2025
Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ ma Daapem Abusua
Ɔpɛnima 2025 Liahona


“Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ ma Daapem Abusua,” Liahona, Ɔpɛnima 2025.

Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ɔpɛnima 2025

Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ ma Daapem Abusua

Mmusua a wɔgye Onyankopɔn nhyehyɛeɛ tom, dɔ sɛdeɛ Agyenkwa no dɔeɛ, na wɔdi wɔn apam so no bɛnya “daa nkwa nhyira ne anigyeɛ a ɛhyɛ ma” da bi.

São Paulo Brazil Tɛmpol no mfonin

M’asɛmpatrɛ adwuma reba awieeɛ no, m’ani gyee berɛ a megyee m’akyɛdeɛ kronkron na wɔsɔɔ m’ano maa m’awofoɔ wɔ São Paulo Brazil Tɛmpol no mu.

Na m’awofoɔ, Apparecido ne Mercedes, firi nyamesom nsonoeɛ mu, nanso wɔn abrabɔ mu suahunu ahodoɔ siesiee wɔn maa wɔgyee asɛmpa a wɔasan de aba no.

Wɔtetee me papa wɔ abusua pa mu nanso na ɔnyɛ nyamesomni. Nanso, ɔyɛ aberanteɛ no, na n’ani gye nyamesom ho. Na ɔkenkan Twerɛ Kronkron, kɔ Twerɛ Kronkron adesua ahodoɔ, na ɔsuaa Yesu Kristo abrabɔ. N’adesua no maa n’ani gyee Agyenkwa no asɛmpa no ne abusua nyinaa ho kɛse, na ɛmaa ɔnyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛware obi a ɔwɔ saa adwene no.

Nanso, na me maame firi abusua a nyamesom mu dɔ wɔ mu. Na wɔgye asɛmpa nnyinasosɛm tom, kɔ asɔre som ahodoɔ, na wɔde nokorɛdie yɛ wɔn som adwuma. Esiane sɛ me maame nyinii wɔ saa tebea no mu nti, ɔbɛyɛɛ onipa a wannya asɔre nhyiamu antom da.

Enti, m’awofoɔ waree na me ne me nuanom baasa baeɛ akyi no, wɔyɛɛ deɛ wɔbɛtumi biara sɛ wɔbɛtete yɛn wɔ wɔn nimdeɛ wɔ asɛmpa nnyinasosɛm ahodoɔ ho no mu. Da bi me maame nuabaa a na ɔyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ba a na ɔntaa nkɔ no ka kyerɛɛ me papa sɛ, “Ɔdɔfoɔ, wowɔ mmarimaa baanan. Sɛ wopɛ sɛ wotete abusua a ɛgyina Kristo so na wonya Onyankopɔn wɔ w’abusua mu ampa a, ɛsɛ sɛ wokɔ m’asɔre.”

Me papa tee deɛ ɔkaeɛ no, nanso wanyɛ hwee kɔsii da a asɛmpatrɛfoɔ a wɔatu wɔn ho asi hɔ no baa yɛn mpɔtam hɔ, bɔɔ yɛn pono mu, na wɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ yɛn. Ɔhunuu ntɛm ara sɛ wɔfiri asɔre a me maame nuabaa no hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnhwehwɛ mu no mu.

Hann ne Nokorɛ

Nneɛma a ahyɛaseɛ no na m’awofoɔ ani gye ho wɔ Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no mu baako ne sɛdeɛ na abusua ho hia Asɔre no ne nkyerɛkyerɛ sɛ “Onyankopɔn nkwagyeɛ ne mpagya adwuma no fa kɛseɛ no nam abusua no so na ɛba mu.” Ansa na wɔrebɔ asu no, m’awofoɔ ani gyee deɛ na wɔresua no ho ara maa wɔfrɛɛ afipamfoɔ sɛ wɔmmɛka wɔn ho wɔ asɛmpatrɛfoɔ adesua no mu.

Elder Soares awofoɔ mfonin ahodoɔ

Nneɛma a ahyɛaseɛ no na m’awofoɔ ani gye ho wɔ Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no mu baako ne sɛdeɛ na abusua ho hia Asɔre no.

