Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔpɛnima 2025
Deɛn na yɛnim fa nnwanhwɛfoɔ no ho wɔ Buronya a ɛdi kan no mu?
Shepherds, ɛfiri Brian Call hɔ
Yɛnim nneɛma kakraa bi fa nnwanhwɛfoɔ no ho wɔ Buronya a ɛdi kan no mu?
Na wɔbɛn Betlehem. Na nnwanhwɛfoɔ no “wɔ ɔman korɔ no ara mu” baabi a Kristo awoɔ kɔɔ so no (Luka 2:8). Na wɔtumi nante kɔɔ Betlehem berɛ a na Ɔda so ara wɔ hɔ no (hwɛ Luka 2:15–16).
Na wɔreyɛ wɔn asɛdeɛ. Na saa nnwanhwɛfoɔ yi “te afuo mu, a na wɔrehwɛ wɔn nnwan so anadwo” (Luka 2:8). Na wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ pa ne anokwafoɔ, te sɛ Agyenkwa—Odwanhwɛfoɔ Pano (hwɛ Yohane 10:11, 14).
Na wɔnim Mesia no nkɔmhyɛ ahodoɔ. Ɛda adi sɛ na wɔnim deɛ ɔbɔfoɔ no reka ho asɛm berɛ a ɔkaa “Awurade Kristo” awoɔ (Luka 2:11), Mesia a wɔahyɛ Ne ho nkɔm dada no.
Na wɔwɔ ahokeka kɛseɛ. Berɛ a ɔbɔfoɔ no kaa “Akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu” (Luka 2:12) no ho asɛm kyerɛɛ wɔn no, wɔde “ahoɔhare” kɔɔ sɛ wɔrekɔhwɛ No (Luka 2:16).
Wɔkyɛɛ anigyesɛm no. Wɔbɔɔ deɛ wɔateɛ na wɔahunu wɔ ɔbɔfoɔ no nkrasɛm a ɛfa Kristo awoɔ ho no “dawuro wɔ amannɔne” (Luka 2:17).
Wɔdaa Onyankopɔn ase na wɔyii No ayɛ. Yei nyinaa akyi no, “wɔsanee, hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam na wɔyii No ayɛ wɔ nneɛma a wɔateɛ na wɔahunu nyinaa ho” (Luka 2:20).
© 2025 by Intellectual Reserve, Inc. Wɔasi ho kwan ahodoɔ nyinaa. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyeraseɛ ma Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Ɔpɛnimma 2025. Twi. 19617 503