2025
Asɛmpa a Ɛyɛ Anigyeɛ ne Ɔdɔ.
Ɔpɛpɔn 2025


“Asɛmpa a Ɛyɛ Anigyeɛ ne Ɔdɔ,” Liahona, Ɔpɛpɔn 2025.

Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2025

Asɛmpa a Ɛyɛ Anigyeɛ ne Ɔdɔ.

Ɛwɔ sɛ Mmaeɛ bio nhyira no ma yɛn ani gye na ɛde anisɔ hyɛ yɛn ma ma Onyankopɔn dɔ kɛseɛ no.

ɔbɔfoɔ Moroni nkaedum wɔ owiatɔ berɛ

Yɛn anidasoɔ ne asomdwoeɛ nkransɛm ma obiara ne sɛ Yesu Kristo te ase na N’asɛmpa ne Asɔre no wɔasan de aba nna a ɛdi akyire yi mu.

Nkɔnhyɛni Joseph Smith paee mu kaa sɛ, “Sɛdeɛ animuonyam nneɛma yi yɛ nwanwa ma adasamma!” “Nokorɛ mu no, wɔbɛtumi abu wɔn sɛ nsɛm a ɛyɛ anigyeɛ kɛseɛ ma nnipa nyinaa; ne nsɛm nso, a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ asase so ma na ɛma obiara ani gye berɛ a ɔte wɔ n’aso mu.”

Mfeɛhaha wɔ Agyenkwa no asase so som adwuma akyi no, Onyankopɔn mma hwehwɛɛ No na wɔn kɔn dɔɔ hann ne nokorɛ pii. Afei Yesu Kristo asɛmpa no anigyesɛm ne Mmaeɛ bio a ɛrekɔ so no kɔhyira nnipa nyinaa de siesie wiase ma da a Yesu Kristo bɛsan “abɛdi tumi sɛ Ahene mu Hene na wadi hene sɛ Awuranom Awurade.” Yei yɛ yɛn Agya a ɔwɔ Soro ne yɛn Agyenkwa no dɔ a ɛnni awieeɛ no adiyie a ɛmu dɔ. M’ani gye sɛ me nkwa nna nyinaa mɛtumi abɔ saa nokorɛ yi dawuro akyerɛ wiase nyinaa.

Deɛ Ɛntaa Nsie ne deɛ Ɛyɛ Sononko

Da foforɔ bi hyerɛn maa adasamma wɔ nnua kuo bi mu, faako a Onyankopɔn Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo, yii wɔn ho adi na wɔne Joseph Smith kasaeɛ de buaa aberanteɛ Joseph mpaebɔ a ɛfa asɔre ko a ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ mu ho (hwɛ Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:14–20). Yesu Kristo ka kyerɛɛ Joseph sɛ ɔmmfa ne ho nhyɛ ebiara mu. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ N’asɛmpa no mahyɛ no wɔbɛyi akyerɛ Joseph daakye.

Wɔ nnipa bebree fam no, Joseph na na wɔnsusu koraa sɛ wɔbɛfrɛ no akɔ adwuma a ɛho hia saa mu, na na wɔdi ka. Na ɔyɛ abarimaa a ɔnsuaa nwoma na ne ho nni mfasoɔ biara a ɔfiri afuo ketewa bi mu wɔ kuro bi a ɛnni din mu. Sɛdeɛ ebinom ka faa Agyenkwa no ho wɔ Ne berɛ so no, “Enti biribi papa bi bɛtumi afiri Nazareth aba?” (Yohane 1:46), bebree nwiinwii sɛ biribi papa bɛn na ɛbɛtumi afiri Palmyra, New York mfeɛ 14 abɔfra a ɔnsuaa adeɛ hɔ aba. Nanso ɛnam Joseph so—a na ayɛ sɛ ɔmfata no—Ɔsoro Agya ne Awurade Yesu Kristo maa deɛ ɛyɛ nwanwa ankasa no baa mu. Ɛsɛ sɛ yei ma yɛn anidasoɔ sɛ wɔ kwan ketewa ne ahobrɛaseɛ mu, yɛn nso bɛtumi aboa Awurade adwuma no wɔ akwan a nteaseɛ wom so.