Berɛ a wɔhyiaa asɛmpatrɛfoɔ no, na wɔkɔɔ so suaa asɛmpa no wɔ wɔn asubɔ akyi no, m’awofoɔ suaa akwan a “wɔbɛtete [wɔn] mma wɔ hann ne nokorɛ mu” ne sɛdeɛ “wɔbɛhyehyɛ [wɔn] ankasa fie” wɔ honhom fam (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:40, 43).

Wɔhunuu sɛ “abusua yɛ Ɔbɔadeɛ nhyehyɛeɛ ma Ne mma daa nkrabea no mu adetitire” na “wobɛtumi anya anigyeɛ wɔ abusua asetena mu berɛ a ɛgyina Awurade Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ so.”

Wɔhunuu sɛ “wɔde nnyinasosɛm ahodoɔ a ɛyɛ gyedie, mpaebɔ, adwensakyera, bɔnefakyɛ, obuo, ɔdɔ, ayamhyehyeɛ, adwuma, ne anigyedeɛ a ɛfata na ɛkyekyere na ɛkora awareɛ ne mmusua a wɔdi yie.”

Wɔsuaa sɛ mmusua bɛtumi awɔ hɔ daa na “abusuabɔ korɔ no ara a ɛwɔ yɛn mu wɔ ha no bɛwɔ yɛn mu wɔ hɔ, a daapem animuonyam nko ara na ɛbɛka ho” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 130:2).

Na wɔsuaa sɛ “atirimpɔ a ɛtwa toɔ wɔ nkyerɛkyerɛ biara mu, dwumadie biara a ɛwɔ Asɔre no mu ne sɛ awofoɔ ne wɔn mma ani gye wɔ fie, wɔasɔ wɔn ano wɔ daapem awareɛ mu, na ɛne wɔn awoɔntoatoaso wɔ abusuabɔ.”

Saa nimdeɛ no nti, wɔnyaa ɔpɛ sɛ wɔsɔ wɔn ano sɛ daapem abusua.

Aniwa a Ɛhwɛ Ɛnniawieeɛ

Wɔbɔɔ m’awofoɔ asu akyi no, wɔde deɛ na wɔresua no dii dwuma, na wɔfirii wiase kɔɔ asɛmpa ahennie no mu. Wɔkaa yɛn abusua no boom denam efie anwummerɛ ne abusua twerɛsɛm adesua, de nokorɛdie kɔɔ Asɔre nhyiamu ahodoɔ, ne abusua abakɔsɛm adwuma awɔyɛeɛ so. Wɔ saa nkabom ho mmɔdenbɔ no nti, na wɔwɔ anidasoɔ sɛ wɔbɛyɛ abusua a ɛgyina nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no so a na wɔn ani si daa nkwa so.

Wɔ 1965, afe a wɔbɔɔ m’awofoɔ asu no mu, na tɛmpol a ɛbɛn São Paulo, Brazil pa ara wɔ Mesa, Arizona, bɛyɛ akwansini 6,000 (kilomita 9,650) ntam. Na akwantuo boɔ yɛ den dodo ma yɛn abusua no, enti na ɛsɛ sɛ m’awofoɔ twɛn kɔsi sɛ wɔbɛhyira São Paulo Brazil Tɛmpol no so wɔ 1978 mu ansa na wɔatumi anya wɔn tɛmpol ayɛyɛdeɛ ahodoɔ na wɔasɔ wɔn ano. Saa berɛ no, na mereyɛ asɛmpatrɛ adwuma wɔ Rio de Janeiro.

Aka bɛyɛ abosome mmienu na mawie m’asɛmpatrɛ adwuma no wɔ Ɔgyefuo 1980 mu no, asɛmpatrɛ titenani no maa me ne me hokafoɔ no kwan ma yɛne stake no mufoɔ tuu kwan anadwo baako firii Rio de Janeiro kɔɔ tɛmpol a ɛwɔ São Paulo no mu sɛdeɛ mɛtumi anya akyɛdeɛ kronkron na wɔasɔ m’ano ama m’awofoɔ. Te sɛ m’awofoɔ no, na matwɛn tɛmpol ayɛyɛdeɛ ne apam ahodoɔ ho nhyira a wɔahyɛ ho bɔ no mfeɛ pii.

