Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ɔpɛnimma 2017
ɔpɛpa sɛ yɛbɛsoa afoforɔ nnesua
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi na pere hwehwɛ deɛ wobɛka ho asɛm Kwan bɛn so na sɛ yɛte Mmaa Kuo botaeɛ aseɛ a, ɛbɛboa ama Onyankopɔn mma mmaa anya daa nkwa ho nhyira?
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
“Titenani Thomas S. Monson aka sɛ “Nnipa a wɔhia yɛn mmoa, nkuranhyɛ, awerɛkyekyerɛ, mmerɛ ne ayemyɛ atwa yɛn ho ahyia.” Yɛyɛ Awurade nsa wɔ asase yi so, a yɛwɔ asɛdeɛ sɛ yɛsom na yɛpagya Ne mma.” N’ani da yɛn mu biara so.”1
Titenani Henry B. Eyring, Fotufoɔ a Ɔdikan wɔ Atitenafoɔ a Wɔdikan mu, aka sɛ: “Nsakraiɛ kɛseɛ bi hyɛɛ aseɛ wɔ wakoma mu berɛ a wobaa Asɔre no mu. Woyɛɛ apam, na wo nyaa bɔhyɛ a ɛhyɛɛ aseɛ sesaa wo su. …
“…wohyɛɛbɔ sɛ wobɛboa Awurade ama afoforɔ nnesua ayɛ ha na wakyekye wɔn werɛ. Wonyaa tumi sɛ wode bɛboa afoforɔ berɛ a wonyaa Honhom Kronkron no.”2
“yɛpɛsɛ yɛde asɛmpa no mu han hwɛ afoforɔ sɛdeɛ Agyenkwa no hwɛ wɔn—wɔ ahummɔbrɔ, anidasoɔ ne ɔdɔ mapa,” Jean B. Bingham, Amansan Mmaa Kuo Titenani na ɔkaiɛ. “Ɛda bi bɛba a yɛbɛte afoforɔ akoma so adeɛ nyinaa na yɛani bɛsɔ sɛ yɛbɛhunu wɔn mmɔbɔ--sɛdeɛ yɛhunu ebinom mmɔbɔ no…
“Yɛasodie ne yasɛdeɛ ne sɛ yɛbɛgye afoforɔ mpontuo ato mu berɛ a yɛɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ tesɛ yɛAgyenkwa.”3
Berɛ a yɛɛsoa yɛnho-yɛnho nnesua na yɛredi yɛapam so no, ɛma yɛbie kwan ma Yesu Kristo sɛ Ɔnsa afoforɔ yadeɛ. Ɛlda Jeffrey R. Holland a ɔka Asomafoɔ Dumienu ho no akyerɛ sɛ: “Sɛ yɛdwene sɛdeɛ Kristo Mpata no sombo na neboɔ yɛden a, Mehyɛ wo bɔ sɛ Ɔngya yɛn hɔ da. Sɛ Ɔkakyerɛ wɔn a ahia wɔn wɔ honhom mu sɛ, ‘Bra menkyɛ,’ a deɛ Ɔkyerɛ ne sɛ Ɔnnya kwan no a yɛbɛfa so afiri mu na yɛakɔ anim. Onim ɛsiene sɛ wafa mu pɛn. Ɔnim kwan efiri sɛ Ɔno ne kwan no.”4
Twerɛsɛm Afoforɔ
Mateo 25:40; Galatifoɔ 6:2; Mosiah 2:17; 18:8–9
© 2017 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim wɔ USA. Brɔfo ho kwan ma: 6/17. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/17. Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Visiting Teaching Message, December 2017. Twi 97929 503