Berɛ bi akyi, Awurade frɛɛ Joseph “na ɔkasa kyerɛɛ no firii soro, na ɔmaa no mmaransɛm” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam). Joseph nyaa adiyisɛm a ɛsom bo ne nkyerɛkyerɛ a ɛho hia a ɛde hann foforɔ baa yɛn nteaseɛ a ɛfa Ɔsoro Agya dɔ nhyehyɛeɛ ne Yesu Kristo gyeɛ dɔ ne Ne mpata afɔrebɔ no tumi ho. Anwanwasɛm ne sɛ, saa anigyesɛm yi baa wɔ berɛ pɔtee a nkɔsoɔ titire a ɛbɛba wɔ akwantuo, nkutahodie, ne nneɛma afoforɔ mu bɛma Onyankopɔn hann ahyerɛn ahyira Ne mma dodoɔ no mu.

Moroni de sika kɔkɔɔ mprɛte no rema Joseph Smith

Ɔbɔfoɔ Moroni De Mprɛte no rema Joseph Smith, ɛfiri C. C. A. Christensen hɔ

Onyankopɔn Dɔ ho Adanseɛ a Tumi wom

Ɔbɔfoɔ Moroni a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Joseph Smith no ho hia ma Mnaeɛ bio no ne Onyankopɔn dɔ ho adanseɛ a tumi wom. Moroni kaa twerɛtohɔ bi a wɔatwerɛ wɔ sika mprɛte so, a wɔasie wɔ baabi a ɛbɛn ho asɛm kyerɛɛ Joseph (hwɛ Joseph Smith (hwɛ Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:33–34). Awieeɛ no, wɔbɛma Joseph “tumi a ɛfiri soro” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:8) de akyerɛ twerɛtohɔ no ase de akɔ deɛ ɛbɛba abɛyɛ Mormon Nwoma a ɛka Twerɛ Kronkron no ho, na ɛyɛ Yesu Kristo ho adanseɛ foforɔ.

Wɔ Mormon Nwoma no mu nyinaa, yɛkenkan fa nkorɔfoɔ a mfeɛ bebree ansa na Kristo bɛba no, hunuui na wɔkaa Ne mmaeɛ ho asɛm na wɔpɛeɛ. Yɛhunu Agyenkwa a wɔasɔre no anim ne ne som adwuma wɔ Nephifoɔ mu no ho twerɛtohɔ sononko no nso, berɛ a Ɔtoo nsa frɛɛ obiara sɛ wɔmmra Ne nkyɛn na wɔnhunu Ne mfe ahyɛnsodeɛ ne nnadewa no anamu wɔ Ne nsa ne ne nan mu (hwɛ 3 Nephi 11:14–15). Ɔsaa ayarefoɔ yareɛ, mmubuafoɔ, anifurafoɔ yareɛ—“wɔn a wɔaha wɔn ɔkwan biara so nyinaa” yareɛ—na afei ɔhyiraa mmɔfra nkumaa no bɔɔ mpaeɛ maa wɔn (hwɛ 3 Nephi 17:7–9, 21). Yɛsua nneɛma pii fa Agyenkwa no dɔ ne ahummɔborɔ ho de firi saa twerɛtohɔ kronkron yi mu.

Mormon Nwoma No di adanseɛ sɛ Yesu ne Kristo no. Awerɛhyem a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu no kae yɛn mpɛn pii sɛ yɛn Agya a ɔwɔ Soro ne yɛn Agyenkwa dɔ yɛn kyɛn biribiara a yɛbɛtumi asusu ho.