Saa suahunu no sesaa m’anisoadehunu wɔ daakye ho na ɛmaa menyaa Titenani Russell M. Nelson nsɛm a ɔkaa no nnansa yi ara no mu nokorɛ a ɛdi kan: “Berɛ wɔ tɛmpol mu bɛboa ma woadwene ɔsoro ho na woanya anisoadehunu a ɛfa wo nipasu ankasa, deɛ wobɛtumi abɛyɛ, ne abrabɔ a wobɛtumi anya daa ho.”

Me berɛ tiawa wɔ tɛmpol wɔ saa berɛ no mu no nyaa m’asɛmpatrɛ adwuma nkaeɛ no so nkɛntɛnso kɛseɛ. Saa anisoadehunu foforɔ no nti, tɛmpol ho adanseɛ ne sɛdeɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma mmusua ho hia no nso nyaa nkɛntɛnsoɔ a ɛwɔ hɔ daa wɔ m’abrabɔ so.

Berɛ a me ne me yere Rosana waree wɔ m’asɛmpatrɛ adwuma no akyi mfeɛ mmienu no, wɔsɔɔ yɛn ano wɔ tɛmpol a na yɛwɔ anidasoɔ sɛ yɛbɛtete yɛn ankasa daa abusua. Sɛdeɛ yɛbɛyɛ saa no, yɛbɔɔ mu yɛɛ adwuma de yɛɛ abusua amammerɛ te sɛ deɛ na yɛn awofoɔ akyerɛkyerɛ yɛn, a na ne nyinaa gyina Agyenkwa no, Ne nkyerɛkyerɛ, ne Ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔwɔ nnɛ no nkyerɛkyerɛ so.

Ɛnnɛ yɛn mma de anigyeɛ asɛmpa nnyinasosɛm korɔ no ara retete wɔn mma. Yɛn fam no, abusua yɛ biribiara efiri sɛ yɛte abusua no titire a ɛyɛ wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu ase.

Sɛ Amansan Sodifoɔ no, menyaa nhyira sɛ mɛsɔ me mma baasa no ano ama wɔn ahokafoɔ wɔ tɛmpol. Mehwɛɛ wɔn anim berɛ a wɔbuu nkotodwe wɔ afɔremukyea a ɛwɔ tɛmpol no ho no, na ɛyɛ ahomeka. Na metumi hunu m’asefoɔ a asɛmpa nnyinasosɛm korɔ no ara a na m’awofoɔ akyerɛkyerɛ me, a na me ne Rosana akyerɛkyerɛ wɔn no rehyira wɔn. Na metumi hunu saa nhyira ahodoɔ no sɛ ɛkɔ so wɔ awoɔntoatoaso a ɛbɛba no mu. Na ɛkaee me deɛ ɔma ne nyinaa yɛ yie.

Awoɔ ho mfonin ahodoɔ a ɛwɔ nnua adaka so

Buronya Nkaebɔ

Abusua yɛ ade titire wɔ Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ mu, nanso sɛ Agyenkwa Yesu Kristo nka ho a, saa nhyehyɛeɛ no rentumi nyɛ yie. Ne Mpata ne ayɛyɛdeɛ ne apam ahodoɔ a ɛwɔ N’asɛmpa no mu no ma mpagya ho bɔhyɛ no yɛ yie.

Titenani Nelson aka sɛ: “Mpagya yɛ abusua asɛm. Ɛnam Yesu Kristo asɛmpa no ayɛyɛdeɛ nko ara so na mmusua bɛtumi anya mpagya. Awieeɛ koraa a ɛno nti na yɛbɔ mmɔden ne sɛ yɛn ani begyɛ sɛ abusua—nya akyɛdeɛ kronkron, sɔ ano, na yɛasiesie yɛn ho ma daa nkwa wɔ Onyankopɔn anim.”

