Titenafoɔ a wɔdi Kan no Nkransɛm, Ɔpɛnimma 2016
Asomdwoeɛ wɔ Saa Abrabɔ yi mu
Agyenkwa no see yɛn nyina ara a yɛaba deɛ ɛwuo tebea mu no sɛ, “Mobɛhunu amane wɔ wiase yi mu” (Yohane 16:33). Nanso Ɔde saa bɔhyɛ nwanwasoɔ yi maa N’asuafoɔ wɔ Ne wuo tebea nyamedwuma mu: “Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo: ɛnyɛ sɛdeɛ wiase de ma, na mede mema mo” (Yohane 14:27). Ɛyɛ awerɛkyekyerɛ sɛ yɛhunu sɛ saa yɛn ankasa asomdwoeɛ ho bɔhyɛ no toa so ma N’asuafoɔ nyina ara ɛnnɛ yi.
Yɛn mu binom tete baabi a ɛyɛ fɛ na asomdwoeɛ wɔ, nanso yɛdi yɛn mu apinisie. Afoforɔ te asomdwoeɛ ne abotɔyamu mapa nka wɔ wɔn ankasa adekɛseɛ a wɔahwere, asiane ne nsɔhwɛ a ɛba ntoaso ntoaso.
Wobɛtumi ahunu asomdwoeɛ mu anwanwadeɛ wɔ Yesu Kristo suani bi anim anaa wobɛte wɔ ne nsɛm mu. M’ahunu no mprɛ bebree. Ɛtɔ da a na ɛwɔ ayaresabea dan mu baabi a abusua bi aboa wɔn ano atwa Onyankopɔn akoa bi a wɔabɛn owuo ho ahyia.
Mekae maame bi a mɛkɔsraa no wɔ ayaresabea nna kakra bi ansana kokoram reku no. Mede me mma mmaa nkumaa mmienu kaa me ho baae ɛfiri sɛ saa onuabaa dɔfoɔ yi, da bi hɔ no yɛɛ wɔn Nhyɛaseɛ kyerɛkyerɛfoɔ.
Na n’abusuafoɔ aboa wɔn ano atwa ne mpa ho ahyia, a wɔpɛ sɛ wɔka ne ho wɔ n’awieɛ mmerɛ a ɛwɔ asase yi so. Me ho dwirii me berɛ a ɔsɔre tenaa mpa no so. Ɔtenee ne nsa sɔɔ me mma mmaa no mu de wɔn mmienu kyerɛɛ n’abusuafoɔ no mu biara, baako, baako. Ɔkasaae te sɛ deɛ me mma mmaa no yɛ aberempɔn a wɔde wɔn rekyerɛ wɔ ɔhemaa dwabirem. Ɔfaa kwan bi so kaa biribi faa sɛdeɛ obiara a ɔwɔ dan no mu yɛ Agyenkwa no suani Mekɔ so ara kae ahoɔden, tema, ne ɔdɔ wɔ ne nne mu. Na me kae sɛ me ho dwirii me wɔ n’anigyeɛ tebea sereɛ mpo sɛ ɔnim sɛ n’asetena mu mmerɛ yɛ tiawa.
Na wanya asɔfodie mu nhyira awerɛkyekyerɛ, nso ɔmaa yɛn nyina ara adansedie a ɛte ase sɛ Awurade asomdwoeɛ bɔhyɛ yɛ nokorɛ: “Maka saa nneɛma yi akyerɛ mo, sɛ me mu mobɛtumi anya asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wi yi ase deɛ: nanso momma mo bo ntɔ mo yam; Madi wiase so nkonim” (Yohane 16:33.)
Wapene Ne nsa a wato afrɛ no so, sɛdeɛ yɛn nyina ara bɛtumi no, jmfa ho deɛ yɛn nsɔhwɛ ne ɔhaw teɛ biara:
“Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn na mɛma mo ahome.
“Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ahome ama mo kra.
Jnam Agyenkwa no akyidi nkotoo na yɛn mu biara bɛnya asomdwoeɛ ne abotɔyamu wɔ nsɔhwɛ a ɛbɛba yɛn nyina ara so mu.
Awurade Adidie mpaej no boa ma yɛhunu kwan a yjbjfaso anya saa asomdwoeɛ yi wɔ asetena mu amanehunu ntam. Berɛ a yɛrefa Awurade Adidie no, yɛbɛtumi asi nkete sj yɛbɛyɛ nokorɛfoɔ wc apam a yahyj sɛ yɛbɛdi N’akyi.
Yɛn mu biara hyɛ bɔ sɛ yɛbɛkae Agyenkwa no. Wobɛtumi ayi sɛ wobɛkae No wɔ kwan a ɛbɛtwe woakoma ama No pa ara. Ɛtɔ da a, mehunu No wɔ m’adwene mu sɛ Wabu nkotodwe wɔ Getsemane Turom anaa mehunu No sɛ ɔrefrɛ Lazarus sɛ ɔmfiri ɛnna no mu mmra. Meyɛ saa a, mete nka sɛ matwi abɛn No ne ayɛyie a ɛde asomdwoeɛ brɛ m’akoma.
Yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛdi ne mmaransɛm so. Wo hyɛ bɔ sɛ wobɛfa Ne din ato wo so na woayɛ Ne danseni. Ɔhyɛ bɔ sɛ, sɛ wodi apam a wo Ne no ahyɛ so a, Honhom Kronkron no bɛka wo ho. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77, 79.)
Anyɛ bi koraa no yei de asomdwoeɛ ba wɔ kwan mmienu so. Honhom Kronkron no hohoro yɛn ho firi bɔne ho ɛnam Yesu Kristo Mpata no nti. Na Honhom Kronkron no bɛtumi ama yɛn asomdwoeɛ a ɛfiri Onyankopɔn mpenesoɔ mu ne nkwa a ɛnniawieɛ anidasoɔ.
Ɔsomafo Paulo kasa faa saa nhyira nwanwasoɔ yi ho: “Na Honhom no aba no ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɛ, gyedie” (Galatifoɔ 5:22).
Berɛ a ɔsoro abɔfoɔ bɛbɔɔ Agyenkwa no awoɔ ho dawuro no, wɔde too dwa sɛ, “Animuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na wɔ asase so no asomdwoeɛ” (Luka 2:14;) Medi m’adanseɛ sɛ Yesu Kristo adanseni sɛ Agya no ne Ne Dɔba no bɛtumi asoma Honhom no abɛma yɛn anya asomdwoeɛ wɔ saa asetena yi mu, nsɔhwɛ biara a ɛbɛba yɛn so ne wɔn a yɛdɔ wɔn.
Nkyerɛkyerɛ a ɛfiri Saa Nkransɛm yi mu
Titenani Eyring kyerɛkyerɛ sɛ Awurade Adidie mpaeɛ no bɛtumi aboa ma yɛahunu sɛdeɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ wɔ nsɔhwɛ berɛ mu. Wɔkae yɛn sɛ berɛ a yɛredi yɛn apam so no, yɛwɔ Onyankopɔn bɔhyɛ sɛ Honhom Kronkron no bɛka yɛn ho. Susu ho sɛ wobjbisa wɔn a wokyerɛkyerɛ no kwan a Honhom Kronkron no ka yɛn ho boa ma yɛn nya asomdwoeɛ. Wobɛtumi nso akyɛ deɛ wodwene anaa suahunu fa sɛdeɛ Honhom Kronkron no boaa wo ma wonyaa asomdwoeɛ wɔ nsɔhwɛ bi mu. Wobɛtumi ahyɛ wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no nkuran ma wɔasusu saa nkransɛm yi ho Awurade Adidie berɛ saa nnawɔtwe yi mu.