Asɔfodie ne Asɔre no Nhyira

Mmaeɛ bio no toaa so de soro abɔfoɔ afoforɔ maa Joseph Smith. “Yohane Osubɔni a wasɔre afiri awufoɔ mu no sane de nsuomhyɛ asubɔ a wɔde hohoro bɔne ho tumi no baeɛ. Asomafoɔ Dumienu a wɔhyɛɛ aseɛ no mu baaa—Petro, Yakobo ne Yohane—sane de Asomafoyɛ ne asɔfodie tumi nsafoa no baeɛ. Afoforɔ nso baeɛ, a Elia a ɔsan de tumi a wɔde bɛka mmusua abom daa wɔ ɛnniawieeɛ abusuabɔ mu a ɛboro owuo so baeɛ no ka ho.”

Wɔ Oforisuo 6, 1830 mu, Yesu Kristo nam Nkɔnhyɛni Joseph so de asɔre bi sii hɔ a wɔayɛ no sɛ asɔre a Ɔhyehyɛɛ no wɔ Apam Foforɔ mmerɛ mu (hwɛ Articles of Faith 1:6), a ɛyɛ “asomafoɔ ne adiyifoɔ no fapem, na Yesu Kristo ankasa ne tweatiboɔ titire no” (Efesofoɔ 2:20). Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no ma asɔfodie tumi a wɔasan de aba no nhyira wɔ hɔ ma Onyankopɔn mma a wɔsiesie wɔn ho sɛ wɔbɛgyeɛ no nyinaa.

Sɛdeɛ Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ yɛn no, yɛbɛtumi anya anyigyeɛ wɔ da biara adwensakyera mu berɛ a yɛkɔ Ɔsoro Agya ne yɛn Agyenkwa no nkyɛn. Obiara a ɔte nka sɛ waboto anaasɛ wɔmfata anaasɛ ɔnka ho no: wɔto nsa frɛ wɔn nyinaa sɛ wɔmmra Kristo ne N’Asɔre no mu. Asɔre no nyɛ asɔfofie mma wɔn a wɔyɛ pɛ na mmom ɛyɛ ayaresabea ma ayarefoɔ. Elder Dieter F. Uchtdorf a ɔka Asomafoɔ Dummienu Kuo no ho kae yɛn sɛ “yɛmma asɔre sɛ yɛde yɛn haw bɛsie na mmom sɛ wɔbɛsa yɛn yareɛ.”

Wɔ asɔre mu no yɛnya anigyeɛ wɔ akwanya a yɛde bɛkɔ abɔnten, de ɔdɔ asom afoforɔ, na yɛakyɛ yɛn ankasa suahunu a ɛfa Kristo papayɛ dodoɔ no ho. Wɔbɛtumi “akan yɛn aka Kristo asafo no ho” na “Onyankopɔn asɛmpa no akae yɛn na ama yɛanya ahoɔden” (Moroni 6:4). Nhyira kɛseɛ a ɛyɛ!

Deɛ ɛma Anigyeɛ Kɛseɛ

Nkɔnhyɛni Joseph Smith kaa no mmerɛ bi sɛ “Afei, deɛn na yɛte wɔ asɛmpa no a yɛanya no mu? Anigyeɛ Nne! Mmɔborɔhunu nne a ɛfiri soro; ne nokorɛ nne a ɛfiri asase mu; anigyesɛm ma ateasefoɔ; ne awufoɔ; ɛdɛ kɛseɛ ho anigyesɛm” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:19).

Saa anigyesɛm yi aba ɛfiri sɛ Ɔsoro Agya ne Ne Dɔba, Yesu Kristo, dɔ yɛn na wɔpɛ—sene biribiara—sɛ wɔma yɛn akwaaba san ba Wɔn anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya asetena a Wɔte mu no daa. Mmaeɛ bio no da no adi sɛ Wɔayɛ biribiara a ɛhia ama saa animuonyam kɛseɛ yi aba mu ama yɛn nyinaa. Wɔ yɛn ɛnniawieeɛ akwantuo mu no, yɛbɛhyia nsɔhwɛ ne haw ahodoɔ, nanso “[yɛwɔ] hɔ, sɛ [yɛn] ani bɛgye” (2 Nephi 2:25) wɔ asetena yi ne deɛ ɛbɛba no mu. Na Nkɔnhyɛni Joseph nim yei sene dodoɔ no.