Sɛ mekɔ mmeaeɛ a menhunuu da a, mebɔ mmɔden sɛ mɛnya awoɔ ho adeɛ ketewaa bi a ɛkae me ne Rosana Agyenkwa no. Mereyɛ mmoano kakra.

Yɛredwene saa awoɔ ho ahobrɛase mfonin ahodoɔ no ho no, berɛ bi me ne me yere dwenee ho sɛ, “Deɛn na ɛho hia kɛse wɔ yɛn abrabɔ mu ankasa?” Nokorɛ mu, mmuaeɛ no ne Agyenkwa no, N’asɛmpa, ne yɛn abusua. Sɛdeɛ ɛbɛkae yɛn yɛn Soro Agya dɔ ma yɛn na ɛnam Agyenkwa no so na daa mmusua ho bɔhyɛ no bɛyɛ yie no, ansa na Buronya reba mfeɛ kakra bi a atwam no yɛde yɛn Awoɔ ho mfonin nyinaa guu nnua nnaka akɛse mmienu so wɔ yɛn fie—na yɛgyaa hɔ mmom kyɛn sɛ yɛde bɛsie wɔ Buronya no akyi. Saa amammerɛ no boa ma yɛkura Buronya honhom mu wɔ yɛn fie afe no mu nyinaa.

Da biara a yɛhwɛ saa awoɔ ho mfonin ahodoɔ no, ɛkae yɛn brɛoo wɔ Agyenkwa no dwumadie titire wɔ yɛn abrabɔ mu. Wɔkae yɛn sɛ asomdwoeɛ a ɛwɔ asase so seesei (hwɛ Luka 2:14) ne daa anigyeɛ wɔ wiase a ɛdi hɔ no mu no gyina Agyenkwa no so ne yɛne No apam a yɛbɛdi so. Na wɔkae yɛn “sɛ ɔbaa wiase, Yesu mpo, sɛ wɔbɛbɔ no asɛnnua mu ama wiase, na wasoa wiase bɔne, na wate wiase ho, na wadwira ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho;

“Na ɛnam ne so wɔagye obiara nkwa deɛ Agya no de ahyɛ ne tumi mu na ɔno na ɔyɛɛ no” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:41–42).

Sɛdeɛ yɛsuaa nokorɛ ahodoɔ yi firii yɛn awofoɔ hɔ no, me ne Rosana de ama yɛn mma. Seesei yɛn mma rekyerɛkyerɛ wɔn mma saa nokorɛ ahodoɔ yi. Aba a wɔadua wɔ m’awofoɔ akoma mu mfeɛ 60 a atwam wɔ yɛn fie ketewa a ɛwɔ Brazil mu no anyini na aso aba “a ɛsom bo kɛse, a ɛyɛ dɛ kyɛn deɛ ɛyɛ dɛ nyinaa, na ɛyɛ fitaa kyɛn deɛ ɛyɛ fitaa nyinaa, aane, na ɛho te kyɛn deɛ ɛho te nyinaa” (Alma 32:42).

Medi adanseɛ sɛ wɔn a wɔgye Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a ɛfa mmusua ho, dɔ sɛdeɛ Agyenkwa no dɔeɛ, na wɔdi wɔn apam so no bɛnya “daa nkwa nhyira ne anigyeɛ a ɛhyɛ ma” da bi wɔne wɔn adɔfoɔ ne Agya ne Ɔba no.

Atwerɛ

  1. General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 2.0, Asɛmpa Akoraeɛ.

  2. Abusua: Dawurubɔ Ma Wiase,” Asɛmpa Akoraeɛ.

  3. Abusua: Dawurubɔ ma Wiase.”

  4. Boyd K. Packer, “The Father and the Family,” Ensign, Kɔtɔnima 1994, 19.

  5. Russell M. Nelson, “Rejoice in the Gift of Priesthood Keys,” Liahona, Kɔtɔnima 2024, 121.

  6. Russell M. Nelson, “Open the Heavens Through Temple and Family History Work,” Liahona, Ahinime 2017, 18.

  7. General Handbook, 2.0.