Titenafoɔ a wɔdi Kan no Nkransɛm, Ɔpɛnimma 2016
Sɛyɛbɛhwehwɛ Kristo wɔ Bronya mu
Obiara a ɔpɛsɛ ɔte aseɛ nnipa a Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ Hɔ Ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ yɛ no, mede nsɛmfua mmiɛnsa bɛyɛ nnianim: yɛhwehwɛ Kristo.
Yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛsua No. Adi N’akyi. Na yɛayɛ tesɛ Ɔno.
Dabiara wɔ afe no mu, yɛhwehwɛ no. Nanso netitiri paa no, sɛ ɛduru saa berɛ yi wɔ afe no mu a—buronya, berɛ a yɛkai yɛAgyenkwa dɔfoɔ no—yɛakoma kɔ ma No.
Berɛ a yɛɛsiesie yɛn ho adi bronya no, momma yɛnkai kwan a adikanfoɔ no faa so gyee Agyenkwa no mfie ɔpepepem mmienu a atwam no.
Nnwanhwɛfoɔ no.
Yɛnnnim nnwanhwɛfoɔ no ho asɛm pii, deɛ yɛnim a ne sɛ na “wɔrehwɛ wɔn nnwan so, anadwo no nyinaa wɔ ɛserɛ no so.”1 Na nnwanhwɛfoɔ no yɛ nnipa te sɛ yɛn a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛyɛ adwuma den abɔ ɔbra.
Wɔn bɛtumi agyina hɔ ama nnipa a na wɔn nhwehwɛ Kristo akyi kwan, nanso wɔn akoma sesaaiɛ berɛ a ɛsoro bieɛ na wɔtee Kristo ho asɛm no.
Yeinom yɛ wɔn a berɛ a wɔtee soro abɔfoɔ nne no, ntɛmpaara no, wɔkɔɔ Bethlehem sɛ wɔrekɔ hwɛ.2
Anyansafoɔ no
Na Anyansafoɔ no yɛ adesuafoɔ a na wɔresua Agyenkwa, Onyankopɔn Ba no mmaiɛ. Ɛnam wɔn adesua mu no, wɔn hunuu nsɛnkyerɛne a ɛkyerɛ N’awoɔ. Ɛberɛ a wɔn hunuu yɛ no, wɔn gyaai wɔn afie hɔ tuu kwan kɔɔ Yerusalem, kɔbisaa sɛ, “Yudafoɔ Hene no ɔwɔ he?”3
Wɔn nimdeɛ fa Kristo ho no anyɛ adesuadeɛ kɛkɛ. Berɛ a wɔn hunu nsɛnkyerɛne no, wɔtuu anamɔn. Wɔn siim sɛ wɔrekɔ hwehwɛ Kristo no.
Anyansafoɔ no bɛtumi agyina hɔ ama wɔn a wɔhwehwɛ Kristo wɔ adesua ne nnwomasua mu. Atuhoakyɛ a wɔwɔ ma nokorɛ no dii wɔn anim ma wɔn hunu Kristo na wɔsom No sɛ Ahenemu Hene, adasamma Agyenkwa.4
Simeon ne Anna
Simeon ne Anna betumi agyina hɔ ama wɔn a wɔhwehwɛ Kristo wɔ honhom mu. Na saa akraa yinom yɛ nyamesomfoɔ mapa, wɔnam akɔmkyere ne mpaiɛ so ne osetie abrabɔ so atwɛn Onyankopɔn Ba no mmaiɛ no.
Wɔnam nokorɛdie so, ahobrɛaseɛ so, ne gyidie so twɛnn Agyenkwa no mmaiɛ no wɔ ahobraseɛ mu.
Awieiɛ no, wɔn nokorɛdie no so baa mfasoɔ aberɛ a Mary ne Joseph de abofra a daakye ɔbɛgye wiase nyinaa bɔne ato ne ho so no kɔ kyerɛɛ wɔn.5
Agyidifoɔ wɔ Nefaefoɔ ne Lamanitefoɔ mu
Kwan a agyidifoɔ wɔ wiase foforɔ no faa so hwehwɛ Agyenkwa no awoɔ ho nsɛnkyerɛne wɔ Mormon Nwoma no mu no ka akoma.
Wo kai sɛ wɔn a na wɔwɔ gyidie wɔ Kristo mu no wɔseree wɔn na wɔtann wɔn. Adefoɔ a na wɔwɔ hɔ saa berɛ no bɔɔ agyidifoɔ no kwaadu sɛ wɔn gyidie wɔ nneɛma hunu mu. Nokorɛ sɛ, na annyeannifoɔ ano yɛ den wɔ akuteabɔ no mu maa ɛyɛɛ “dede kɛseɛ” wɔ kurom no mu (3 Nephi 1:7). Wɔn seree wɔn a na wɔgyidi sɛ wɔbɛwo agyenkwa no.
Wɔn abufuo ne anibre no yɛɛ kɛseɛ maa na wɔpɛsɛ wɔkum wɔn a na wɔgyidie wɔ Agyenkwa no mu. Mormon Nwoma no kyerɛ agyinaiɛ a wɔsiiɛ.6
Agyidifoɔ a na wɔn tease saa berɛ no bɛtumi agyina hɔ ama wɔn a wɔhwehwɛ Kristo mpo wɔ berɛ a afoforɔ resere wɔn,si wɔn atwetwe. Wɔn hwehwɛ Kristo mpo wɔ berɛ a afoforɔ di wɔn ho fɛw sere wɔn.
Nanso afoforɔ nsɔhwɛ no ammu agyidifoɔ mapa aba mu sɛ wɔbɛhwehwɛ Kristo.
Yɛhwehwɛ Kristo
Wɔ afe no nyinaa mu no, ne titiri bronya berɛ mu, ɛho bɛba yɛ mfasoɔ sɛ yɛbɛbisa asɛm yi bio “Sɛn na merehwehwɛ Kristo?”
Sɛ ɛduru berɛ a ɛmu ɛɛden wɔ abrabɔ mu a, Ɔhenpɔn David atwerɛ sɛ, “O Onyankopɔn, wo ne me Nyankopɔn; mɛhwehwɛ wo ntɛm: mekra kɔn dɔ wo, mehonam pɛ wo.”7
Ɛbia saa suban sɛ ɔbɛhwehwɛ Nyankopɔn nti na wɔka sɛ David yɛ Nyankopɔn ankasa akoma so nipa.8
Wɔ saa bronya berɛ yi mu ne afe no nyinaa, momma yɛmfa yɛakoma ne yɛn akra nyinaa nhwehwɛ yɛAgyenkwa dɔfoɔ, Asomdwoeɛ Hene no, Israel Kronkron ni no. Saa ɔpɛpa yi na ɛkyerɛ wɔ kwan kɛseɛ so, nnipa a Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ Hɔ Ma Nkyiremma Ahoteɛfoɔ yɛ ne nnipa a yɛyɛ sɛ Kristo Akyidifoɔ.
© 2017 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim wɔ USA. Brɔfo ho kwan ma: 6/17. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/17. Translation of First Presidency Message, December 2017. Twi 97929 503