ sua nokorɛ titiriw bi ɛnam Agya no nhyehyɛeɛ abɔdin ahodoɔ a ɛwɔ Mormon Nwoma: Yesu Kristo Apam Foforɔ mu no ho adanseɛ ne adesua. Sɛ nhwɛsoɔ no, susu asɛmti ahodoɔ a wɔafa a edidi so yi ho:

“Ɔbɔadeɛ kɛseɛ no mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ” (2 Nephi 9:6).

“Yɛn Nyankopɔn no nhyehyɛeɛ” (2 Nephi 9:13).

“Nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no” (Jarom 1:2; Alma 24:14).

“Ɔgyeɛ nhyehyɛeɛ no” (Alma 12:25, 26, 30, 32, 33; 42:11, 13).

“Mmaeɛ bio,nhyehyɛeɛ” (Alma 41:2).

“Anigyeɛ nhyehyɛeɛ no” (Alma 42:16).

“Ahummɔbrɔ kɛseɛ nhyehyɛeɛ no” (Alma 42:31).

Saa asɛmti yi mu biara boa yɛn ma yɛte Agya no nhyehyɛeɛ ho bɔhyɛ ahodoɔ a ɛsom bo no ase yie na ɛma yɛn adwene wɔ yɛn asetena mu asetena atirimpɔ ne nea ɛkyerɛ ho no yɛ kɛse.

Nea ɛho hia ne sɛ, abodin a wɔtaa de di dwuma sen biara ma Onyankopɔn nhyehyɛeɛ wɔ Mormon Nwoma no mu no twe adwene si ɔgyeɛ a ɛnam Yesu Kristo mpata so baeɛ no so.

Alma de too dwa, “Sɛ nnyɛ dima ho nhyehyɛeɛ no a wɔahyehyɛ ato hɔ fiti mmerɛ a wɔtoo wiase fapem no a, anka awufoɔ wusɔreɛ nni hɔ; na mmom wɔayɛ dima ho nhyehyɛeɛ ato hɔ, deɛ ɛbɛma awufoɔ wusɔreɛ no a yɛaka ho asɛm no aba mu” (Alma 12:25).

Ɔtuu fo nso sɛ, “Monhyɛaseɛ nye Onyankopɔn Ba no ni, ama wabɛdi ama ne nkorɔfoɔ, na ama wabɛhunu amane na wawu de ayɛ mpata ama wɔn bɔne; na ama wasɔre bio afiri owuo mu ama owusɔreɛ aba mu, ama nnipa nyinaa abɛgyina n’anim ama wɔabu wɔn atɛn wɔ atɛmmuda ne ɛda a ɛdi akyire no mu, sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ” (Alma 33:22).

Wɔasiesie Ɔkwan No

Ɛsɛ sɛ yɛn kra de aseda ma berɛ a yɛsusu Onyankopɔn nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ no, ɔgyeɛ, ade a wɔsan de si hɔ, mmɔborɔhunu, ne anigyeɛ ho. Ne nhyehyɛe ho nimdeɛ ma yɛnya adwene a ɛsom bo, ɛma yɛn anigyeɛ yɛ kɛse, na ɛhyɛ yɛn den ma yɛdi yɛn nsɛnnenden ne yɛn amanehunu so.

Ɔsoro Agya kɔn dɔ sɛ yɛbɛsan akɔ fie akɔ Ne nkyɛn. Ɔto nsa frɛ na ɔhyɛ nhyira pii ho bɔ, nanso Ɔrenhyɛ, nnyɛ, anaasɛ ɔrenhyɛ yɛn abrabɔ pa ho nhyehyɛeɛ a ɔde maa yɛn no so da. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛfa sɛ yɛbɛsan aba Ne nkyɛn ɛnam Ne babarima a Ɔdɔ no no nhwɛsoɔ a yɛbɛdi so no.

Abɔfra bi nsa a ɔde rekɔ Yesu Kristo nsa ho mfonini

Ɔkɔso Ara Trɛ Ne Nsa Mu, Elizabeth Thayer na ɛyɛeɛ

Wɔasiesie ɔkwan no, na sɛ yɛbɛhwɛ a ebia yɛbɛtena ase daa” (Alma 37:46; wɔasi so dua).

Mede anigyeɛ di adanseɛ sɛ Ɔsoro Agya yɛ ɔsoro nhyehyɛeɛ kronkron a ɛfa ne mma ho no twerɛfoɔ. Yesu Kristo yɛ yɛn Gyefoɔ ne yɛn Agyenkwa. Na sɛ Awurade no Asomafoɔ no mu baako nna a ɛdi akyire no, medi adanseɛ sɛ ampa ara Ɔyɛ “ɔkwan, nokorɛ, ne nkwa” (John 14:6; wɔasi so dua).

Atwerɛ

  1. Abusua No: Dawubɔ Ma WiaseAsɛmpa Akoraeɛ.

  2. Russell M. Nelson, “Adebɔ No,” Ensign, May 2000, 84, 86.

  3. Sɛ wopɛ sɛ wohu Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no asɛmti pii a wohu wɔ Mormon Nwoma no mu no ho nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Noel B. Reynolds, “Nkwagyeɛ ho Nhyehyɛeɛ ne Mormon Nwoma no,” Religious Educator, vol. 21, no. 1 (2020), 31–53.