Joseph hyiaa sɔretia ne ɔtaeɛ mpɛn pii, nanso ɔkɔɔ so kuraa ne “kurom anigyeɛ suban mu” (Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:28). Ɔkɔɔ so nyaa anigyeɛ, ahoɔden, na ɔtumi gyinaa ano, na ɔyɛɛ adwuma sononko a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ no. Mehyɛ Ahotefoɔ a wɔdii kan gye diiɛ, boaeɛ, na wɔdii Nkɔnhyɛni Joseph Smith akyi na wɔtuu wɔn ho sii hɔ maa Asɔre no sie no nyinaa animuonyam. Yɛde wɔn aseda ne nidie ka.

Na ɛyɛ den wɔ Asɔre no mfitiaseɛ nna mu, na ɛbɛtumi ayɛ den ɛnnɛ. Nanso Mmaeɛ bio rekɔ so. Sɛ Yesu Kristo te Asɔre no ti nti, nkɔnhyɛfoɔ a wɔte aseɛ bɛkɔ so akyerɛ yɛn kwan. Wɔbɛkɔ so asisi Awurade afie, ama daa apam a yɛne Onyankopɔn ayɛ no nhyira de yɛn afam Ne ho ne yɛn adɔfoɔ a wɔwɔ nkatanim no afanu nyinaa ho (hwɛ Mateo 16:19). Onyankopɔn ne Yesu Kristo dɔ bɛtrɛ akɔ wiase nyinaa berɛ a yɛdi Agyenkwa no ahyɛdeɛ so sɛ yɛmma Ne nnwan aduane na yɛnkyɛ N’asɛmpa no. Yɛbɛdi Mmaeɛ bio no ho adanseɛ wɔ nokorɛ ahodoɔ no anim korɔ wɔ akwan ne mmeaeɛ a anka ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛsusu ho wɔ Joseph berɛ so.

Yɛbɛtumi anya ahoɔden ne anigyeɛ kɛseɛ—sɛdeɛ Nkɔnhyɛni Joseph nyaeɛ no—berɛ a yɛsɔ nokorɛ a ɛsom bo yi mu na yɛdi soɔ. Frɛ a Joseph frɛɛ ne berɛ so Ahotefoɔ no kɔso yɛn mmerɛ yi mu: “Enti yɛrenkɔ so nyɛ adwuma kɛseɛ saa? Monkɔ mo anim na ɛnnyɛ mo akyi. Monnya akokoɔduro, na monkɔ so, nkɔdi nkonim! Momma mo akoma nni ahurusie, na momma mo ani nnye mmorosoɔ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:22).

Ɔdɔ ne anigyesɛm a Mmaeɛ bio no de ba no nhyira na ɛnkyerɛ yɛn abrabɔ kwan —seesei ne daa.

Atwerɛ.

  1. Asɔre Titenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith (2007), 152.

  2. Kristo Teasefoɔ No: Asomafoɔ no Adansedie,” Asɛmpa Nnwomakorabea.

  3. Hwɛ Ahotefoɔ: Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ Nna a Ɛdi Akyire ho Abasɛm, ɔfa 1, Nokorɛ Susudua, 1815–1846 (2018), 16.

  4. Mormon Nwoma no din kratafa.

  5. Yesu Kristo Asɛmpa no Mayɛ Mmaeɛ bio: Mfeɛ Ahanu Dawubɔ ma Wiase,” Asɛmpa Nnwomakorabea.

  6. Hwɛ Russell Russell M, “The Power of Spiritual Momentum,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 98.

  7. Dieter F. Uchtdorf, “On Being Genuine,” Liahona, Kɔtɔnima 2015, 83.