2025
Hwɛ Kristo Anim
Ɔpɛpɔn 2025


Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2025

Hwɛ Kristo Anim

Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:36

2025 Mmabunu Asɛntire no bɛboa ma woayi ahotosoɔ akyɛn annyeannie ne gyidie akyɛn ehu.

2025 Mmabunu Asɛntire ahyɛnsodeɛ

Na Kailey a ɔwɔ mfeɛ 17 aka anigyedeɛ kuo bi ho de kɔsii sɛ akwanhyia bi maa ɔnyaa adwene mu pira bi a ɛyɛ hu. Sɛdeɛ ne ho bɛtɔ no nti ɔgyaee sukuu kɔ, na ɔfirii aseɛ tee nka sɛ wate ne ho ayɛ ankonam. Ɔdii yea wɔ n’adwene mu a na ɔnnim faako a ɔbɛnya mmoa. Ɔyɔnkoɔ bi susu kyerɛɛ no sɛ ɔntie nsɛmpakafoɔ no. Wɔkyerɛkyerɛɛ no Yesu Kristo Mpata no ho. Ɔresua bebree afa Yesu Kristo ho no maa no anidasoɔ, na ɔtee nka sɛ Onyankopɔn No ankasa reboa no.

Kailey ka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Mentee nka da sɛ na Onyankopɔn dɔ me. Nanso seesei deɛ menim sɛ Ɔdɔ me.”

Ɛyɛɛ ne maame Michelle nwanwa kakra. Na ɔne ne kunu, Brock, agyae Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no berɛ a na Kailey adi mfeɛ 7 esiane nsɛmmisa ahodoɔ, annyeannie, ne dadwene nti. Wɔsusuu sɛ wɔn babaa no bɛnya anigyeɛ berɛ a nhyiamu ahodoɔ no ne mmaransɛm nka ho. Wɔannwene da sɛ deɛ wɔafa no bɛtwe Kailey afiri ɔne Onyankopɔn ayɔnkofa ho. Berɛ a Michelle ne Brock hwɛɛ sɛdeɛ Kailey asesa no, wɔhunuu sɛ berɛ aso sɛ wɔtwe bɛn Onyankopɔn, na wɔpɛɛ sɛ wɔnya saa atenka no bio.

Wɔhyiaa wɔn bishop, na ankyɛre abusua a Kailey nuabarima Braeden ka ho no, san kɔɔ asɔre no. Wɔrete nka sɛ wɔbɛn Onyankopɔn na wɔne No asan anya ayɔnkofa no—titire nam mpaebɔ so—maa wɔsan nyaa wɔn gyidie. Asɔre a wɔsan kɔeɛ no ammua wɔn nsɛmmisa anaasɛ wɔn dadwene nyinaa, nanso wɔhunuu sɛ ayɔnkofa a ɛmu yɛ den a wɔne Onyankopɔn bɛnya no ho hia sene wɔn annyeannie no.

Yei nyinaa hyɛɛ aseɛ berɛ a ɔyɔnkoɔ bi—ɔbabunu bi te sɛ wo—too nsa frɛɛ Kailey sɛ ɔnhwɛ Kristo anim. Na ɔyɛeɛ.

Na Kristo aka sɛ “Monhwehwɛ me wɔ nsusuiɛ biara mu; monnhinhim, monnsuro.” (Nkyerɛkyerɛ Ne Apam 6:36). Yei ne nkanyan a ɛtaa 2025 Mmabunu Asɛntire no akyi. Ma yɛn kwan ma yɛnkyɛ sɛdeɛ wobɛtumi afa ahotosoɔ asene annyeannie ne gyidie asene ehu berɛ a wohwɛ Kristo anim:

Young Women Amansan Titenafoɔ

Benkum de kɔ nifa: Onuabaa Runia, Titenai Freeman, Onuabaa Spannaus

Tamara W. Runia

Sɛ merebrɛ a, ɛboa me berɛ biara ma mesusu Yesu Kristo a watene ne nsa wɔ m’adwene mu. Sɛ mehwɛ No a, mekae dwom, “Me ne Yesu Bɛnante”: “Ɔrennyae me da, mpo sɛ mahwe ase a” no mu nsɛm.

Emily Belle Freeman

Sɛ mekenkan saa asɛntire yi twerɛsɛm a, ɛkae me Petro a ɔwɔ Galilee Po no so. N’adwene a ɔde kɔɔ ahum no so no maa ehu ne annyeannie yɛɛ kɛse, na ɔmemee wɔ ahum asorɔkye no mu. Nanso ɔde n’adwene kɔɔ Agyenkwa no so no maa No tumi yɛɛ biribi a na ɔnyɛɛ bi da: ɔnantee nsuo so! Ɛyɛ nwanwa, ampa. Deɛn na wobɛtumi ayɛ berɛ a wohwɛ No no?

Andrea Muñoz Spannaus

Sɛ ehu hyɛ aseɛ sɛ bɔ me a, ɛmfa ho baabi a mewɔ anaasɛ tebea a mewɔ mu no, mehyɛ da dwene me ne Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ayɔnkofa ho. Meti mu mpɛn pii wɔ m’adwene mu sɛ: MEYƐ ONYANKOPƆN BABAA.. Mekɔso yɛ yei kɔsi sɛ me ho bɛtɔ me. Ɛyɛ adwuma berɛ biara!

Young Men Amansan Titenafoɔ

Benkum de kɔ nifa: Onuabarima Wilcox, Titenani Lund, Onuabarima Nelson

Bradley R. Wilcox

Bisa wo ho sɛ hwan na ɔdwene na ɔdɔ wo kɛse? Ɛyɛ w’awofoɔ ne Asɔre akannifoɔ? Ɛyɛ nkorɔfoɔ a wɔwɔ sohyia midia a woka ho kɛkɛ no? Hwɛ Ɔsoro Agya ne Kristo Anim. Wɔdwene wo ho ampa!

Steven J. Lund

Kae deɛ wɔkae wo berɛ a wokenkan Aaron Asɔfodie Kuo ne Young Women nsɛntire no: Woyɛ Onyankopɔn babarima anaasɛ ne babaa a ɔdɔ wo. Nya gyidie sɛ yɛn Agya wɔ nhyehyɛeɛ ma wo. Worehwɛ Kristo anim no kyerɛ sɛ worehunu sɛ Ne Mpata no wɔ saa nhyehyɛeɛ no mfimfini pɛɛ.

Michael T. Nelson

Worekenkan twerɛnsɛm no yɛ Kristo anim a worehwɛ! Annyeannie ne ehu firi hɔ berɛ a wɔkae yɛn Yesu anwanwadeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ no. Yɛn tiri yɛ sɛ yɛwɔ Ne nsɛm ho akwanya. Wɔyɛ adwuma wɔ yɛn abrabɔ mu tebea biara mu.

Atwerɛ

  1. Nsɛmfua ne nnwom firi Stephen P. Schank hɔ (hwɛ Adamfoɔ, Ɔgyefuo 2020, 27; san hwɛ Nnwom—De ma Efie ne Asɔre, nɔma 1004).